Traduction des sens du Noble Coran - La traduction akan - asante - Hârûn Ismâ'îl

Numéro de la page:close

external-link copy
55 : 9

فَلَا تُعۡجِبۡكَ أَمۡوَٰلُهُمۡ وَلَآ أَوۡلَٰدُهُمۡۚ إِنَّمَا يُرِيدُ ٱللَّهُ لِيُعَذِّبَهُم بِهَا فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَتَزۡهَقَ أَنفُسُهُمۡ وَهُمۡ كَٰفِرُونَ

Enti εmma wͻn sika ne wͻn mma (a wͻwͻ) no nyε wo fԑ, deε Nyankopͻn hwehwε ne sε Ɔde bεtwe wͻn aso wͻ wiase asetena yi mu na wͻn kraa bɛfiri (wͻn mu, anaa wͻbɛwu) aberε a wͻyε boniayεfoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
56 : 9

وَيَحۡلِفُونَ بِٱللَّهِ إِنَّهُمۡ لَمِنكُمۡ وَمَا هُم مِّنكُمۡ وَلَٰكِنَّهُمۡ قَوۡمٞ يَفۡرَقُونَ

Na wͻde Nyankopͻn di nse sε, nokorε wͻka mo ho, nanso wͻnka mo ho, na mmom wͻyε amanfoͻ a wͻsuro (mo). info
التفاسير:

external-link copy
57 : 9

لَوۡ يَجِدُونَ مَلۡجَـًٔا أَوۡ مَغَٰرَٰتٍ أَوۡ مُدَّخَلٗا لَّوَلَّوۡاْ إِلَيۡهِ وَهُمۡ يَجۡمَحُونَ

Sε wͻnya dwanekͻbea anaasε ͻbodan bi mu, anaasε bea bi a wͻbɛwura akͻsie a, anka wͻbεyε ntεntεm adane wͻn ho akͻ wura hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
58 : 9

وَمِنۡهُم مَّن يَلۡمِزُكَ فِي ٱلصَّدَقَٰتِ فَإِنۡ أُعۡطُواْ مِنۡهَا رَضُواْ وَإِن لَّمۡ يُعۡطَوۡاْ مِنۡهَآ إِذَا هُمۡ يَسۡخَطُونَ

Wͻn mu bi wͻ hͻ a, wͻkasa tia wo wͻ (Soadaqa) akyεdeε no (nkyemuu) no ho. Sε yεma wͻn bi a na wͻn ani agye, na sε yɛamma wͻn bi nso a na wͻn bo afu. info
التفاسير:

external-link copy
59 : 9

وَلَوۡ أَنَّهُمۡ رَضُواْ مَآ ءَاتَىٰهُمُ ٱللَّهُ وَرَسُولُهُۥ وَقَالُواْ حَسۡبُنَا ٱللَّهُ سَيُؤۡتِينَا ٱللَّهُ مِن فَضۡلِهِۦ وَرَسُولُهُۥٓ إِنَّآ إِلَى ٱللَّهِ رَٰغِبُونَ

Sε anka wͻn ani gyee deε Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no de maa wͻn no ho, εna wͻkaa sε: “Nyankopͻn som bo ma yεn; Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ bεma yεn wͻ n’adom mu, nokorε Nyankopͻn so na yɛn ani da (a, anka εno na εyε paa ma wͻn)” info
التفاسير:

external-link copy
60 : 9

۞ إِنَّمَا ٱلصَّدَقَٰتُ لِلۡفُقَرَآءِ وَٱلۡمَسَٰكِينِ وَٱلۡعَٰمِلِينَ عَلَيۡهَا وَٱلۡمُؤَلَّفَةِ قُلُوبُهُمۡ وَفِي ٱلرِّقَابِ وَٱلۡغَٰرِمِينَ وَفِي سَبِيلِ ٱللَّهِ وَٱبۡنِ ٱلسَّبِيلِۖ فَرِيضَةٗ مِّنَ ٱللَّهِۗ وَٱللَّهُ عَلِيمٌ حَكِيمٞ

(Zakat) no deε εwͻ ahiafoͻ no ne mmͻborͻwafoͻ no, ne wͻn a wͻyε ho adwuma, ne wͻn a wͻn akoma adane aba (Islam-som no soͻ), ne ᴐkoo mu nneduafoͻ, ne wͻn a wͻde ka, ne Nyankopͻn kwan so (adwuma), ne ͻkwantuni; (wei yε) ahyεdeε a ɛfiri Nyankopͻn hͻ. Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
61 : 9

وَمِنۡهُمُ ٱلَّذِينَ يُؤۡذُونَ ٱلنَّبِيَّ وَيَقُولُونَ هُوَ أُذُنٞۚ قُلۡ أُذُنُ خَيۡرٖ لَّكُمۡ يُؤۡمِنُ بِٱللَّهِ وَيُؤۡمِنُ لِلۡمُؤۡمِنِينَ وَرَحۡمَةٞ لِّلَّذِينَ ءَامَنُواْ مِنكُمۡۚ وَٱلَّذِينَ يُؤۡذُونَ رَسُولَ ٱللَّهِ لَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ

Wͻn mu bi wͻhͻ a wͻha Nkͻmhyεni no, na wͻka (fa neho) sε: “Ɔyε aso (tie biribiara). (Nkͻmhyεni), ka sε: “Ɔyε aso tie papa ma mo; ͻgye Nyankopͻn di, gye agyidiefoͻ no nso di, na εyε ahummͻborͻ ma mo mu agyidiefoͻ no’’. Wͻn a wͻha Nyankopͻn Somafoͻ no, wͻwͻ asotwee a εyε ya paa (da hͻ retwεn wͻn). info
التفاسير: