ශුද්ධවූ අල් කුර්ආන් අර්ථ කථනය - අකාන් පරිවර්තනය - අශාන්ති - හාරූන් ඉස්මාඊල්

පිටු අංක:close

external-link copy
123 : 9

يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ قَٰتِلُواْ ٱلَّذِينَ يَلُونَكُم مِّنَ ٱلۡكُفَّارِ وَلۡيَجِدُواْ فِيكُمۡ غِلۡظَةٗۚ وَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّ ٱللَّهَ مَعَ ٱلۡمُتَّقِينَ

Mo a moagye adie, mone boniayεfoͻ a wͻbεn mo no nko, na momma wͻn nhunu sε moyε den; na monhunu sε, nokorε Onyankopͻn ka Nyamesurofoͻ no ho. info
التفاسير:

external-link copy
124 : 9

وَإِذَا مَآ أُنزِلَتۡ سُورَةٞ فَمِنۡهُم مَّن يَقُولُ أَيُّكُمۡ زَادَتۡهُ هَٰذِهِۦٓ إِيمَٰنٗاۚ فَأَمَّا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ فَزَادَتۡهُمۡ إِيمَٰنٗا وَهُمۡ يَسۡتَبۡشِرُونَ

Ԑberε biara a Suura bi bɛsane aba no, wͻn mu (nkͻnkͻnsafoͻ no) bi wͻ hͻ a deε wͻka ne sε: ”Momu hwan na wei de gyedie foforͻ abεka ne gyidie ho?” Mmom wͻn a wͻagye adie no deε εde gyidie foforͻ aka wͻn gyidie ho, na wͻn anigye (ho) nso. info
التفاسير:

external-link copy
125 : 9

وَأَمَّا ٱلَّذِينَ فِي قُلُوبِهِم مَّرَضٞ فَزَادَتۡهُمۡ رِجۡسًا إِلَىٰ رِجۡسِهِمۡ وَمَاتُواْ وَهُمۡ كَٰفِرُونَ

Wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no deε, efii na wonya ka wͻn fii no ho, na wͻbɛwu aberε a wͻyε (Kaafir) aboniayεfoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
126 : 9

أَوَلَا يَرَوۡنَ أَنَّهُمۡ يُفۡتَنُونَ فِي كُلِّ عَامٖ مَّرَّةً أَوۡ مَرَّتَيۡنِ ثُمَّ لَا يَتُوبُونَ وَلَا هُمۡ يَذَّكَّرُونَ

Wͻnhunuu sε afe biara yεsͻ wͻn hwε prεko anaasε mprenu? Nanso wͻnsakra wͻn adwen na wͻmfa ntu wͻn ho fo nso. info
التفاسير:

external-link copy
127 : 9

وَإِذَا مَآ أُنزِلَتۡ سُورَةٞ نَّظَرَ بَعۡضُهُمۡ إِلَىٰ بَعۡضٍ هَلۡ يَرَىٰكُم مِّنۡ أَحَدٖ ثُمَّ ٱنصَرَفُواْۚ صَرَفَ ٱللَّهُ قُلُوبَهُم بِأَنَّهُمۡ قَوۡمٞ لَّا يَفۡقَهُونَ

Ԑberε biara a Suura bi bɛsane aba no, (nkͻnkͻnsafoͻ) no hwε wͻn ho wͻn ho anim (ka sε):” Obi hu mo anaa?” Afei na wadane wͻn ho. Onyankopͻn adane wͻn akoma (afiri deε nokorε no wͻ no) efirisε wͻyε nnipa a wͻnte asεm aseε. info
التفاسير:

external-link copy
128 : 9

لَقَدۡ جَآءَكُمۡ رَسُولٞ مِّنۡ أَنفُسِكُمۡ عَزِيزٌ عَلَيۡهِ مَا عَنِتُّمۡ حَرِيصٌ عَلَيۡكُم بِٱلۡمُؤۡمِنِينَ رَءُوفٞ رَّحِيمٞ

Ampa sԑ, Ɔsomafoͻ firi mo mu aba mo nkyεn; deε εha no paa ne sε morekͻtͻ ͻsεeε mu, na (ͻyε) ntimmͻborͻ ne mmͻborͻhunufoͻ dema agyidiefoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
129 : 9

فَإِن تَوَلَّوۡاْ فَقُلۡ حَسۡبِيَ ٱللَّهُ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ عَلَيۡهِ تَوَكَّلۡتُۖ وَهُوَ رَبُّ ٱلۡعَرۡشِ ٱلۡعَظِيمِ

Nasε wͻdane wͻn ho (firi Nokorε no ho) a, εneε (Nkͻmhyεni), ka sε: Onyankopͻn som bo ma me, Awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara. Neso na mede me ho toͻ, na Ɔne Ahennie Kεseε no Wura no. info
التفاسير: