قرآن کریم کے معانی کا ترجمہ - اکانی ترجمہ - اشنتی - ہارون اسماعیل

صفحہ نمبر:close

external-link copy
82 : 6

ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَلَمۡ يَلۡبِسُوٓاْ إِيمَٰنَهُم بِظُلۡمٍ أُوْلَٰٓئِكَ لَهُمُ ٱلۡأَمۡنُ وَهُم مُّهۡتَدُونَ

(Ɛyε) wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’nnfa bͻne mfra wͻn gyidie mu, saa nkorͻfoͻ no na wͻ’wͻ ahotᴐ mu, na wͻ’ne ateneneefoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
83 : 6

وَتِلۡكَ حُجَّتُنَآ ءَاتَيۡنَٰهَآ إِبۡرَٰهِيمَ عَلَىٰ قَوۡمِهِۦۚ نَرۡفَعُ دَرَجَٰتٖ مَّن نَّشَآءُۗ إِنَّ رَبَّكَ حَكِيمٌ عَلِيمٞ

Woi yε Yεn nyinasoͻ a Yε’de maa Abraham maa no (deko) tiaa nenkorͻfoͻ no, obia Yε’pε no Yε’pagya no bͻ n’abaso. Wo Wura (Nyankopͻn) ne Onyansafoͻ, Ɔne Onimdefoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
84 : 6

وَوَهَبۡنَا لَهُۥٓ إِسۡحَٰقَ وَيَعۡقُوبَۚ كُلًّا هَدَيۡنَاۚ وَنُوحًا هَدَيۡنَا مِن قَبۡلُۖ وَمِن ذُرِّيَّتِهِۦ دَاوُۥدَ وَسُلَيۡمَٰنَ وَأَيُّوبَ وَيُوسُفَ وَمُوسَىٰ وَهَٰرُونَۚ وَكَذَٰلِكَ نَجۡزِي ٱلۡمُحۡسِنِينَ

Yε’de Is’haaq kyεε no, εna (nenana) Ya’aquub, Yε’kyerεε wͻn mu biara kwan. Noah nso Ye’dii kan kyerεε no kwan, na n’asefoͻ no mu bi ne: Dawid ne Solomon ne Hiob ne Yosef ne Mose, ne Aaron. Saa ara na Ye’tua apapafoͻ no ka. info
التفاسير:

external-link copy
85 : 6

وَزَكَرِيَّا وَيَحۡيَىٰ وَعِيسَىٰ وَإِلۡيَاسَۖ كُلّٞ مِّنَ ٱلصَّٰلِحِينَ

Ne Zakariya ne Yohane ne Yesu ne Elia; wͻn nyinaa ka apapafoͻ no ho. info
التفاسير:

external-link copy
86 : 6

وَإِسۡمَٰعِيلَ وَٱلۡيَسَعَ وَيُونُسَ وَلُوطٗاۚ وَكُلّٗا فَضَّلۡنَا عَلَى ٱلۡعَٰلَمِينَ

Ne Ismail ne Al-Yasa’a (Elisa), ne Yuunus (Yona) ne Lut; wͻn mu biara Yε’de (adom) dom wͻn kyεn amansan a aka no nyinaa. info
التفاسير:

external-link copy
87 : 6

وَمِنۡ ءَابَآئِهِمۡ وَذُرِّيَّٰتِهِمۡ وَإِخۡوَٰنِهِمۡۖ وَٱجۡتَبَيۡنَٰهُمۡ وَهَدَيۡنَٰهُمۡ إِلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ

Wͻn agyanom ne wͻn awoͻ ntoatoasoͻ ne wͻn nuanom mu nso, Ye’yii wͻn mu bi, na Yε’kyerεε wͻn kwan kͻͻ kwan tenenee no so. info
التفاسير:

external-link copy
88 : 6

ذَٰلِكَ هُدَى ٱللَّهِ يَهۡدِي بِهِۦ مَن يَشَآءُ مِنۡ عِبَادِهِۦۚ وَلَوۡ أَشۡرَكُواْ لَحَبِطَ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ

Woi ne Nyankopͻn kwankyerε, Ɔkyerε Nenkoa mu nea Ɔpε kwan. Sε (nkͻmhyεfoͻ a yεbobͻͻ wͻn din yi) de biribi bataa (Nyakopͻn) ho a, anka dwuma a wͻ’dieε nyinaa ayε kwa ama wͻn. info
التفاسير:

external-link copy
89 : 6

أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ ءَاتَيۡنَٰهُمُ ٱلۡكِتَٰبَ وَٱلۡحُكۡمَ وَٱلنُّبُوَّةَۚ فَإِن يَكۡفُرۡ بِهَا هَٰٓؤُلَآءِ فَقَدۡ وَكَّلۡنَا بِهَا قَوۡمٗا لَّيۡسُواْ بِهَا بِكَٰفِرِينَ

Woi nom ne amanfoͻ a Yε’de Nwoma no ne Nyansa ne Nkͻmhyε adwuma maa wͻn. Enti sε woi nom annye anni a, ampa sε Yε’de (Nyamesom Nwoma no) ahyε amanfoͻ bi a wͻn deε wͻn mmpoeε nsa. info
التفاسير:

external-link copy
90 : 6

أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ هَدَى ٱللَّهُۖ فَبِهُدَىٰهُمُ ٱقۡتَدِهۡۗ قُل لَّآ أَسۡـَٔلُكُمۡ عَلَيۡهِ أَجۡرًاۖ إِنۡ هُوَ إِلَّا ذِكۡرَىٰ لِلۡعَٰلَمِينَ

Wͻ’ne nkorͻfoͻ no a Nyankopͻn atene wͻn. Enti wͻn kwan kyerε no na moni akyire. (Nkͻmhyεni), ka sε ‘’Memmisa mo εho akatua”. (Qur’aan adwuma) ara nesε, εyε afutusεm dema amansan (nyinaa). info
التفاسير: