Bản dịch ý nghĩa nội dung Qur'an - 阿肯语翻译 - 阿萨尼替 - 哈伦·伊斯玛伊莱

Số trang:close

external-link copy
53 : 6

وَكَذَٰلِكَ فَتَنَّا بَعۡضَهُم بِبَعۡضٖ لِّيَقُولُوٓاْ أَهَٰٓؤُلَآءِ مَنَّ ٱللَّهُ عَلَيۡهِم مِّنۢ بَيۡنِنَآۗ أَلَيۡسَ ٱللَّهُ بِأَعۡلَمَ بِٱلشَّٰكِرِينَ

Saa ara na Yε’de wͻn mu bi ayε nsͻhwε ama wͻn mu bie sεdeε wͻ’bεka sε: ‘’Woi nom (ahiafoͻ yi) na Nyankopͻn adom wͻn wͻ yεn mu?” Ɛnyε Nyankopͻn na Onim wͻn a w’ͻyi ayε no anaa? info
التفاسير:

external-link copy
54 : 6

وَإِذَا جَآءَكَ ٱلَّذِينَ يُؤۡمِنُونَ بِـَٔايَٰتِنَا فَقُلۡ سَلَٰمٌ عَلَيۡكُمۡۖ كَتَبَ رَبُّكُمۡ عَلَىٰ نَفۡسِهِ ٱلرَّحۡمَةَ أَنَّهُۥ مَنۡ عَمِلَ مِنكُمۡ سُوٓءَۢا بِجَهَٰلَةٖ ثُمَّ تَابَ مِنۢ بَعۡدِهِۦ وَأَصۡلَحَ فَأَنَّهُۥ غَفُورٞ رَّحِيمٞ

Sε wͻn a wͻ’gye Yεn nsεm no die no ba wo hͻ a kasε: ‘Salaamu alaikum’ (Asomdwiε nka mo). Nyankopͻn ahyehyε Ahummͻborͻ ama Neho, enti momu biara a onnnim na ͻbεyε bͻne bi, na εno akyi no ͻbεsakra n’adwen na wa’atoto ntotoeε pa no, nokorε sε (Nyankopͻn) ne Bͻnefakyε Hene, Ɔno ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene. info
التفاسير:

external-link copy
55 : 6

وَكَذَٰلِكَ نُفَصِّلُ ٱلۡأٓيَٰتِ وَلِتَسۡتَبِينَ سَبِيلُ ٱلۡمُجۡرِمِينَ

Saa ara na Yε’kyerεkyerε nsεm no mu pefee sεdeε abͻneεfoͻ no kwan no bεda adie. info
التفاسير:

external-link copy
56 : 6

قُلۡ إِنِّي نُهِيتُ أَنۡ أَعۡبُدَ ٱلَّذِينَ تَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِۚ قُل لَّآ أَتَّبِعُ أَهۡوَآءَكُمۡ قَدۡ ضَلَلۡتُ إِذٗا وَمَآ أَنَا۠ مِنَ ٱلۡمُهۡتَدِينَ

(Nkͻmkyεni), ka sε: “Medeε yabra me sε mεsom wͻn a mofri Nyankopͻn akyi su frε wͻn no“. Kasε: “Medeε menni moapεdeε no akyi, sε meyε saa a εneε na ampa sε m’ayera, εneε na menka wͻn a w’atene no ho. info
التفاسير:

external-link copy
57 : 6

قُلۡ إِنِّي عَلَىٰ بَيِّنَةٖ مِّن رَّبِّي وَكَذَّبۡتُم بِهِۦۚ مَا عِندِي مَا تَسۡتَعۡجِلُونَ بِهِۦٓۚ إِنِ ٱلۡحُكۡمُ إِلَّا لِلَّهِۖ يَقُصُّ ٱلۡحَقَّۖ وَهُوَ خَيۡرُ ٱلۡفَٰصِلِينَ

Ka sε: ‘’Megyina nyinasoͻ pefee a efri me Wura (Nyankͻpͻn) hͻ no so, nanso monnye nni. Deε morepε no ntεm no, εnyε me hͻ na εwͻ. Nokorε sε Atemmuo no deε Nyankopͻn na εwͻ no. Ɔno na Ɔka nokorε na Ɔne Otemmufoͻ papa no”. info
التفاسير:

external-link copy
58 : 6

قُل لَّوۡ أَنَّ عِندِي مَا تَسۡتَعۡجِلُونَ بِهِۦ لَقُضِيَ ٱلۡأَمۡرُ بَيۡنِي وَبَيۡنَكُمۡۗ وَٱللَّهُ أَعۡلَمُ بِٱلظَّٰلِمِينَ

Ka sε: “Sε deε morepε no ntεm no wͻ me hͻ a, anka (yadi) me ne montεm asεm no awie”. Nyankopͻn na Onim abͻneεfoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
59 : 6

۞ وَعِندَهُۥ مَفَاتِحُ ٱلۡغَيۡبِ لَا يَعۡلَمُهَآ إِلَّا هُوَۚ وَيَعۡلَمُ مَا فِي ٱلۡبَرِّ وَٱلۡبَحۡرِۚ وَمَا تَسۡقُطُ مِن وَرَقَةٍ إِلَّا يَعۡلَمُهَا وَلَا حَبَّةٖ فِي ظُلُمَٰتِ ٱلۡأَرۡضِ وَلَا رَطۡبٖ وَلَا يَابِسٍ إِلَّا فِي كِتَٰبٖ مُّبِينٖ

Nehͻ na ahuntasεm no ho safoa wͻ, obiara nnihͻ a onim, gyesε Ɔno (nko ara). Onim deε εwͻ asaase so ne (deε) εwͻ ͻpo mu (nyinaa); (ansa na) ahahan bi bεte atͻ no na Onim ho asεm, anaa aduaba bi a εwͻ asaase mu sum mu, anaa deε εyε mono anaasε deε adwan, (no nyinaa) wͻ Nwoma pefee no mu. info
التفاسير: