ශුද්ධවූ අල් කුර්ආන් අර්ථ කථනය - අකාන් පරිවර්තනය - අශාන්ති - හාරූන් ඉස්මාඊල්

At-Tauba

external-link copy
1 : 9

بَرَآءَةٞ مِّنَ ٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦٓ إِلَى ٱلَّذِينَ عَٰهَدتُّم مِّنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ

(Wei yε nkaebɔ a) ɛfiri Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no hͻ dema abosomsomfoͻ no a (mo Muslimifoͻ) ne wͻn ayε apam no sε, (Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ) atwe wͻn ho . info
التفاسير:

external-link copy
2 : 9

فَسِيحُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ أَرۡبَعَةَ أَشۡهُرٖ وَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّكُمۡ غَيۡرُ مُعۡجِزِي ٱللَّهِ وَأَنَّ ٱللَّهَ مُخۡزِي ٱلۡكَٰفِرِينَ

Enti modeε monante wͻ asaase no so bosome nnan, na mmom monhunu sε montumi nsesa Nyankopͻn nhyehyεε; na Nyankopͻn bɛgu boniayεfoͻ no anim ase. info
التفاسير:

external-link copy
3 : 9

وَأَذَٰنٞ مِّنَ ٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦٓ إِلَى ٱلنَّاسِ يَوۡمَ ٱلۡحَجِّ ٱلۡأَكۡبَرِ أَنَّ ٱللَّهَ بَرِيٓءٞ مِّنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ وَرَسُولُهُۥۚ فَإِن تُبۡتُمۡ فَهُوَ خَيۡرٞ لَّكُمۡۖ وَإِن تَوَلَّيۡتُمۡ فَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّكُمۡ غَيۡرُ مُعۡجِزِي ٱللَّهِۗ وَبَشِّرِ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِعَذَابٍ أَلِيمٍ

(Wei yε) amanebͻ a ɛfiri Nyankopͻn ne Ne somafͻo no hͻ sε, εntͻ amanfoͻ anim wͻ Hajji da kεseε no mu sε: “Nyankopͻn ne Ne somafoͻ atwe wͻn ho afiri abosomsomfoͻ no ho. Enti sε mosakra moadwen a, εno na εyε ma mo, na sε modane moakyi dema (Nokorε no) a, εneε monhunu sε, montumi mfiri Nyankopͻn akyi nnwane. Enti fa asotwee yaaya no ho anohoba bͻ wͻn a wͻpo (nokorԑ) no “. info
التفاسير:

external-link copy
4 : 9

إِلَّا ٱلَّذِينَ عَٰهَدتُّم مِّنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ ثُمَّ لَمۡ يَنقُصُوكُمۡ شَيۡـٔٗا وَلَمۡ يُظَٰهِرُواْ عَلَيۡكُمۡ أَحَدٗا فَأَتِمُّوٓاْ إِلَيۡهِمۡ عَهۡدَهُمۡ إِلَىٰ مُدَّتِهِمۡۚ إِنَّ ٱللَّهَ يُحِبُّ ٱلۡمُتَّقِينَ

Gyesε abosomsomfoͻ no a mone wͻn ayε apam na wͻmmu moapam no so koraa no, na wͻmmoaa obiara (nko) ntiaaa mo, εneε monni wͻn apam no so nkosi εberε a wͻn ahyε. Nokorε sε, Nyankopͻn pε wͻn a wͻsuro Nyankopͻn na wͻyε ahwεyie no asεm. info
التفاسير:

external-link copy
5 : 9

فَإِذَا ٱنسَلَخَ ٱلۡأَشۡهُرُ ٱلۡحُرُمُ فَٱقۡتُلُواْ ٱلۡمُشۡرِكِينَ حَيۡثُ وَجَدتُّمُوهُمۡ وَخُذُوهُمۡ وَٱحۡصُرُوهُمۡ وَٱقۡعُدُواْ لَهُمۡ كُلَّ مَرۡصَدٖۚ فَإِن تَابُواْ وَأَقَامُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَءَاتَوُاْ ٱلزَّكَوٰةَ فَخَلُّواْ سَبِيلَهُمۡۚ إِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٞ

Sε abosome kronkron no twa mu a, monkum abosomsomfoͻ no wͻ baabiara a mobɛnya wͻn, na momfa wͻn nnͻmum, na montaa wͻn so, na montena ntetε wͻn wͻ tetε bea biara mu. Sε wͻsakra wͻn adwen, na wͻfrε Nyame, na wͻyi Zaka a, εneε monyae wͻn, efirisε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene. info
التفاسير:

external-link copy
6 : 9

وَإِنۡ أَحَدٞ مِّنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ ٱسۡتَجَارَكَ فَأَجِرۡهُ حَتَّىٰ يَسۡمَعَ كَلَٰمَ ٱللَّهِ ثُمَّ أَبۡلِغۡهُ مَأۡمَنَهُۥۚ ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ قَوۡمٞ لَّا يَعۡلَمُونَ

Sε abosomsomfoͻ no bi hwehwε wo hͻ ahobammͻ a, bͻ ne ho ban kosi sε ͻbεte Nyankopͻn asεm, na fa no kͻduro n’abodwoeε bea. Ɛnesε, nokorε wͻyε amanfoͻ a wͻnnim (nokorε a εwͻ Islam som no mu). info
التفاسير: