Përkthimi i kuptimeve të Kuranit Fisnik - Përkthimi akanisht - Ashanti - Harun Ismail

Numri i faqes:close

external-link copy
46 : 5

وَقَفَّيۡنَا عَلَىٰٓ ءَاثَٰرِهِم بِعِيسَى ٱبۡنِ مَرۡيَمَ مُصَدِّقٗا لِّمَا بَيۡنَ يَدَيۡهِ مِنَ ٱلتَّوۡرَىٰةِۖ وَءَاتَيۡنَٰهُ ٱلۡإِنجِيلَ فِيهِ هُدٗى وَنُورٞ وَمُصَدِّقٗا لِّمَا بَيۡنَ يَدَيۡهِ مِنَ ٱلتَّوۡرَىٰةِ وَهُدٗى وَمَوۡعِظَةٗ لِّلۡمُتَّقِينَ

Wͻn anamͻn so na Yε’maa Mar’yam ba Yesu bεfaeε sε, ͻmεhyε Tora a edii n’anim kan no mma, na Y’εmaa no Injeel a na kwankyerε ne nhyerεnee wͻ mu dehyεε Tora a edi n’anim kan no mma; na εyε kwankyerε ne afutusεm dema Nyame-surofoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
47 : 5

وَلۡيَحۡكُمۡ أَهۡلُ ٱلۡإِنجِيلِ بِمَآ أَنزَلَ ٱللَّهُ فِيهِۚ وَمَن لَّمۡ يَحۡكُم بِمَآ أَنزَلَ ٱللَّهُ فَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡفَٰسِقُونَ

Enti ma wͻn a Injeel yε wͻn dea no mfa deε Nyankopͻn asiane wͻ mu no mmu atεn. Na obi a wannfa deε Nyankopͻn asiane aba no ammu atεn no, saa nkorͻfoͻ no ne abͻneεfoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
48 : 5

وَأَنزَلۡنَآ إِلَيۡكَ ٱلۡكِتَٰبَ بِٱلۡحَقِّ مُصَدِّقٗا لِّمَا بَيۡنَ يَدَيۡهِ مِنَ ٱلۡكِتَٰبِ وَمُهَيۡمِنًا عَلَيۡهِۖ فَٱحۡكُم بَيۡنَهُم بِمَآ أَنزَلَ ٱللَّهُۖ وَلَا تَتَّبِعۡ أَهۡوَآءَهُمۡ عَمَّا جَآءَكَ مِنَ ٱلۡحَقِّۚ لِكُلّٖ جَعَلۡنَا مِنكُمۡ شِرۡعَةٗ وَمِنۡهَاجٗاۚ وَلَوۡ شَآءَ ٱللَّهُ لَجَعَلَكُمۡ أُمَّةٗ وَٰحِدَةٗ وَلَٰكِن لِّيَبۡلُوَكُمۡ فِي مَآ ءَاتَىٰكُمۡۖ فَٱسۡتَبِقُواْ ٱلۡخَيۡرَٰتِۚ إِلَى ٱللَّهِ مَرۡجِعُكُمۡ جَمِيعٗا فَيُنَبِّئُكُم بِمَا كُنتُمۡ فِيهِ تَخۡتَلِفُونَ

Yε’de Nokorε no na asiane Nwoma no ama woͻ, sεdeε εbεhyε Nwoma a edii n’anim kan no mma, na adi ho adanseε na abͻ ho ban. Enti gyina deε Nyankopͻn asiane aba no so na bu wͻn ntεm atεn. Na enni wͻn apεdeε hunu no akyi wͻ akyire yi a wonsa aka Nokorε no. Y’εyεε mmra maa momu (ͻman biara) ne kwan (a mobεfa so de asom Nyame asan de abu mo man). Sε εyε Nyankopͻn pε a, anka Ɔyεε mo nyinaa ͻman baako, na mmom sεdeε Ɔde deε Ɔde ama mo no bεsͻ mo ahwε nti. Enti moni akansie wͻ papa yε ho. Nyankopͻn hͻ na mo nyinaa bεsan akͻ na deε monte moho aseε wͻ ho no W’abͻ mo ho amaneε. info
التفاسير:

external-link copy
49 : 5

وَأَنِ ٱحۡكُم بَيۡنَهُم بِمَآ أَنزَلَ ٱللَّهُ وَلَا تَتَّبِعۡ أَهۡوَآءَهُمۡ وَٱحۡذَرۡهُمۡ أَن يَفۡتِنُوكَ عَنۢ بَعۡضِ مَآ أَنزَلَ ٱللَّهُ إِلَيۡكَۖ فَإِن تَوَلَّوۡاْ فَٱعۡلَمۡ أَنَّمَا يُرِيدُ ٱللَّهُ أَن يُصِيبَهُم بِبَعۡضِ ذُنُوبِهِمۡۗ وَإِنَّ كَثِيرٗا مِّنَ ٱلنَّاسِ لَفَٰسِقُونَ

Enti fa deε Nyankopͻn asiane aba no bu wͻn ntεm atεn, na hwε yie na w’anni wͻn apεdeε akyi, na yε ahwεyie wͻ wͻn ho na w’anntwe wo anfri deε Nyankopͻn asiane ama woͻ no bi ho. Nasε wͻ’dane wͻn ho (fri Nokorε no ho) a, εneε hunu sε, Nyankopͻn na Ɔpεsε Ɔde wͻn bͻne no mu bi twe wͻn aso. Na nokorε sε, nnipa no mu pii yε abͻneεfoͻ paa. info
التفاسير:

external-link copy
50 : 5

أَفَحُكۡمَ ٱلۡجَٰهِلِيَّةِ يَبۡغُونَۚ وَمَنۡ أَحۡسَنُ مِنَ ٱللَّهِ حُكۡمٗا لِّقَوۡمٖ يُوقِنُونَ

Anaasε abagyimifoͻ no atemmuo no bi na wͻ’rehwehwε? Hwan na onim atemmuo pa kyεn Nyankopͻn dema amanfoͻ a wͻn gyidie si pie no? info
التفاسير: