ශුද්ධවූ අල් කුර්ආන් අර්ථ කථනය - අකාන් පරිවර්තනය - අශාන්ති - හාරූන් ඉස්මාඊල්

පිටු අංක:close

external-link copy
31 : 22

حُنَفَآءَ لِلَّهِ غَيۡرَ مُشۡرِكِينَ بِهِۦۚ وَمَن يُشۡرِكۡ بِٱللَّهِ فَكَأَنَّمَا خَرَّ مِنَ ٱلسَّمَآءِ فَتَخۡطَفُهُ ٱلطَّيۡرُ أَوۡ تَهۡوِي بِهِ ٱلرِّيحُ فِي مَكَانٖ سَحِيقٖ

Montene moho nni nokorε ma Nyankopͻn; monhwε na moanfa biribiara ammata Neho. Obi a ͻyε Nyankopͻn ho mmataho no, ͻtesε obia ofri soro ate ahweε na nnomaa ahwim no kͻ, anaasε mframa abͻ no akͻto akyirikyiri baabi. info
التفاسير:

external-link copy
32 : 22

ذَٰلِكَۖ وَمَن يُعَظِّمۡ شَعَٰٓئِرَ ٱللَّهِ فَإِنَّهَا مِن تَقۡوَى ٱلۡقُلُوبِ

Saa na εteε, obia ͻde obuo ne anidie bεma Nyankopͻn nsεnkyerεne deε no, nokorε sε efri akoma a εho teε anaa esuro Nyame mu. info
التفاسير:

external-link copy
33 : 22

لَكُمۡ فِيهَا مَنَٰفِعُ إِلَىٰٓ أَجَلٖ مُّسَمّٗى ثُمَّ مَحِلُّهَآ إِلَى ٱلۡبَيۡتِ ٱلۡعَتِيقِ

Mowͻ mfasoͻ wͻ (nyεmmoa a mode bͻ afͻdeε no) so kosi εberε a yahyε; na n’afͻrebͻ-bea no ne Tete Fie dada no ho. info
التفاسير:

external-link copy
34 : 22

وَلِكُلِّ أُمَّةٖ جَعَلۡنَا مَنسَكٗا لِّيَذۡكُرُواْ ٱسۡمَ ٱللَّهِ عَلَىٰ مَا رَزَقَهُم مِّنۢ بَهِيمَةِ ٱلۡأَنۡعَٰمِۗ فَإِلَٰهُكُمۡ إِلَٰهٞ وَٰحِدٞ فَلَهُۥٓ أَسۡلِمُواْۗ وَبَشِّرِ ٱلۡمُخۡبِتِينَ

Yεhyehyεε (Nyamesom ho) amaneε maa ͻman biara, sεdeε wͻbεbͻ Nyankopͻn din wͻ nyεmmoa a Yεde abͻ wͻn akͻnhoma no ho. Mo Nyankopͻn no Ɔyε Awurade baako, enti Ɔno na momerε moho ase mfa ma no. Enti fa (Aheman no mu) anigyesεm no ho bͻhyԑ no ma ahobraseεfoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
35 : 22

ٱلَّذِينَ إِذَا ذُكِرَ ٱللَّهُ وَجِلَتۡ قُلُوبُهُمۡ وَٱلصَّٰبِرِينَ عَلَىٰ مَآ أَصَابَهُمۡ وَٱلۡمُقِيمِي ٱلصَّلَوٰةِ وَمِمَّا رَزَقۡنَٰهُمۡ يُنفِقُونَ

Wͻn a sε yεbͻ Nyankopͻn din a wͻn akoma bͻ binim no, ne wͻn a wͻnya aboterε wͻ ͻhaw bi a ato wͻn no ho, ne wͻn a wͻfrε Nyame wͻ ne berε mu, na deε Yεde abᴐ wͻn akᴐnhoma no wͻyi mu bi dema. info
التفاسير:

external-link copy
36 : 22

وَٱلۡبُدۡنَ جَعَلۡنَٰهَا لَكُم مِّن شَعَٰٓئِرِ ٱللَّهِ لَكُمۡ فِيهَا خَيۡرٞۖ فَٱذۡكُرُواْ ٱسۡمَ ٱللَّهِ عَلَيۡهَا صَوَآفَّۖ فَإِذَا وَجَبَتۡ جُنُوبُهَا فَكُلُواْ مِنۡهَا وَأَطۡعِمُواْ ٱلۡقَانِعَ وَٱلۡمُعۡتَرَّۚ كَذَٰلِكَ سَخَّرۡنَٰهَا لَكُمۡ لَعَلَّكُمۡ تَشۡكُرُونَ

Nyoma (a yεde wͻn bͻ afͻdeε no) nso Yayε wͻn sε Nyankopͻn nsεnkyerεnee deε ama mo; adepa wͻ wͻn mu ma mo. Enti momͻ Nyankopͻn din ngu wͻn so wͻ εberε a moato wͻn santen (na mode wͻn rebͻ afͻdeε no). Sε wͻtͻ wͻn nkyεn mu a moni bi, na monfa bi mmͻ ohiani a n'ani sͻ deε ͻwͻ na ͻnsrε adeε, ne nea ͻsrε adeε no akͻnhoma. Saa na Yabrε (nyεmmoa no) ase ama mo sεdeε mobeyi ayε. info
التفاسير:

external-link copy
37 : 22

لَن يَنَالَ ٱللَّهَ لُحُومُهَا وَلَا دِمَآؤُهَا وَلَٰكِن يَنَالُهُ ٱلتَّقۡوَىٰ مِنكُمۡۚ كَذَٰلِكَ سَخَّرَهَا لَكُمۡ لِتُكَبِّرُواْ ٱللَّهَ عَلَىٰ مَا هَدَىٰكُمۡۗ وَبَشِّرِ ٱلۡمُحۡسِنِينَ

Wͻn nnam anaasε wͻn mogyaa no nnuru Nyankopͻn hͻ, na mmom Nyame-suro a efri mohͻ na eduru Nehͻ. Saa na W’abrε (mmoa) no ase ama mo sεdeε mode Nyankopͻn Kεseyε bεma no wͻ kwan a Wakyerε mo no so. Fa Aheman no mu) anigyesεm no ho bͻhyԑ ma apapafoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
38 : 22

۞ إِنَّ ٱللَّهَ يُدَٰفِعُ عَنِ ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْۗ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يُحِبُّ كُلَّ خَوَّانٖ كَفُورٍ

Nokorε sε Nyankopͻn bͻ wͻn a wͻagye adie no ho ban. Nokorε sε Nyankopͻn mpε (onipa) biara a odi hwammͻ, na wͻ’yε boniayεni no asεm. info
التفاسير: