ශුද්ධවූ අල් කුර්ආන් අර්ථ කථනය - අකාන් පරිවර්තනය - අශාන්ති - හාරූන් ඉස්මාඊල්

පිටු අංක:close

external-link copy
12 : 35

وَمَا يَسۡتَوِي ٱلۡبَحۡرَانِ هَٰذَا عَذۡبٞ فُرَاتٞ سَآئِغٞ شَرَابُهُۥ وَهَٰذَا مِلۡحٌ أُجَاجٞۖ وَمِن كُلّٖ تَأۡكُلُونَ لَحۡمٗا طَرِيّٗا وَتَسۡتَخۡرِجُونَ حِلۡيَةٗ تَلۡبَسُونَهَاۖ وَتَرَى ٱلۡفُلۡكَ فِيهِ مَوَاخِرَ لِتَبۡتَغُواْ مِن فَضۡلِهِۦ وَلَعَلَّكُمۡ تَشۡكُرُونَ

Ͻpo mmienu no (mu nsuo) nnyε pε; wei yε abodwo (suo a) ne nom yε dε, wei nso yε nkyenenkyene nyononyonoonyon. Emu biara mu no (monya) nam mono a moweε firi mu, san yi mpempranneε a mode siesie moho firi mu. Mohunu nsuo mu hyεn nso sε εnam asorͻkye mu, sεdeε mode bεhwehwε N’adom na anka mobɛyi (no) ayε. info
التفاسير:

external-link copy
13 : 35

يُولِجُ ٱلَّيۡلَ فِي ٱلنَّهَارِ وَيُولِجُ ٱلنَّهَارَ فِي ٱلَّيۡلِ وَسَخَّرَ ٱلشَّمۡسَ وَٱلۡقَمَرَۖ كُلّٞ يَجۡرِي لِأَجَلٖ مُّسَمّٗىۚ ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمۡ لَهُ ٱلۡمُلۡكُۚ وَٱلَّذِينَ تَدۡعُونَ مِن دُونِهِۦ مَا يَمۡلِكُونَ مِن قِطۡمِيرٍ

Ͻma anadwo wura adekyeԑ mu ԑna Ͻma adekyeԑ nso wura anadwo mu, ԑna Wama awia ne bosome abrԑ wᴐn ho ase. Wᴐn mu biara nam wᴐ berԑ a yɛahyehyԑ so. Wei ne Nyankopᴐn, mo Wura no; Ͻno na ahennie no wᴐ no. Wᴐn a mofiri N’ákyi sufrԑ wᴐn no wᴐnni akyiresua aba hono mpo ho tumi. info
التفاسير:

external-link copy
14 : 35

إِن تَدۡعُوهُمۡ لَا يَسۡمَعُواْ دُعَآءَكُمۡ وَلَوۡ سَمِعُواْ مَا ٱسۡتَجَابُواْ لَكُمۡۖ وَيَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ يَكۡفُرُونَ بِشِرۡكِكُمۡۚ وَلَا يُنَبِّئُكَ مِثۡلُ خَبِيرٖ

Sε mosu frε wͻn a wͻnte mo sufrε; sε wᴐte mpo a wᴐnnye mo so. Atemuda no wͻbεpo sε mode wͻn bataa (Onyankopͻn) ho no. (Saa Da no) obiara ntumi mmͻ mo amaneε tesε deε Biribiara ho Nimdefoͻ no bεbͻ mo (amaneε) no. info
التفاسير:

external-link copy
15 : 35

۞ يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ أَنتُمُ ٱلۡفُقَرَآءُ إِلَى ٱللَّهِۖ وَٱللَّهُ هُوَ ٱلۡغَنِيُّ ٱلۡحَمِيدُ

Adasamma, mo na mohia Nyankopͻn, na Onyankopͻn deε Ɔne Ͻdefoᴐ no, Ɔne Ayɛyie Wura no. info
التفاسير:

external-link copy
16 : 35

إِن يَشَأۡ يُذۡهِبۡكُمۡ وَيَأۡتِ بِخَلۡقٖ جَدِيدٖ

Sε Ɔpε a Ɔbɛyi mo afiri hͻ na Ɔde abɔdeε foforͻ aba (abɛsi moanan mu). info
التفاسير:

external-link copy
17 : 35

وَمَا ذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ بِعَزِيزٖ

Na εno deε εnyε den mma Nyankopͻn koraa, info
التفاسير:

external-link copy
18 : 35

وَلَا تَزِرُ وَازِرَةٞ وِزۡرَ أُخۡرَىٰۚ وَإِن تَدۡعُ مُثۡقَلَةٌ إِلَىٰ حِمۡلِهَا لَا يُحۡمَلۡ مِنۡهُ شَيۡءٞ وَلَوۡ كَانَ ذَا قُرۡبَىٰٓۗ إِنَّمَا تُنذِرُ ٱلَّذِينَ يَخۡشَوۡنَ رَبَّهُم بِٱلۡغَيۡبِ وَأَقَامُواْ ٱلصَّلَوٰةَۚ وَمَن تَزَكَّىٰ فَإِنَّمَا يَتَزَكَّىٰ لِنَفۡسِهِۦۚ وَإِلَى ٱللَّهِ ٱلۡمَصِيرُ

Na obi a ͻso adesoa no nsoa obi foforͻ adesoa. Sε obi a ͻso adesoa a emu yε duro frε ͻfoforͻ (sε ͻmmoa no) na ͻyε nebusuani mpo a, (ontumi) nsoa (n’adesoa no) mu hwee. (Nkͻmhyεni), obi a bͻ no kͻkͻ ne wͻn a wͻsuro Onyankopͻn wͻ nsumaeε mu na wͻfrε Nyame wͻ ne berε mu. Na obi a ͻte (ne kraa) ho no, ͻte (ne kraa) no ho dema ͻno ara ne ho. Na Onyankopͻn hͻ ne (biribiara) nkyi. info
التفاسير: