Bản dịch ý nghĩa nội dung Qur'an - 阿肯语翻译 - 阿萨尼替 - 哈伦·伊斯玛伊莱

external-link copy
260 : 2

وَإِذۡ قَالَ إِبۡرَٰهِـۧمُ رَبِّ أَرِنِي كَيۡفَ تُحۡيِ ٱلۡمَوۡتَىٰۖ قَالَ أَوَلَمۡ تُؤۡمِنۖ قَالَ بَلَىٰ وَلَٰكِن لِّيَطۡمَئِنَّ قَلۡبِيۖ قَالَ فَخُذۡ أَرۡبَعَةٗ مِّنَ ٱلطَّيۡرِ فَصُرۡهُنَّ إِلَيۡكَ ثُمَّ ٱجۡعَلۡ عَلَىٰ كُلِّ جَبَلٖ مِّنۡهُنَّ جُزۡءٗا ثُمَّ ٱدۡعُهُنَّ يَأۡتِينَكَ سَعۡيٗاۚ وَٱعۡلَمۡ أَنَّ ٱللَّهَ عَزِيزٌ حَكِيمٞ

Kae εberε a Abraham kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, kyerε me sεdeε wosi nyane awufoͻ ba nkwa mu”. Nyankopͻn kaa sε: “Wonnye nni anaa?” Abraham kaa sε: “Ɛnyε saa, na mmom sεdeε m’akoma bεtͻ meyεm nti”. Nyankopͻn kaa sε: “Ɛneε fa nnomaa nnan na yεn wͻn ma wͻ’nhu wo yie (na twitwa wͻn asin-asin) na fa wͻn asin-asin no kͻ bepͻ sononko biara so, na afei frε wͻn, wͻ’de ntεmpε na εbεba wo hͻ, na w’ahunu sε, nokorε Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ. info
التفاسير: