แปล​ความหมาย​อัลกุรอาน​ - คำแปลภาษาอาคาน - อาชานติ - โดยฮารูน อิสมาอีล

Ar-Rahmaan

external-link copy
1 : 55

ٱلرَّحۡمَٰنُ

Ahummͻborͻ Hene (Nyankopͻn). info
التفاسير:

external-link copy
2 : 55

عَلَّمَ ٱلۡقُرۡءَانَ

Ɔno na Wakyerε (Nkͻmhyεni) Qur’aan no. info
التفاسير:

external-link copy
3 : 55

خَلَقَ ٱلۡإِنسَٰنَ

Ɔno na Ɔbͻͻ onipa, info
التفاسير:

external-link copy
4 : 55

عَلَّمَهُ ٱلۡبَيَانَ

Kyerεε no kasa nkyerεkyerεmu. info
التفاسير:

external-link copy
5 : 55

ٱلشَّمۡسُ وَٱلۡقَمَرُ بِحُسۡبَانٖ

Awia ne bosome nnam wͻ nhyehyεε so. info
التفاسير:

external-link copy
6 : 55

وَٱلنَّجۡمُ وَٱلشَّجَرُ يَسۡجُدَانِ

Wira mu nhoma (anaasε nsoromma) ne nnua nso (nyinaa) berε wͻn ho ase (ma Nyankopͻn). info
التفاسير:

external-link copy
7 : 55

وَٱلسَّمَآءَ رَفَعَهَا وَوَضَعَ ٱلۡمِيزَانَ

Ɛna Wapagya ͻsoro, εna Ɔde nsania ato ho, info
التفاسير:

external-link copy
8 : 55

أَلَّا تَطۡغَوۡاْ فِي ٱلۡمِيزَانِ

Sεdeε monyε mfomsoͻ wͻ ade susuo ho, info
التفاسير:

external-link copy
9 : 55

وَأَقِيمُواْ ٱلۡوَزۡنَ بِٱلۡقِسۡطِ وَلَا تُخۡسِرُواْ ٱلۡمِيزَانَ

Na moma nsania no nyina pεpεεpε, na monnte adeε a mobɛsusuo no so. info
التفاسير:

external-link copy
10 : 55

وَٱلۡأَرۡضَ وَضَعَهَا لِلۡأَنَامِ

Ɛna Ɔde asaase no ato hͻ ama abͻdeε (a wͻtumi tena asaase soͻ). info
التفاسير:

external-link copy
11 : 55

فِيهَا فَٰكِهَةٞ وَٱلنَّخۡلُ ذَاتُ ٱلۡأَكۡمَامِ

Emu na nnuaba, ne akyiresua a εbͻ esa-esa wͻ, info
التفاسير:

external-link copy
12 : 55

وَٱلۡحَبُّ ذُو ٱلۡعَصۡفِ وَٱلرَّيۡحَانُ

Ne nnuaba (ahodoͻ tesε aburoo, ayuo, atokoͻ ne deε εkeka ho) a εwͻ nhahamma a nyεmmoa weε, εne nnuaba a etu hwa pa. info
التفاسير:

external-link copy
13 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
14 : 55

خَلَقَ ٱلۡإِنسَٰنَ مِن صَلۡصَٰلٖ كَٱلۡفَخَّارِ

Ɔno na Ɔde dɔteε a awoͻ bͻͻ onipa tesε ayowa anaa kukuo a yɛanwene atotoo. info
التفاسير:

external-link copy
15 : 55

وَخَلَقَ ٱلۡجَآنَّ مِن مَّارِجٖ مِّن نَّارٖ

Ɛna Ɔbͻͻ Jinnfoͻ no nso fri ogya frama (anaa) ogya kεterεma mu. info
التفاسير:

external-link copy
16 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
17 : 55

رَبُّ ٱلۡمَشۡرِقَيۡنِ وَرَبُّ ٱلۡمَغۡرِبَيۡنِ

Apueε mmienu no Wura, ne Atͻeε mmienu no Wura. info
التفاسير:

external-link copy
18 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
19 : 55

مَرَجَ ٱلۡبَحۡرَيۡنِ يَلۡتَقِيَانِ

Ɔno na Wama ͻpo mmienu no (nsupa ne nkyene nsuo) bɛhyia mu, info
التفاسير:

external-link copy
20 : 55

بَيۡنَهُمَا بَرۡزَخٞ لَّا يَبۡغِيَانِ

Ɛhyeε da ne mmienu ntεm a emu biara ntumi mmu mfa baako soͻ. info
التفاسير:

external-link copy
21 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
22 : 55

يَخۡرُجُ مِنۡهُمَا ٱللُّؤۡلُؤُ وَٱلۡمَرۡجَانُ

Yɛyi nhwenepa ne aboͻ a εhyerεn wͻ (ͻpo no) mmienu mu. info
التفاسير:

external-link copy
23 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
24 : 55

وَلَهُ ٱلۡجَوَارِ ٱلۡمُنشَـَٔاتُ فِي ٱلۡبَحۡرِ كَٱلۡأَعۡلَٰمِ

Ɔno na nsuom hyεn a εnenam po so tesε mmepͻ atenten no yε Ne dea. info
التفاسير:

external-link copy
25 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
26 : 55

كُلُّ مَنۡ عَلَيۡهَا فَانٖ

Adeε a εwͻ (asaase) soͻ biara bɛfiri hͻ, info
التفاسير:

external-link copy
27 : 55

وَيَبۡقَىٰ وَجۡهُ رَبِّكَ ذُو ٱلۡجَلَٰلِ وَٱلۡإِكۡرَامِ

Na εbεka wo Wura Nyankopͻn Kεseε Onimuonyamfoͻ no animuonyam nko ara. info
التفاسير:

external-link copy
28 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
29 : 55

يَسۡـَٔلُهُۥ مَن فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ كُلَّ يَوۡمٍ هُوَ فِي شَأۡنٖ

Wͻn a wͻwͻ soro ne wͻn a wͻwͻ asaase so nyinaa bisa no. Da biara N’animuonyam da adi . info
التفاسير:

external-link copy
30 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
31 : 55

سَنَفۡرُغُ لَكُمۡ أَيُّهَ ٱلثَّقَلَانِ

Mo akuo mmienu no (Jinn ne nnipa) Yεbεtoto (montotoeε anaasε yεbɛbu mo atεn no) ama mo. info
التفاسير:

external-link copy
32 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
33 : 55

يَٰمَعۡشَرَ ٱلۡجِنِّ وَٱلۡإِنسِ إِنِ ٱسۡتَطَعۡتُمۡ أَن تَنفُذُواْ مِنۡ أَقۡطَارِ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ فَٱنفُذُواْۚ لَا تَنفُذُونَ إِلَّا بِسُلۡطَٰنٖ

Jinn ne nnipa fekuo, sε mobɛtumi akͻ soro ne asaase ntweaso babiara a motumi kͻ. Nanso montumi nkͻ gyesε monya tumi anaa nyinasoͻ bi (fri Nyankopͻn hͻ ansa). info
التفاسير:

external-link copy
34 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
35 : 55

يُرۡسَلُ عَلَيۡكُمَا شُوَاظٞ مِّن نَّارٖ وَنُحَاسٞ فَلَا تَنتَصِرَانِ

Ɔbεsoma ogya tanaa ne yaawa (a yananee) aba mo so, na montumi mmͻ mo ho ban. info
التفاسير:

external-link copy
36 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
37 : 55

فَإِذَا ٱنشَقَّتِ ٱلسَّمَآءُ فَكَانَتۡ وَرۡدَةٗ كَٱلدِّهَانِ

Sε ͻsoro mu dwidwa a afei εbεyε kͻͻ tesε aboa nwoma (a yɛahyε no) kͻͻ. info
التفاسير:

external-link copy
38 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
39 : 55

فَيَوۡمَئِذٖ لَّا يُسۡـَٔلُ عَن ذَنۢبِهِۦٓ إِنسٞ وَلَا جَآنّٞ

Saa Da no yɛmmisa onipa anaa Jinn biara bͻne ho asεm. info
التفاسير:

external-link copy
40 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
41 : 55

يُعۡرَفُ ٱلۡمُجۡرِمُونَ بِسِيمَٰهُمۡ فَيُؤۡخَذُ بِٱلنَّوَٰصِي وَٱلۡأَقۡدَامِ

Yεde abͻneεfoͻ no nsohyεdeε na εbɛhu wͻn, enti yεbεsͻ wͻn mu wͻ wͻn apampamu nwii ne wͻn nnan mu (na atwe wͻn aseε). info
التفاسير:

external-link copy
42 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
43 : 55

هَٰذِهِۦ جَهَنَّمُ ٱلَّتِي يُكَذِّبُ بِهَا ٱلۡمُجۡرِمُونَ

Woi ne Amanehunu gya no a abͻneεfoͻ no faa no atorͻsεm no, info
التفاسير:

external-link copy
44 : 55

يَطُوفُونَ بَيۡنَهَا وَبَيۡنَ حَمِيمٍ ءَانٖ

Wͻbɛtwa ahyia wͻ (Ogya) a ayε hyehyeehye ne nsuo a ayε hye atrasoͻ no ntεm. info
التفاسير:

external-link copy
45 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
46 : 55

وَلِمَنۡ خَافَ مَقَامَ رَبِّهِۦ جَنَّتَانِ

Obi a osuro sε ɔbɛgyina ne Wura Nyankopͻn anim no ͻwͻ Turo mmienu. info
التفاسير:

external-link copy
47 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
48 : 55

ذَوَاتَآ أَفۡنَانٖ

Nnua mman a atrεtrε sononko-sononko ayε mu mma. info
التفاسير:

external-link copy
49 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
50 : 55

فِيهِمَا عَيۡنَانِ تَجۡرِيَانِ

Asutire mmienu bi wͻ mu a εtenee, info
التفاسير:

external-link copy
51 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
52 : 55

فِيهِمَا مِن كُلِّ فَٰكِهَةٖ زَوۡجَانِ

Na nnuaba biara a egu mmienu mmienu wͻ ne mmienu nyinaa mu. info
التفاسير:

external-link copy
53 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
54 : 55

مُتَّكِـِٔينَ عَلَىٰ فُرُشِۭ بَطَآئِنُهَا مِنۡ إِسۡتَبۡرَقٖۚ وَجَنَى ٱلۡجَنَّتَيۡنِ دَانٖ

Wagyegye ada mu wͻ mpa anaa ahennwa a emu kuntu no yε kyeme ntoma a yɛadi mu adwini a ԑyԑ fԑ so. Aheman no mmienu no mu nnuaba no bεn (wͻn). info
التفاسير:

external-link copy
55 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
56 : 55

فِيهِنَّ قَٰصِرَٰتُ ٱلطَّرۡفِ لَمۡ يَطۡمِثۡهُنَّ إِنسٞ قَبۡلَهُمۡ وَلَا جَآنّٞ

Mmaa a wͻhwε wͻn ani so yie (anaasε wͻfεre adeε) a onipa (biara) anaasε Jinn mfaa wͻn ho nkaa wͻn da wͻ ne mmienu mu. info
التفاسير:

external-link copy
57 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
58 : 55

كَأَنَّهُنَّ ٱلۡيَاقُوتُ وَٱلۡمَرۡجَانُ

Wͻn (ho fε) tesε dwetε ne sika aboͻ a εhyerεn. info
التفاسير:

external-link copy
59 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
60 : 55

هَلۡ جَزَآءُ ٱلۡإِحۡسَٰنِ إِلَّا ٱلۡإِحۡسَٰنُ

Enti εnyε papa akatua ne papa? info
التفاسير:

external-link copy
61 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
62 : 55

وَمِن دُونِهِمَا جَنَّتَانِ

(Turo) mmienu no akyiri nso, Turo mmienu (foforͻ) bi nso wͻ hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
63 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
64 : 55

مُدۡهَآمَّتَانِ

(Turo mmienu no mu) nhahan yԑ mono, εyε bunu paa. info
التفاسير:

external-link copy
65 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
66 : 55

فِيهِمَا عَيۡنَانِ نَضَّاخَتَانِ

Nsuo aniwa mmienu bi wͻ ne mmienu mu a epue ba aberε biara. info
التفاسير:

external-link copy
67 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
68 : 55

فِيهِمَا فَٰكِهَةٞ وَنَخۡلٞ وَرُمَّانٞ

Nnuaba ne akyiresua ne ‘Rumaan’ (nyinaa) bi wͻ ne mmienu mu. info
التفاسير:

external-link copy
69 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
70 : 55

فِيهِنَّ خَيۡرَٰتٌ حِسَانٞ

Mmaa papa ahoͻfεfoͻ wͻ mu. info
التفاسير:

external-link copy
71 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
72 : 55

حُورٞ مَّقۡصُورَٰتٞ فِي ٱلۡخِيَامِ

Mmaa ahoteefoͻ a wͻn ani akεseε fεfεεfε hyehyε ntoma dan mu. info
التفاسير:

external-link copy
73 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
74 : 55

لَمۡ يَطۡمِثۡهُنَّ إِنسٞ قَبۡلَهُمۡ وَلَا جَآنّٞ

Onipa biara anaasε Jinn nnii kan mfaa ne ho nkaa wͻn da. info
التفاسير:

external-link copy
75 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
76 : 55

مُتَّكِـِٔينَ عَلَىٰ رَفۡرَفٍ خُضۡرٖ وَعَبۡقَرِيٍّ حِسَانٖ

Wagyegye ada mu wᴐ atε anaa mpikyi anaa sumuε a εyε ahahamono ne ‘Kapεt’ fεfεεfε so. info
التفاسير:

external-link copy
77 : 55

فَبِأَيِّ ءَالَآءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ

Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ? info
التفاسير:

external-link copy
78 : 55

تَبَٰرَكَ ٱسۡمُ رَبِّكَ ذِي ٱلۡجَلَٰلِ وَٱلۡإِكۡرَامِ

Nhyira ne wo Wura Nyankopͻn din, Ɔno na Kεseyε ne Animuonyam yε Ne dea. info
التفاسير: