Përkthimi i kuptimeve të Kuranit Fisnik - Përkthimi akanisht - Ashanti - Harun Ismail

Al-Buruuj

external-link copy
1 : 85

وَٱلسَّمَآءِ ذَاتِ ٱلۡبُرُوجِ

Mede ͻsoro a, ɛkuta Nsoromma akεseε, info
التفاسير:

external-link copy
2 : 85

وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡمَوۡعُودِ

Ne εda a yɛahyε ho bͻ no, info
التفاسير:

external-link copy
3 : 85

وَشَاهِدٖ وَمَشۡهُودٖ

Ne ͻdanseni no, ne adeε a, ͻredi ho adanseε no di nse sε: info
التفاسير:

external-link copy
4 : 85

قُتِلَ أَصۡحَٰبُ ٱلۡأُخۡدُودِ

Due nka wͻn a wͻtuu Amena (de agyidiefoͻ guu mu hyee wͻn)- info
التفاسير:

external-link copy
5 : 85

ٱلنَّارِ ذَاتِ ٱلۡوَقُودِ

Wͻ ogya tanaa a, yɛasͻ ano mu no. info
التفاسير:

external-link copy
6 : 85

إِذۡ هُمۡ عَلَيۡهَا قُعُودٞ

Ɛberε a, na wͻkoto (ogya) no ho no, info
التفاسير:

external-link copy
7 : 85

وَهُمۡ عَلَىٰ مَا يَفۡعَلُونَ بِٱلۡمُؤۡمِنِينَ شُهُودٞ

Na wɔnom ara yɛ adansefoɔ wɔ neɛ na wɔredeyɛ agyidifoɔ no. info
التفاسير:

external-link copy
8 : 85

وَمَا نَقَمُواْ مِنۡهُمۡ إِلَّآ أَن يُؤۡمِنُواْ بِٱللَّهِ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡحَمِيدِ

Ɛnyε hwee ho nti na wͻhyεε wͻn aniεyaa, na mmom sε wͻn agye Otumfoͻ, Ayeyie Wura Nyankopͻn no adi nti. info
التفاسير:

external-link copy
9 : 85

ٱلَّذِي لَهُۥ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ شَهِيدٌ

(Nyankopͻn) no a, ͻsoro ne Asaase so Ahennie yε Ne dea no. Onyankopͻn deε Odi biribiara ho adanseε. info
التفاسير:

external-link copy
10 : 85

إِنَّ ٱلَّذِينَ فَتَنُواْ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَٱلۡمُؤۡمِنَٰتِ ثُمَّ لَمۡ يَتُوبُواْ فَلَهُمۡ عَذَابُ جَهَنَّمَ وَلَهُمۡ عَذَابُ ٱلۡحَرِيقِ

Wͻn a wͻtan agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no ani, na wͻn ansakra wͻn adwene no, wͻbɛnya Amanehunu gya no mu asotwee, na wͻsan wͻ ͻhyeε asotwee. info
التفاسير:

external-link copy
11 : 85

إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ لَهُمۡ جَنَّٰتٞ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُۚ ذَٰلِكَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡكَبِيرُ

Nokorε sε, wͻn a wͻagye adie, na wͻdii dwuma pa no, wͻbɛnya Ahemman a, nsubͻnten nenam aseε; na εno ne Nkonimdie kεseε no. info
التفاسير:

external-link copy
12 : 85

إِنَّ بَطۡشَ رَبِّكَ لَشَدِيدٌ

Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn buma (anaasε N’asotwee) mu yε den papaapa. info
التفاسير:

external-link copy
13 : 85

إِنَّهُۥ هُوَ يُبۡدِئُ وَيُعِيدُ

Nokorε sε, Ɔno na Ɔhyεε aseε bͻͻ adeε, εna Ɔbεsan de aba nkwa mu bio. info
التفاسير:

external-link copy
14 : 85

وَهُوَ ٱلۡغَفُورُ ٱلۡوَدُودُ

Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔdͻ ne Ayεmyε Wura no, info
التفاسير:

external-link copy
15 : 85

ذُو ٱلۡعَرۡشِ ٱلۡمَجِيدُ

(Ɔne) Animuonyam Ahennwa Hene no, info
التفاسير:

external-link copy
16 : 85

فَعَّالٞ لِّمَا يُرِيدُ

(Otumfoͻ a) Ɔyε deε Ɔpε. info
التفاسير:

external-link copy
17 : 85

هَلۡ أَتَىٰكَ حَدِيثُ ٱلۡجُنُودِ

(Ɔkͻmhyεni), asraafoͻ no ho asεm no abɛduru wo hͻ? info
التفاسير:

external-link copy
18 : 85

فِرۡعَوۡنَ وَثَمُودَ

(Ɛyε) Farao ne Samuud (asraafoͻ no)? info
التفاسير:

external-link copy
19 : 85

بَلِ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ فِي تَكۡذِيبٖ

Nanso wͻn a wͻnnye nnie no gu so po (Nokorε no). info
التفاسير:

external-link copy
20 : 85

وَٱللَّهُ مِن وَرَآئِهِم مُّحِيطُۢ

Nyankopͻn firi wͻn akyi atwa ahyia. info
التفاسير:

external-link copy
21 : 85

بَلۡ هُوَ قُرۡءَانٞ مَّجِيدٞ

Aane, εyε Qur’aan, Animuonyam (Nwoma) noa, info
التفاسير:

external-link copy
22 : 85

فِي لَوۡحٖ مَّحۡفُوظِۭ

Ɛwͻ (Nyankopͻn) Apaawa (Lawuhul-Mah’fuuz) a, (Soro abͻfoͻ) bͻ ho ban no so. info
التفاسير: