Traduction des sens du Noble Coran - La traduction akan - asante - Hârûn Ismâ'îl

Numéro de la page:close

external-link copy
73 : 9

يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ جَٰهِدِ ٱلۡكُفَّارَ وَٱلۡمُنَٰفِقِينَ وَٱغۡلُظۡ عَلَيۡهِمۡۚ وَمَأۡوَىٰهُمۡ جَهَنَّمُۖ وَبِئۡسَ ٱلۡمَصِيرُ

Nkͻmhyεni, ko tia boniayεfoͻ ne nkͻnkͻnsafoͻ no, na yε den wͻ wͻn so paa. Na wͻn fie ne Amanehunu gyem, na awieeε bͻne paa ne hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
74 : 9

يَحۡلِفُونَ بِٱللَّهِ مَا قَالُواْ وَلَقَدۡ قَالُواْ كَلِمَةَ ٱلۡكُفۡرِ وَكَفَرُواْ بَعۡدَ إِسۡلَٰمِهِمۡ وَهَمُّواْ بِمَا لَمۡ يَنَالُواْۚ وَمَا نَقَمُوٓاْ إِلَّآ أَنۡ أَغۡنَىٰهُمُ ٱللَّهُ وَرَسُولُهُۥ مِن فَضۡلِهِۦۚ فَإِن يَتُوبُواْ يَكُ خَيۡرٗا لَّهُمۡۖ وَإِن يَتَوَلَّوۡاْ يُعَذِّبۡهُمُ ٱللَّهُ عَذَابًا أَلِيمٗا فِي ٱلدُّنۡيَا وَٱلۡأٓخِرَةِۚ وَمَا لَهُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ مِن وَلِيّٖ وَلَا نَصِيرٖ

Wͻde Nyankopͻn di nse sε wͻnkaa hwee (a εyε bͻne). Nokorε sε, wͻn aka (Kaaafir) kasa anaa boniayεsεm, na wͻayi boniayε wͻ wͻn Islam akyi, na wͻadwen deε wͻntumi nnuro anaa wͻn nsa ntumi nka. Ԑnyε hwee ho nti na wͻde bͻne tua wͻn ka, na mmom sε Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ ama wͻn anya wͻn ho wͻ N’adom mu nti; enti sε wͻsakra wͻn adwen a, εyε ma wͻn, na sε wͻdane wͻn akyi ma (Nokorε no nso) a, Nyankopͻn bεhyε wͻn aniεyaa a εyε ya wͻ wiase ne Daakye, na wͻnnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ wͻ asaase so. info
التفاسير:

external-link copy
75 : 9

۞ وَمِنۡهُم مَّنۡ عَٰهَدَ ٱللَّهَ لَئِنۡ ءَاتَىٰنَا مِن فَضۡلِهِۦ لَنَصَّدَّقَنَّ وَلَنَكُونَنَّ مِنَ ٱلصَّٰلِحِينَ

Wͻn mu bi wͻ hͻ a wͻne Nyankopͻn hyεε bͻ sε: “Sε Nyankopͻn ma yεn (biribi) firi N’adom no mu a yεbεyε adͻeε na yɛaka apapafoͻ no ho”. info
التفاسير:

external-link copy
76 : 9

فَلَمَّآ ءَاتَىٰهُم مِّن فَضۡلِهِۦ بَخِلُواْ بِهِۦ وَتَوَلَّواْ وَّهُم مُّعۡرِضُونَ

Nanso εberε a Nyankopͻn firii N’adom mu maa wͻn no, wͻbͻͻ ho ayεmuͻnwono anaasε wͻyεε ho pεpεε, wͻdanee wͻn ho na wͻtwi faa so. info
التفاسير:

external-link copy
77 : 9

فَأَعۡقَبَهُمۡ نِفَاقٗا فِي قُلُوبِهِمۡ إِلَىٰ يَوۡمِ يَلۡقَوۡنَهُۥ بِمَآ أَخۡلَفُواْ ٱللَّهَ مَا وَعَدُوهُ وَبِمَا كَانُواْ يَكۡذِبُونَ

Enti Nyankopͻn tuaa wͻn ka wͻ nkͻnkͻnsa a wͻde ahyε wͻn akoma mu no ho, kͻpem εda a wͻbɛhyia no, efirisε wͻbuu wͻn bͻhyε a wͻne Nyankopͻn ahyε no so, εnam nkotompo a wͻtwa no ho nti. info
التفاسير:

external-link copy
78 : 9

أَلَمۡ يَعۡلَمُوٓاْ أَنَّ ٱللَّهَ يَعۡلَمُ سِرَّهُمۡ وَنَجۡوَىٰهُمۡ وَأَنَّ ٱللَّهَ عَلَّٰمُ ٱلۡغُيُوبِ

Enti wͻnnim sε Nyankopͻn Nim wͻn nsumaeε mu nsεm ne wͻn kokoa mu agyinatuo mu nsεm, na nokorε nso sε Nyankopͻn ne deε asuma ho Nimdefoͻ no? info
التفاسير:

external-link copy
79 : 9

ٱلَّذِينَ يَلۡمِزُونَ ٱلۡمُطَّوِّعِينَ مِنَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ فِي ٱلصَّدَقَٰتِ وَٱلَّذِينَ لَا يَجِدُونَ إِلَّا جُهۡدَهُمۡ فَيَسۡخَرُونَ مِنۡهُمۡ سَخِرَ ٱللَّهُ مِنۡهُمۡ وَلَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٌ

Wͻn a wͻkasa tia agyidiefoͻ no a wͻde wͻn ara pε yε adͻeε, ne wͻn a wͻnnya nanso wͻbͻ wͻn ho mmͻden, na εno ho enti wͻdi wͻn ho fεw no, Nyankopͻn bɛtua wͻn fεw die no so ka, wͻwͻ asotwee a εyε ya paa. info
التفاسير: