قرآن کریم کے معانی کا ترجمہ - اکانی ترجمہ - اشنتی - ہارون اسماعیل

صفحہ نمبر:close

external-link copy
125 : 6

فَمَن يُرِدِ ٱللَّهُ أَن يَهۡدِيَهُۥ يَشۡرَحۡ صَدۡرَهُۥ لِلۡإِسۡلَٰمِۖ وَمَن يُرِدۡ أَن يُضِلَّهُۥ يَجۡعَلۡ صَدۡرَهُۥ ضَيِّقًا حَرَجٗا كَأَنَّمَا يَصَّعَّدُ فِي ٱلسَّمَآءِۚ كَذَٰلِكَ يَجۡعَلُ ٱللَّهُ ٱلرِّجۡسَ عَلَى ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ

Obia Nyankopͻn pεsε ͻtene no no, Ɔbue n’akoma dema Islam, na obia Ɔpεsε Ɔyera no no nso Ɔma n’akoma no ka moa tesε deε ͻreforo akͻ ewiem. Saa ara na Nyankopͻn de asotwee (anaa) efii to wͻn a wͻ’nnye nnie no soͻ. info
التفاسير:

external-link copy
126 : 6

وَهَٰذَا صِرَٰطُ رَبِّكَ مُسۡتَقِيمٗاۗ قَدۡ فَصَّلۡنَا ٱلۡأٓيَٰتِ لِقَوۡمٖ يَذَّكَّرُونَ

Woi ne wo Wura Nyankopͻn kwan tenenee no. Ampa sε Y’akyerεkyerε nsεm no mu pefee ama amanfoͻ a wͻ’de bεto wᴐn adwen mu. info
التفاسير:

external-link copy
127 : 6

۞ لَهُمۡ دَارُ ٱلسَّلَٰمِ عِندَ رَبِّهِمۡۖ وَهُوَ وَلِيُّهُم بِمَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ

Wͻn wͻ Asomdwiɛ fie wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ, εnam dwuma a wͻ’die no ho nti Ɔne wͻn Kyitaafoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
128 : 6

وَيَوۡمَ يَحۡشُرُهُمۡ جَمِيعٗا يَٰمَعۡشَرَ ٱلۡجِنِّ قَدِ ٱسۡتَكۡثَرۡتُم مِّنَ ٱلۡإِنسِۖ وَقَالَ أَوۡلِيَآؤُهُم مِّنَ ٱلۡإِنسِ رَبَّنَا ٱسۡتَمۡتَعَ بَعۡضُنَا بِبَعۡضٖ وَبَلَغۡنَآ أَجَلَنَا ٱلَّذِيٓ أَجَّلۡتَ لَنَاۚ قَالَ ٱلنَّارُ مَثۡوَىٰكُمۡ خَٰلِدِينَ فِيهَآ إِلَّا مَا شَآءَ ٱللَّهُۚ إِنَّ رَبَّكَ حَكِيمٌ عَلِيمٞ

Ɛda a Ɔbεboa wͻn nyinaa ano (aka sε): “Jinnifoͻ fekuo, ampa sε moayera nnipa no mu bebree’’ Wͻn ayͻnkofoͻ a wͻn wͻ nnipa no mu no bεka sε: ‘’Ye’Wura Nyankopͻn, yenyaa yεnho-yεnho mfasoͻ, na seesei deε yaduru yεn berε a Wohyε maa yεn no’’ Nyankopͻn bεka sε: ‘’Egya no mu na εbεyε mofiee na emu na mobεtena, gyesε Nyankopͻn pε. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn ne Onyansafoͻ, Ɔne Onimdefoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
129 : 6

وَكَذَٰلِكَ نُوَلِّي بَعۡضَ ٱلظَّٰلِمِينَ بَعۡضَۢا بِمَا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ

Saa ara na Yε’bεma abͻneεfoͻ no ayε wͻn ho-wͻn ho nnamfoͻ (Atemmuda) εnam dwuma a wͻ’nsa aka no ho nti. info
التفاسير:

external-link copy
130 : 6

يَٰمَعۡشَرَ ٱلۡجِنِّ وَٱلۡإِنسِ أَلَمۡ يَأۡتِكُمۡ رُسُلٞ مِّنكُمۡ يَقُصُّونَ عَلَيۡكُمۡ ءَايَٰتِي وَيُنذِرُونَكُمۡ لِقَآءَ يَوۡمِكُمۡ هَٰذَاۚ قَالُواْ شَهِدۡنَا عَلَىٰٓ أَنفُسِنَاۖ وَغَرَّتۡهُمُ ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَا وَشَهِدُواْ عَلَىٰٓ أَنفُسِهِمۡ أَنَّهُمۡ كَانُواْ كَٰفِرِينَ

Jinnifoͻ fekuo ne adasamma, asomafoͻ amfri momu amma mohͻ a wͻ’bεkenkan Mensεm de kyerεε mo, san bͻͻ mo kͻkͻ fa monhyiamu Da woi ho? Wͻ’bεka sε: ‘’Yedi adanseε tia yεn ara yεn ho (sε nokorε, asomafoͻ no baae)’’. Ɛyε wiase asetena yi na εdaadaa wͻn, na wͻ’bedi adanseε atia wͻn ho sε na wͻ’yε (Kaafirifoͻ) boniayεfoͻ. info
التفاسير: