ශුද්ධවූ අල් කුර්ආන් අර්ථ කථනය - අකාන් පරිවර්තනය - අශාන්ති - හාරූන් ඉස්මාඊල්

පිටු අංක:close

external-link copy
39 : 35

هُوَ ٱلَّذِي جَعَلَكُمۡ خَلَٰٓئِفَ فِي ٱلۡأَرۡضِۚ فَمَن كَفَرَ فَعَلَيۡهِ كُفۡرُهُۥۖ وَلَا يَزِيدُ ٱلۡكَٰفِرِينَ كُفۡرُهُمۡ عِندَ رَبِّهِمۡ إِلَّا مَقۡتٗاۖ وَلَا يَزِيدُ ٱلۡكَٰفِرِينَ كُفۡرُهُمۡ إِلَّا خَسَارٗا

Ɔno na Ɔyεε mo ananmusifoͻ wͻ asaase soͻ. Enti obi a ɔbɛyi boniayε no, ne boniayε no tia ͻno ara, na boniayεfoͻ no boniayε no nyε nkͻsoͻ (biara mma wͻn) wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ, gyesε abufuhyeε, na boniayεfoͻ no boniayε no nyε nkͻsoͻ (biara mma wͻn) gyesε berεguo. info
التفاسير:

external-link copy
40 : 35

قُلۡ أَرَءَيۡتُمۡ شُرَكَآءَكُمُ ٱلَّذِينَ تَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ أَرُونِي مَاذَا خَلَقُواْ مِنَ ٱلۡأَرۡضِ أَمۡ لَهُمۡ شِرۡكٞ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ أَمۡ ءَاتَيۡنَٰهُمۡ كِتَٰبٗا فَهُمۡ عَلَىٰ بَيِّنَتٖ مِّنۡهُۚ بَلۡ إِن يَعِدُ ٱلظَّٰلِمُونَ بَعۡضُهُم بَعۡضًا إِلَّا غُرُورًا

Ka kyerε wͻn sε: ‘’Moahunu wͻn a mode wͻn bata (Nyankopͻn) ho na mofiri Nyankopͻn akyi sufrε wᴐn no? Monkyerε me deε wͻn abͻ wͻ asaase so, anaasε wͻn wͻ kyεfa wͻ ͻsoro? Anaasε yɛama wͻn nwoma bi a emu nkyerεkyerεmu na wͻnam soͻ? Aane; Nnebͻneεfoͻ no hyε wͻn ho wͻn ho bᴐ, nanso (wͻn bͻhyԑ no) yε nnaadaa. info
التفاسير:

external-link copy
41 : 35

۞ إِنَّ ٱللَّهَ يُمۡسِكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ أَن تَزُولَاۚ وَلَئِن زَالَتَآ إِنۡ أَمۡسَكَهُمَا مِنۡ أَحَدٖ مِّنۢ بَعۡدِهِۦٓۚ إِنَّهُۥ كَانَ حَلِيمًا غَفُورٗا

Nokorε sε Onyankopͻn na Ɔkuta ͻsoro ne asaase mu sεdeε ɛmfiri (netebea) hͻ. Nasε ɛfiri hͻ a, obiara nnihͻ a ɔbɛtumi asͻ mu ka Neho. Nokorε sε Ɔne Ntoboaseε Hene, Ɔne Bͻnefakyε Wura. info
التفاسير:

external-link copy
42 : 35

وَأَقۡسَمُواْ بِٱللَّهِ جَهۡدَ أَيۡمَٰنِهِمۡ لَئِن جَآءَهُمۡ نَذِيرٞ لَّيَكُونُنَّ أَهۡدَىٰ مِنۡ إِحۡدَى ٱلۡأُمَمِۖ فَلَمَّا جَآءَهُمۡ نَذِيرٞ مَّا زَادَهُمۡ إِلَّا نُفُورًا

Wͻde Nyankopͻn dii wͻn nsedie akεseε no sε: “Sε kͻkͻbͻfoͻ bi baa wͻn hͻ a anka wͻbεyε ateneneefoͻ akyεn ͻman biara. Nanso ͻkͻkͻbͻni baa wͻn hͻ no wͻn annya nkͻsoͻ biara na mmom dwanee (na wͻdwanee nokorε no)-, info
التفاسير:

external-link copy
43 : 35

ٱسۡتِكۡبَارٗا فِي ٱلۡأَرۡضِ وَمَكۡرَ ٱلسَّيِّيِٕۚ وَلَا يَحِيقُ ٱلۡمَكۡرُ ٱلسَّيِّئُ إِلَّا بِأَهۡلِهِۦۚ فَهَلۡ يَنظُرُونَ إِلَّا سُنَّتَ ٱلۡأَوَّلِينَۚ فَلَن تَجِدَ لِسُنَّتِ ٱللَّهِ تَبۡدِيلٗاۖ وَلَن تَجِدَ لِسُنَّتِ ٱللَّهِ تَحۡوِيلًا

Yεε akεsesεm wͻ asaase no so bͻͻ pͻ bͻne; na pͻ bͻne no, ɛnnya obiara na mmom deε ͻbͻͻ (pͻ bͻne no ara na εbenya) no. Enti deε wͻretwεn ara ne (asotwee) a εtoo tetefoͻ no (sεso)? Wonnya nsesaeε wͻ Onyankopͻn kwan no mu, na wonhunu nsakraeε nso wͻ kwan a Onyankopͻn atwa ato hͻ no so. info
التفاسير:

external-link copy
44 : 35

أَوَلَمۡ يَسِيرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَيَنظُرُواْ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ وَكَانُوٓاْ أَشَدَّ مِنۡهُمۡ قُوَّةٗۚ وَمَا كَانَ ٱللَّهُ لِيُعۡجِزَهُۥ مِن شَيۡءٖ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَلَا فِي ٱلۡأَرۡضِۚ إِنَّهُۥ كَانَ عَلِيمٗا قَدِيرٗا

Enti wͻntu kwan wͻ asaase no so nhwε sεdeε wͻn a wͻdii wͻn anim kan no awieeε si wieeɛ? Na wͻn ho yε den sen wͻn wͻ tumi mu. Onyankopᴐn deε biribiara nnihͻ a etumi bu fa ne so wͻ soro anaasε asaase so. Nokorε sε Ɔne Onimdefoͻ, Ɔne Otumfoᴐ. info
التفاسير: