Përkthimi i kuptimeve të Kuranit Fisnik - Përkthimi akanisht - Ashanti - Harun Ismail

Numri i faqes:close

external-link copy
80 : 9

ٱسۡتَغۡفِرۡ لَهُمۡ أَوۡ لَا تَسۡتَغۡفِرۡ لَهُمۡ إِن تَسۡتَغۡفِرۡ لَهُمۡ سَبۡعِينَ مَرَّةٗ فَلَن يَغۡفِرَ ٱللَّهُ لَهُمۡۚ ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ كَفَرُواْ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦۗ وَٱللَّهُ لَا يَهۡدِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلۡفَٰسِقِينَ

(Nkͻmhyεni), wosrε bͻnefakyε ma wᴐn o, anaasε wansrε bᴐnefakyԑ amma wͻn o, sε wosrε bͻnefakyε mperε aduͻson ma wͻn mpo a, Nyankopͻn mfa wͻn bͻne nkyε wͻn. Efirisε wͻnnye Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no nni. Onyankopͻn deε Ɔnkyerε abͻneεfoͻ no kwan. info
التفاسير:

external-link copy
81 : 9

فَرِحَ ٱلۡمُخَلَّفُونَ بِمَقۡعَدِهِمۡ خِلَٰفَ رَسُولِ ٱللَّهِ وَكَرِهُوٓاْ أَن يُجَٰهِدُواْ بِأَمۡوَٰلِهِمۡ وَأَنفُسِهِمۡ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ وَقَالُواْ لَا تَنفِرُواْ فِي ٱلۡحَرِّۗ قُلۡ نَارُ جَهَنَّمَ أَشَدُّ حَرّٗاۚ لَّوۡ كَانُواْ يَفۡقَهُونَ

Wͻn a wͻkaa akyire no anigye wͻ wͻn asetena a, wͻtenaa no wͻ Nyankopͻn Somafoͻ no akyire no ho; wͻmpε sε wͻde wͻn agyapadeε ne wͻn kraa bεko wͻ Nyankopͻn kwan no soͻ. Deε wͻka ne sε: “Monhwε na moampue ankͻ ͻhyew no mu“. Kasε: “Amanehunu gya no yε hye papaapa (kyεn awia a wͻmpε sε wͻkͻfa mu no), sε anka wͻte asεm ase a. info
التفاسير:

external-link copy
82 : 9

فَلۡيَضۡحَكُواْ قَلِيلٗا وَلۡيَبۡكُواْ كَثِيرٗا جَزَآءَۢ بِمَا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ

Enti wͻnsere kakraabi na wͻbɛsu pii (wͻ Atemmuda), na εbεyε akatua ama (dwumadi bͻne) a wͻn nsa kaeε no ho. info
التفاسير:

external-link copy
83 : 9

فَإِن رَّجَعَكَ ٱللَّهُ إِلَىٰ طَآئِفَةٖ مِّنۡهُمۡ فَٱسۡتَـٔۡذَنُوكَ لِلۡخُرُوجِ فَقُل لَّن تَخۡرُجُواْ مَعِيَ أَبَدٗا وَلَن تُقَٰتِلُواْ مَعِيَ عَدُوًّاۖ إِنَّكُمۡ رَضِيتُم بِٱلۡقُعُودِ أَوَّلَ مَرَّةٖ فَٱقۡعُدُواْ مَعَ ٱلۡخَٰلِفِينَ

Enti sε Nyankopͻn san de wo ba (nkͻnkͻnsafoͻ) no mu fekuo bi hͻ, na wͻsrε wo kwan sε (wͻne wo) bεkͻ (ͻkoo) a, kakyerε wͻn sε: “Monka meho ne me nkͻ da, na monka me ho nso ne me nko ntia atamfoͻ nso da, efirisε mopenee so tenaa (fie) deε edi kan no; enti mone wͻn a wͻkaa akyire no ntena (fie) “. info
التفاسير:

external-link copy
84 : 9

وَلَا تُصَلِّ عَلَىٰٓ أَحَدٖ مِّنۡهُم مَّاتَ أَبَدٗا وَلَا تَقُمۡ عَلَىٰ قَبۡرِهِۦٓۖ إِنَّهُمۡ كَفَرُواْ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦ وَمَاتُواْ وَهُمۡ فَٰسِقُونَ

(Nkͻmhyεni), hwε na wamfrε Nyame angu wͻn mu bi a ͻbɛwuo so da, hwε nso na wannyina n’adakamena ho (ammͻ mpaeε amma no). Nokorε sε wͻn apo Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no, na wͻn awu wͻ εberε a wͻyε abͻneεfoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
85 : 9

وَلَا تُعۡجِبۡكَ أَمۡوَٰلُهُمۡ وَأَوۡلَٰدُهُمۡۚ إِنَّمَا يُرِيدُ ٱللَّهُ أَن يُعَذِّبَهُم بِهَا فِي ٱلدُّنۡيَا وَتَزۡهَقَ أَنفُسُهُمۡ وَهُمۡ كَٰفِرُونَ

Na εmma wͻn agyapadeε ne wͻn mma no nyε wo nwanwa (anaa εmma no nyε wo fε). Deε Nyankopͻn repε ne sε Ɔde bεtwe wͻn aso wͻ wiase, na wͻn kraa bɛfiri wͻn mu (anaa wͻbɛwu) wͻ aberε a wͻyε (Kaafir) boniayεfoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
86 : 9

وَإِذَآ أُنزِلَتۡ سُورَةٌ أَنۡ ءَامِنُواْ بِٱللَّهِ وَجَٰهِدُواْ مَعَ رَسُولِهِ ٱسۡتَـٔۡذَنَكَ أُوْلُواْ ٱلطَّوۡلِ مِنۡهُمۡ وَقَالُواْ ذَرۡنَا نَكُن مَّعَ ٱلۡقَٰعِدِينَ

Sε Yesane Suura bi ba sε: “Monnye Nyankopͻn ni, na monka Ne Somafoͻ no ho (ne no mmom) nko a, wͻn mu adefoͻ no srε wo kwan, deε wͻka ne sε: “Gya yεn (wͻ akyire), yεbεka wͻn a wͻte (fie) no ho”. info
التفاسير: