ශුද්ධවූ අල් කුර්ආන් අර්ථ කථනය - අකාන් පරිවර්තනය - අශාන්ති - හාරූන් ඉස්මාඊල්

පිටු අංක:close

external-link copy
16 : 22

وَكَذَٰلِكَ أَنزَلۡنَٰهُ ءَايَٰتِۭ بَيِّنَٰتٖ وَأَنَّ ٱللَّهَ يَهۡدِي مَن يُرِيدُ

Saa ara na Yasiane nsεnkyerεnee pefee no, na nokorε sε Nyankopͻn kyerε obi a Ɔpε kwan. info
التفاسير:

external-link copy
17 : 22

إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَٱلَّذِينَ هَادُواْ وَٱلصَّٰبِـِٔينَ وَٱلنَّصَٰرَىٰ وَٱلۡمَجُوسَ وَٱلَّذِينَ أَشۡرَكُوٓاْ إِنَّ ٱللَّهَ يَفۡصِلُ بَيۡنَهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ شَهِيدٌ

Nokorε sε, wͻn a wͻagye adie no, ne wͻn a wͻyε Yudafoͻ ne Sabeanfoͻ ne Kristofoͻ ne Majusfoͻ, ne wᴐn a wayԑ Nyame ho mmataho no, nokorε sε Nyankopͻn bebu wͻn ntεm atεn wͻ Wusͻreε da no. Nokorε sε, Nyankopͻn ne biribiara ho Dansefoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
18 : 22

أَلَمۡ تَرَ أَنَّ ٱللَّهَ يَسۡجُدُۤ لَهُۥۤ مَن فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَن فِي ٱلۡأَرۡضِ وَٱلشَّمۡسُ وَٱلۡقَمَرُ وَٱلنُّجُومُ وَٱلۡجِبَالُ وَٱلشَّجَرُ وَٱلدَّوَآبُّ وَكَثِيرٞ مِّنَ ٱلنَّاسِۖ وَكَثِيرٌ حَقَّ عَلَيۡهِ ٱلۡعَذَابُۗ وَمَن يُهِنِ ٱللَّهُ فَمَا لَهُۥ مِن مُّكۡرِمٍۚ إِنَّ ٱللَّهَ يَفۡعَلُ مَا يَشَآءُ۩

Wonhunuu sε Nyankopͻn na nea εwͻ soro ne nea εwͻ asaase soͻ, ne awia ne bosome ne nsoromma ne mmepͻ ne nnua, ne mmoadoma ne nnipa no mu pii de wͻn anim butu fͻm ma no? (Nnipa no mu) pii nso asotwee no ayε nokorε atia wͻn. Obi a Nyankopͻn begu n’anim aseε no (saa nipa no) nnya animmonyam. Nokorε sε Nyankopͻn deε Ɔyε deε Ɔpε. info
التفاسير:

external-link copy
19 : 22

۞ هَٰذَانِ خَصۡمَانِ ٱخۡتَصَمُواْ فِي رَبِّهِمۡۖ فَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ قُطِّعَتۡ لَهُمۡ ثِيَابٞ مِّن نَّارٖ يُصَبُّ مِن فَوۡقِ رُءُوسِهِمُ ٱلۡحَمِيمُ

Woi nom (Agyidiefoͻ ne Kaafirfoͻ no yε) mansotwefoͻ mmienu a wͻretwe wͻn Wura Nyankopͻn ho manso. Enti wͻn a wͻ’yi boniayε no, y’atwa egyem atadeε ama wͻn. Ye’behwie nsuohyeε a ahuru paa agu wͻn tri so. info
التفاسير:

external-link copy
20 : 22

يُصۡهَرُ بِهِۦ مَا فِي بُطُونِهِمۡ وَٱلۡجُلُودُ

Ɛbεma deε εwͻ wͻn yԑm ne wͻn honam mu no anane. info
التفاسير:

external-link copy
21 : 22

وَلَهُم مَّقَٰمِعُ مِنۡ حَدِيدٖ

Wͻn wͻ dadeε aporibaa (a yεde bεtwe wͻn aso). info
التفاسير:

external-link copy
22 : 22

كُلَّمَآ أَرَادُوٓاْ أَن يَخۡرُجُواْ مِنۡهَا مِنۡ غَمٍّ أُعِيدُواْ فِيهَا وَذُوقُواْ عَذَابَ ٱلۡحَرِيقِ

Ԑberε biara a wͻ’pε sε wͻ’fri emu ahoͻyaa (anaa emu haw) no mu no, na yasan aka wͻn kͻ mu, na (yaka akyerε wͻn sε): ”Monka ͻhyeε asotwee no nhwε. info
التفاسير:

external-link copy
23 : 22

إِنَّ ٱللَّهَ يُدۡخِلُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ جَنَّٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ يُحَلَّوۡنَ فِيهَا مِنۡ أَسَاوِرَ مِن ذَهَبٖ وَلُؤۡلُؤٗاۖ وَلِبَاسُهُمۡ فِيهَا حَرِيرٞ

Nyankopͻn de wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no bewura Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu. Yε’de sika kͻkͻͻ mpͻkoaa ne nhwene pa bεsiesie wͻn. Ntoma a wͻ’befira no wͻ hͻ ne kyeme ntoma (anaa serekye). info
التفاسير: