Ibisobanuro bya qoran ntagatifu - Ibisobanuro bya Qur'an Ntagatifu mu rurimi rw'iki Akan - Ashanti - Haroun Ismaeel.

numero y'urupapuro:close

external-link copy
176 : 4

يَسۡتَفۡتُونَكَ قُلِ ٱللَّهُ يُفۡتِيكُمۡ فِي ٱلۡكَلَٰلَةِۚ إِنِ ٱمۡرُؤٌاْ هَلَكَ لَيۡسَ لَهُۥ وَلَدٞ وَلَهُۥٓ أُخۡتٞ فَلَهَا نِصۡفُ مَا تَرَكَۚ وَهُوَ يَرِثُهَآ إِن لَّمۡ يَكُن لَّهَا وَلَدٞۚ فَإِن كَانَتَا ٱثۡنَتَيۡنِ فَلَهُمَا ٱلثُّلُثَانِ مِمَّا تَرَكَۚ وَإِن كَانُوٓاْ إِخۡوَةٗ رِّجَالٗا وَنِسَآءٗ فَلِلذَّكَرِ مِثۡلُ حَظِّ ٱلۡأُنثَيَيۡنِۗ يُبَيِّنُ ٱللَّهُ لَكُمۡ أَن تَضِلُّواْۗ وَٱللَّهُ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمُۢ

Wɔ’rebisa wo nsεm bi ho atemmuo. Ka sε: “Onyankopɔn rekyerε mo fa onipa a onni awofoͻ anaa εmma. Sε obi wu na onni ba na ͻwͻ nua baa a, onua baa no kyεfa yε deε (owufoͻ no) wugyaeε no mu fa; na sε onua baa no nso nni ba (na owu na ne nua barima te ase a), ͻno na obedi (ne nua baa no) adeε. Na sε (nnua mmaa) mmienu na εwͻ hͻ a, wɔn mmienu bεfa nkyemu mmiεnsa mu mmienu. Nasε wɔ’kɔyε anuanom a mmarima ne mmaa wɔ mu a, εneε ͻbarima (baako) kyεfa tesε mmaa mmienu kyεfa”. Onyankopɔn rekyerεkyerε (mmra no) mu akyerε mo sεdeε εmma monkɔyera. Onyankopɔn ne biribiara ho Nimdefoͻ. info
التفاسير: