Traduction des sens du Noble Coran - La traduction akan - asante - Hârûn Ismâ'îl

Numéro de la page:close

external-link copy
62 : 9

يَحۡلِفُونَ بِٱللَّهِ لَكُمۡ لِيُرۡضُوكُمۡ وَٱللَّهُ وَرَسُولُهُۥٓ أَحَقُّ أَن يُرۡضُوهُ إِن كَانُواْ مُؤۡمِنِينَ

Wͻde Nyankopͻn di nse kyerε mo (agyidiefoͻ no) sεdeε mobεgye (wͻn nsεm a wͻka no) adie, na mmom Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no na εfata sε wͻma wɔgye wͻn die sε wɔyε agyidiefoͻ ampa a. info
التفاسير:

external-link copy
63 : 9

أَلَمۡ يَعۡلَمُوٓاْ أَنَّهُۥ مَن يُحَادِدِ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ فَأَنَّ لَهُۥ نَارَ جَهَنَّمَ خَٰلِدٗا فِيهَاۚ ذَٰلِكَ ٱلۡخِزۡيُ ٱلۡعَظِيمُ

Enti wͻnnim sε, nokorε sε, obi a ͻko tia Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no, ͻno na Amane-hunu gya no wͻ no a ͻbεtena mu afe bͻͻ? Wei ne animguaseε kεseε no. info
التفاسير:

external-link copy
64 : 9

يَحۡذَرُ ٱلۡمُنَٰفِقُونَ أَن تُنَزَّلَ عَلَيۡهِمۡ سُورَةٞ تُنَبِّئُهُم بِمَا فِي قُلُوبِهِمۡۚ قُلِ ٱسۡتَهۡزِءُوٓاْ إِنَّ ٱللَّهَ مُخۡرِجٞ مَّا تَحۡذَرُونَ

Nkͻnkͻnsafoͻ no suro sε anhwε a na Suura bi asane aba a (εkasa) fa wͻn ho a εrebεkyerε deε εwͻ wͻn akoma mu. Ka sε: “Modeε monkͻ so nni fεw Nokorε sε, Nyankopͻn de deε mosuro no bεto dwa “. info
التفاسير:

external-link copy
65 : 9

وَلَئِن سَأَلۡتَهُمۡ لَيَقُولُنَّ إِنَّمَا كُنَّا نَخُوضُ وَنَلۡعَبُۚ قُلۡ أَبِٱللَّهِ وَءَايَٰتِهِۦ وَرَسُولِهِۦ كُنتُمۡ تَسۡتَهۡزِءُونَ

Sε wobisa wͻn a, deε wͻbεka ne sε: “Nsεm hunu ka ne agorͻ na yεredie.” Ka sε: “Mode Nyankopͻn ne Ne nsεm ne Ne Somafoͻ na εredi fεw?” info
التفاسير:

external-link copy
66 : 9

لَا تَعۡتَذِرُواْ قَدۡ كَفَرۡتُم بَعۡدَ إِيمَٰنِكُمۡۚ إِن نَّعۡفُ عَن طَآئِفَةٖ مِّنكُمۡ نُعَذِّبۡ طَآئِفَةَۢ بِأَنَّهُمۡ كَانُواْ مُجۡرِمِينَ

Monhwε na moampa kyεw; moyii boniayε wͻ mo gyedie akyi. Sε Yεde momu bi bͻne kyε wͻn a yεbεtwe εfa bi nso aso, efirisε nokorε sε na wͻyε abͻneεfoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
67 : 9

ٱلۡمُنَٰفِقُونَ وَٱلۡمُنَٰفِقَٰتُ بَعۡضُهُم مِّنۢ بَعۡضٖۚ يَأۡمُرُونَ بِٱلۡمُنكَرِ وَيَنۡهَوۡنَ عَنِ ٱلۡمَعۡرُوفِ وَيَقۡبِضُونَ أَيۡدِيَهُمۡۚ نَسُواْ ٱللَّهَ فَنَسِيَهُمۡۚ إِنَّ ٱلۡمُنَٰفِقِينَ هُمُ ٱلۡفَٰسِقُونَ

Nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mmaa no yε pεpεεpε, wͻhyε (amanfoͻ) ma wͻyε amumuyε, na wͻsi (amanfoͻ) papa yε ho kwan, wͻtwe wͻn nsa (firi adͻeε yε ho). Wͻn werε afiri Nyankopͻn, enti (Ɔno nso) werε afiri wͻn. Nokorε sε, nkͻnkͻnsafoͻ no ara ne nsεmmͻnedifoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
68 : 9

وَعَدَ ٱللَّهُ ٱلۡمُنَٰفِقِينَ وَٱلۡمُنَٰفِقَٰتِ وَٱلۡكُفَّارَ نَارَ جَهَنَّمَ خَٰلِدِينَ فِيهَاۚ هِيَ حَسۡبُهُمۡۚ وَلَعَنَهُمُ ٱللَّهُۖ وَلَهُمۡ عَذَابٞ مُّقِيمٞ

Nyankopͻn de Amanehunu gya no ahyε nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mmaa, ne boniayεfoͻ no bͻ sε: “Emu na wͻbεtena”. Ogya no som bo ma wͻn. Nyankopͻn abͻ wͻn dua, na wͻwͻ asotwee a εwͻ hͻ daa. info
التفاسير: