ශුද්ධවූ අල් කුර්ආන් අර්ථ කථනය - අකාන් පරිවර්තනය - අශාන්ති - හාරූන් ඉස්මාඊල්

පිටු අංක:close

external-link copy
73 : 22

يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ ضُرِبَ مَثَلٞ فَٱسۡتَمِعُواْ لَهُۥٓۚ إِنَّ ٱلَّذِينَ تَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ لَن يَخۡلُقُواْ ذُبَابٗا وَلَوِ ٱجۡتَمَعُواْ لَهُۥۖ وَإِن يَسۡلُبۡهُمُ ٱلذُّبَابُ شَيۡـٔٗا لَّا يَسۡتَنقِذُوهُ مِنۡهُۚ ضَعُفَ ٱلطَّالِبُ وَٱلۡمَطۡلُوبُ

Adasamma, yεreyε mfatoho bi enti montie: “Nokorε sε, wͻn a mofri Nyankopͻn akyi su frε wͻn no ntumi mmͻ nwansena, sε wͻn nyinaa boa wͻn ho ano mpo (sε wͻbεbͻ nwansena) a. Na sε nwansena hwim wͻn hͻ biribi nso a, wͻntumi nye mfri ne hͻ. Nea ᴐrehwehwԑ, ne nea yԑrehwehwԑ afri nehᴐ no nyinaa nni ahoͻden. info
التفاسير:

external-link copy
74 : 22

مَا قَدَرُواْ ٱللَّهَ حَقَّ قَدۡرِهِۦٓۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَقَوِيٌّ عَزِيزٌ

Wͻ nfa obuo mma Nyankopͻn sεdeε εfata sε wͻde obuo ma no no. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε. info
التفاسير:

external-link copy
75 : 22

ٱللَّهُ يَصۡطَفِي مِنَ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةِ رُسُلٗا وَمِنَ ٱلنَّاسِۚ إِنَّ ٱللَّهَ سَمِيعُۢ بَصِيرٞ

Nyankopͻn yi asomafoͻ fri Soro abͻfoͻ mu, εna nnipa mu nso (saa ara). Nokorε sε Nyankopͻn na Ɔte biribiara, na Ohunu biribiara. info
التفاسير:

external-link copy
76 : 22

يَعۡلَمُ مَا بَيۡنَ أَيۡدِيهِمۡ وَمَا خَلۡفَهُمۡۚ وَإِلَى ٱللَّهِ تُرۡجَعُ ٱلۡأُمُورُ

Onim deε εda wͻn anim ne deε εda wͻn akyi. Nyakopͻn hͻ na dwumadie nyinaa san kowie. info
التفاسير:

external-link copy
77 : 22

يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱرۡكَعُواْ وَٱسۡجُدُواْۤ وَٱعۡبُدُواْ رَبَّكُمۡ وَٱفۡعَلُواْ ٱلۡخَيۡرَ لَعَلَّكُمۡ تُفۡلِحُونَ۩

Mo a moagye adie, momͻ momu ase, na monfa moanim mmutu fͻm, na monsom mo Wura Nyankopͻn, na monyε papa sεdeε mobedi nkonim. info
التفاسير:

external-link copy
78 : 22

وَجَٰهِدُواْ فِي ٱللَّهِ حَقَّ جِهَادِهِۦۚ هُوَ ٱجۡتَبَىٰكُمۡ وَمَا جَعَلَ عَلَيۡكُمۡ فِي ٱلدِّينِ مِنۡ حَرَجٖۚ مِّلَّةَ أَبِيكُمۡ إِبۡرَٰهِيمَۚ هُوَ سَمَّىٰكُمُ ٱلۡمُسۡلِمِينَ مِن قَبۡلُ وَفِي هَٰذَا لِيَكُونَ ٱلرَّسُولُ شَهِيدًا عَلَيۡكُمۡ وَتَكُونُواْ شُهَدَآءَ عَلَى ٱلنَّاسِۚ فَأَقِيمُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَءَاتُواْ ٱلزَّكَوٰةَ وَٱعۡتَصِمُواْ بِٱللَّهِ هُوَ مَوۡلَىٰكُمۡۖ فَنِعۡمَ ٱلۡمَوۡلَىٰ وَنِعۡمَ ٱلنَّصِيرُ

Na momͻ Nyankopͻn ho mmͻden biara a εfata sε mobͻ fa Neho. Ɔno na Wayi mo asihͻ, Ɔnfaa adesoa biara (a ԑyԑ den) nsoaa mo wͻ Nyamesom no mu. Moagya Abraham som no ara ne no. Ɛyε Ɔno (Nyankopͻn) na Ɔtoo mo din sε Muslimifoͻ dadaada (wͻ Nwoma edii kan no mu) εna (Qur’aan) woi mu nso, sεdeε Ɔsomafoͻ no bedi mo ho adanseε, na monso moadi nnipa no ho adanseε. Enti monfrε Nyame wͻ neberε mu na monyi Zaka, na monsᴐ Nyankopͻn mu dendeenden. Ɔno ne mo Kyitaafoͻ, Okyitaafoͻ papa ne no, na Ɔne Ɔboafoͻ papa no. info
التفاسير: