Përkthimi i kuptimeve të Kuranit Fisnik - Përkthimi akanisht - Ashanti - Harun Ismail

Al-Insaan

external-link copy
1 : 76

هَلۡ أَتَىٰ عَلَى ٱلۡإِنسَٰنِ حِينٞ مِّنَ ٱلدَّهۡرِ لَمۡ يَكُن شَيۡـٔٗا مَّذۡكُورًا

Nokorε sε εberε bi baa onipa so a, na ͻnyε biribi a yεbͻ din. info
التفاسير:

external-link copy
2 : 76

إِنَّا خَلَقۡنَا ٱلۡإِنسَٰنَ مِن نُّطۡفَةٍ أَمۡشَاجٖ نَّبۡتَلِيهِ فَجَعَلۡنَٰهُ سَمِيعَۢا بَصِيرًا

Nokorε sε, Yεbͻͻ onipa firi (ͻbarima ne ͻbaa) ahobae a adi afra mu sε yεresͻ no ahwε, enti Yɛmaa no aso ne ani. info
التفاسير:

external-link copy
3 : 76

إِنَّا هَدَيۡنَٰهُ ٱلسَّبِيلَ إِمَّا شَاكِرٗا وَإِمَّا كَفُورًا

Nokorԑ sε, Yakyerε no ͻkwan no;- Deε ͻfa so a ɔbɛyi (Nyankopͻn) ayε anaa deε ͻfa so a ɔbɛyi (Nyankopͻn) boniayε. info
التفاسير:

external-link copy
4 : 76

إِنَّآ أَعۡتَدۡنَا لِلۡكَٰفِرِينَ سَلَٰسِلَاْ وَأَغۡلَٰلٗا وَسَعِيرًا

Nokorε sε, Yɛasiesie dadeԑ nkͻnsͻnkͻnsͻn ne dadewεnfoͻ ne Amanehunu gya ato hͻ ama (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
5 : 76

إِنَّ ٱلۡأَبۡرَارَ يَشۡرَبُونَ مِن كَأۡسٖ كَانَ مِزَاجُهَا كَافُورًا

Ampa sε, apapafoͻ no bεnom kuruwa bi mu a, (emu nsuo no) deε yεde afra ne ‘Kaafuur’ anaasε Kamfa. info
التفاسير:

external-link copy
6 : 76

عَيۡنٗا يَشۡرَبُ بِهَا عِبَادُ ٱللَّهِ يُفَجِّرُونَهَا تَفۡجِيرٗا

Ɛyε asutire bi a Nyankopͻn nkoa no bεnom mu (nsuo), na εbεtene abu so. info
التفاسير:

external-link copy
7 : 76

يُوفُونَ بِٱلنَّذۡرِ وَيَخَافُونَ يَوۡمٗا كَانَ شَرُّهُۥ مُسۡتَطِيرٗا

(Saa apapafoͻ no ne wͻn a) wͻdi wͻn bͻhyε soͻ, san suro Ɛda no a, emu bͻne trε kͻ akyirikyiri no. info
التفاسير:

external-link copy
8 : 76

وَيُطۡعِمُونَ ٱلطَّعَامَ عَلَىٰ حُبِّهِۦ مِسۡكِينٗا وَيَتِيمٗا وَأَسِيرًا

Na wͻma ohiani ne awisiaa neɛ wakyiri no dedua aduane di, εnam Nyankopͻn ho dͻ nti. info
التفاسير:

external-link copy
9 : 76

إِنَّمَا نُطۡعِمُكُمۡ لِوَجۡهِ ٱللَّهِ لَا نُرِيدُ مِنكُمۡ جَزَآءٗ وَلَا شُكُورًا

(Deε wͻka ne sε): Yε deε yεrema mo aduane adi de ahwehwε Nyankopͻn hͻ animuonyam; yεnhwehwε akatua anaa aseda bi wͻ mo hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
10 : 76

إِنَّا نَخَافُ مِن رَّبِّنَا يَوۡمًا عَبُوسٗا قَمۡطَرِيرٗا

Efirisε, yɛsuro muna ne ahokyerε Da kεseε a efiri yεn Wura Nyankopͻn hͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
11 : 76

فَوَقَىٰهُمُ ٱللَّهُ شَرَّ ذَٰلِكَ ٱلۡيَوۡمِ وَلَقَّىٰهُمۡ نَضۡرَةٗ وَسُرُورٗا

Enti Onyankopͻn bɛyi wͻn afri saa Da no bͻne mu, ama wͻn ahyia anigyeε ne ahosεpε. info
التفاسير:

external-link copy
12 : 76

وَجَزَىٰهُم بِمَا صَبَرُواْ جَنَّةٗ وَحَرِيرٗا

Aboterε a wͻnyaaeε no ho nti, Ɔde Aheman ne serekye (anaa kyeme) ntoma bɛtua wͻn ka; info
التفاسير:

external-link copy
13 : 76

مُّتَّكِـِٔينَ فِيهَا عَلَى ٱلۡأَرَآئِكِۖ لَا يَرَوۡنَ فِيهَا شَمۡسٗا وَلَا زَمۡهَرِيرٗا

Wͻbεgyegye ada mu wͻ Ahennwa so wͻ (Aheman no) mu; wͻnhunu awia (hyew) anaasε awͻ a ano yε den wͻ hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
14 : 76

وَدَانِيَةً عَلَيۡهِمۡ ظِلَٰلُهَا وَذُلِّلَتۡ قُطُوفُهَا تَذۡلِيلٗا

(Aheman no mu nnua no) nwunu no bεbεn akata wͻn so, na emu nnuaba no nso bεbεn wͻn paa (ama ne teε ayε mmrε ama wͻn). info
التفاسير:

external-link copy
15 : 76

وَيُطَافُ عَلَيۡهِم بِـَٔانِيَةٖ مِّن فِضَّةٖ وَأَكۡوَابٖ كَانَتۡ قَوَارِيرَا۠

Nkuruwa bi nso a εyε dwetε, ne senya nkuruwa bɛtwa wͻn ho ahyia, info
التفاسير:

external-link copy
16 : 76

قَوَارِيرَاْ مِن فِضَّةٖ قَدَّرُوهَا تَقۡدِيرٗا

Senya nkruwaa a εhyerεn te sε dwetε. Yɛasusu no pεpεεpε (sεdeε wͻpε no). info
التفاسير:

external-link copy
17 : 76

وَيُسۡقَوۡنَ فِيهَا كَأۡسٗا كَانَ مِزَاجُهَا زَنجَبِيلًا

Yεbεma wͻn asan anom kuruwa bi a, (emu nsuo no) afradeε yε ‘Zanjabiil’ wͻ (Aheman no) mu. info
التفاسير:

external-link copy
18 : 76

عَيۡنٗا فِيهَا تُسَمَّىٰ سَلۡسَبِيلٗا

Asutire bi wͻ (Aheman no) mu, yεfrε no ‘Salsabiil’. info
التفاسير:

external-link copy
19 : 76

۞ وَيَطُوفُ عَلَيۡهِمۡ وِلۡدَٰنٞ مُّخَلَّدُونَ إِذَا رَأَيۡتَهُمۡ حَسِبۡتَهُمۡ لُؤۡلُؤٗا مَّنثُورٗا

Mmeranteε a wͻn mfeɛ no te sε deε εteε daa bɛdi wͻn ho akͻneaba (asom wͻn); sε wohu (saa mmeranteε) no a wobεka sε nhwene pa bi a yɛato apete. info
التفاسير:

external-link copy
20 : 76

وَإِذَا رَأَيۡتَ ثَمَّ رَأَيۡتَ نَعِيمٗا وَمُلۡكٗا كَبِيرًا

Na sε wohwε (Aheman no mu) a, εhͻ na wohunu anigyeε ne Ahennie kεseε. info
التفاسير:

external-link copy
21 : 76

عَٰلِيَهُمۡ ثِيَابُ سُندُسٍ خُضۡرٞ وَإِسۡتَبۡرَقٞۖ وَحُلُّوٓاْ أَسَاوِرَ مِن فِضَّةٖ وَسَقَىٰهُمۡ رَبُّهُمۡ شَرَابٗا طَهُورًا

Wͻbɛfira serekye ntoma pa a εyε ahahan-mono, εna ago; na yεde dwetε nkapo asiesie wͻn. Na wͻn Wura Nyankopͻn bεma wͻn nsu kronkron anom. info
التفاسير:

external-link copy
22 : 76

إِنَّ هَٰذَا كَانَ لَكُمۡ جَزَآءٗ وَكَانَ سَعۡيُكُم مَّشۡكُورًا

(Yεbεka akyerε wͻn sε): “Nokorε, woi ne moakatua, mommͻden a mobͻeε no so aseda nie”. info
التفاسير:

external-link copy
23 : 76

إِنَّا نَحۡنُ نَزَّلۡنَا عَلَيۡكَ ٱلۡقُرۡءَانَ تَنزِيلٗا

(Nkͻmhyεni), nokorε sε, Yεn na Yɛsiane Qur’aan no nkakrankakra maa woͻ, info
التفاسير:

external-link copy
24 : 76

فَٱصۡبِرۡ لِحُكۡمِ رَبِّكَ وَلَا تُطِعۡ مِنۡهُمۡ ءَاثِمًا أَوۡ كَفُورٗا

Enti nya aboterε fama wo Wura Nyankopͻn atemmuo no, na entie wͻn mu ɔbͻnefo anaasε boniayεni biara. info
التفاسير:

external-link copy
25 : 76

وَٱذۡكُرِ ٱسۡمَ رَبِّكَ بُكۡرَةٗ وَأَصِيلٗا

Na bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin anͻpa ne anwumerε. info
التفاسير:

external-link copy
26 : 76

وَمِنَ ٱلَّيۡلِ فَٱسۡجُدۡ لَهُۥ وَسَبِّحۡهُ لَيۡلٗا طَوِيلًا

Anadwo no mu bi nso fa w’anim butu fͻm fama no, na fa anadwo no mu berε tenten tontom no. info
التفاسير:

external-link copy
27 : 76

إِنَّ هَٰٓؤُلَآءِ يُحِبُّونَ ٱلۡعَاجِلَةَ وَيَذَرُونَ وَرَآءَهُمۡ يَوۡمٗا ثَقِيلٗا

Nokorε sε, saa nkorͻfoͻ yi pε seesei (wiase asetena yi), na wͻbu wͻn ani gu Ɛda a emu (asεm) yε den (a εda wͻn anim) no so. info
التفاسير:

external-link copy
28 : 76

نَّحۡنُ خَلَقۡنَٰهُمۡ وَشَدَدۡنَآ أَسۡرَهُمۡۖ وَإِذَا شِئۡنَا بَدَّلۡنَآ أَمۡثَٰلَهُمۡ تَبۡدِيلًا

Yεn na Yεbͻͻ wͻn, hyεε wͻn mpamuden; sε Yεpε a Yεbεsesa wͻn korakora de wͻn sεso (foforͻ) abεhyε wͻn anam mu. info
التفاسير:

external-link copy
29 : 76

إِنَّ هَٰذِهِۦ تَذۡكِرَةٞۖ فَمَن شَآءَ ٱتَّخَذَ إِلَىٰ رَبِّهِۦ سَبِيلٗا

Nokorε sε, saa (Qur’aan yi) yε afutusεm (mamo), enti obi a ͻpε no ͻnfa ͻkwan a εkͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ no so. info
التفاسير:

external-link copy
30 : 76

وَمَا تَشَآءُونَ إِلَّآ أَن يَشَآءَ ٱللَّهُۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ عَلِيمًا حَكِيمٗا

Ԑnyε sεdeε mopε, (na εbεyε hͻ) na mmom sεdeε Nyankopͻn pε. Nokorε, Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
31 : 76

يُدۡخِلُ مَن يَشَآءُ فِي رَحۡمَتِهِۦۚ وَٱلظَّٰلِمِينَ أَعَدَّ لَهُمۡ عَذَابًا أَلِيمَۢا

Ɔde obi a Ɔpε Wura N’ahummͻborͻ no mu; na abͻneεfoͻ no deε Wasiesie asotwee a εyε ya paa ato wͻn hͻ. info
التفاسير: