Vertaling van de betekenissen Edele Qur'an - De Akan vertaling - Ashanti - Haroun Ismail

Pagina nummer:close

external-link copy
12 : 49

يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱجۡتَنِبُواْ كَثِيرٗا مِّنَ ٱلظَّنِّ إِنَّ بَعۡضَ ٱلظَّنِّ إِثۡمٞۖ وَلَا تَجَسَّسُواْ وَلَا يَغۡتَب بَّعۡضُكُم بَعۡضًاۚ أَيُحِبُّ أَحَدُكُمۡ أَن يَأۡكُلَ لَحۡمَ أَخِيهِ مَيۡتٗا فَكَرِهۡتُمُوهُۚ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَۚ إِنَّ ٱللَّهَ تَوَّابٞ رَّحِيمٞ

Mo a moagye adie, montwe mo ho mfiri m’adwen yε me sε (onya a ͻbεyε) bebrebe no ho; nokorε sε, m’adwen yε me sε (onya a ͻbεyε) no mu bi yε bͻne. Na monhwε na moantetεtetε (mo ho) na monhwε na moanka mo ho-mo ho akyiri asεm. Mo mu bi pε sε ͻwe ne nua a wawuo nam? Mokyiri saa. Enti monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn na Ɔgye adwen sakra, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene. info
التفاسير:

external-link copy
13 : 49

يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ إِنَّا خَلَقۡنَٰكُم مِّن ذَكَرٖ وَأُنثَىٰ وَجَعَلۡنَٰكُمۡ شُعُوبٗا وَقَبَآئِلَ لِتَعَارَفُوٓاْۚ إِنَّ أَكۡرَمَكُمۡ عِندَ ٱللَّهِ أَتۡقَىٰكُمۡۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلِيمٌ خَبِيرٞ

Adasamma, nokorε sε Yεbͻͻ mo firii ͻbarima (Adam) ne ͻbaa (Hawa) mu, εna Yɛayε mo nntͻn ne mmusua kuo sεdeε mobɛhunu mo ho, (na mmom εnyε sε mobɛbu mo ho mo ho animtia). Nokorε sε mo mu onimuonyamfoͻ wͻ Nyankopͻn hͻ deε ͻne mo mu Nyamesuroni. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Amanebͻ Wura. info
التفاسير:

external-link copy
14 : 49

۞ قَالَتِ ٱلۡأَعۡرَابُ ءَامَنَّاۖ قُل لَّمۡ تُؤۡمِنُواْ وَلَٰكِن قُولُوٓاْ أَسۡلَمۡنَا وَلَمَّا يَدۡخُلِ ٱلۡإِيمَٰنُ فِي قُلُوبِكُمۡۖ وَإِن تُطِيعُواْ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ لَا يَلِتۡكُم مِّنۡ أَعۡمَٰلِكُمۡ شَيۡـًٔاۚ إِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٌ

Ɛserε so Arabfoͻ no ka sε: “Yɛagye adi. (Nkͻmhyεni), ka kyerε wͻn sε: “Monya nnye nnii, na mmom monka sε: Yɛaberε yεn ho ase (ayε Muslimifoͻ), efrisε gyedie nya nwuraa mo akoma mu”. Na sε moyε sotie ma Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no a, Ɔmma hwee so nnte mfiri mo nnwuma (pa akatua no) so. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene. info
التفاسير:

external-link copy
15 : 49

إِنَّمَا ٱلۡمُؤۡمِنُونَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦ ثُمَّ لَمۡ يَرۡتَابُواْ وَجَٰهَدُواْ بِأَمۡوَٰلِهِمۡ وَأَنفُسِهِمۡ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِۚ أُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلصَّٰدِقُونَ

Agyidiefoͻ paa no ne wͻn a wͻagye Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no adie, na afei wͻn adwen nhinhim, na wͻde wͻn agyapadeε ne wͻn kraa bͻ mmͻden wͻ Nyankopͻn kwan no soͻ. Saa nkorͻfoͻ no ne nokwafoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
16 : 49

قُلۡ أَتُعَلِّمُونَ ٱللَّهَ بِدِينِكُمۡ وَٱللَّهُ يَعۡلَمُ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۚ وَٱللَّهُ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٞ

(Nkͻmhyεni, ka sε: “Enti morekyerε mo som de akyerε Nyankopͻn, aberε a Nyankopͻn Nim deε εwͻ soro ne asaase so (nyinaa)? Onyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
17 : 49

يَمُنُّونَ عَلَيۡكَ أَنۡ أَسۡلَمُواْۖ قُل لَّا تَمُنُّواْ عَلَيَّ إِسۡلَٰمَكُمۖ بَلِ ٱللَّهُ يَمُنُّ عَلَيۡكُمۡ أَنۡ هَدَىٰكُمۡ لِلۡإِيمَٰنِ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ

(Wͻpε sε wͻkyerε) sε wͻayε wo adom sε wͻn abεyε Muslim. (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Monnfa mo Islam (a moayε) no nkyerε adom a moayε ama me. Daabi, Nyankopͻn na adom mo sε Wakyerε mo kwan aba gyidie no mu, sε moyε nokwafoͻ ampa a. info
التفاسير:

external-link copy
18 : 49

إِنَّ ٱللَّهَ يَعۡلَمُ غَيۡبَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَٱللَّهُ بَصِيرُۢ بِمَا تَعۡمَلُونَ

Nokorε sε Nyankopͻn Nim ͻsoro ne asaase so ahuntasεm (nyinaa). Onyankopͻn deε N’ani tua dwuma a modie (nyinaa). info
التفاسير: