Vertaling van de betekenissen Edele Qur'an - De Akan vertaling - Ashanti - Haroun Ismail

Pagina nummer:close

external-link copy
34 : 40

وَلَقَدۡ جَآءَكُمۡ يُوسُفُ مِن قَبۡلُ بِٱلۡبَيِّنَٰتِ فَمَا زِلۡتُمۡ فِي شَكّٖ مِّمَّا جَآءَكُم بِهِۦۖ حَتَّىٰٓ إِذَا هَلَكَ قُلۡتُمۡ لَن يَبۡعَثَ ٱللَّهُ مِنۢ بَعۡدِهِۦ رَسُولٗاۚ كَذَٰلِكَ يُضِلُّ ٱللَّهُ مَنۡ هُوَ مُسۡرِفٞ مُّرۡتَابٌ

Ampa sε, Yosef dii kan de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε mo, na moadwen ansi mo pi da wͻ deε ͻde brεε mo no ho kͻpem sε owuiε; mokaa sε: ‘’Onyankopͻn nsoma ͻsomafoͻ biara bio wͻ n’akyi’’. Saa ara na Nyankopͻn ma obia ͻyε nsεmmͻneni na n’adwen nsi no pi (wͻ Onyankopͻn asεm ho no) yera. info
التفاسير:

external-link copy
35 : 40

ٱلَّذِينَ يُجَٰدِلُونَ فِيٓ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ بِغَيۡرِ سُلۡطَٰنٍ أَتَىٰهُمۡۖ كَبُرَ مَقۡتًا عِندَ ٱللَّهِ وَعِندَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْۚ كَذَٰلِكَ يَطۡبَعُ ٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ قَلۡبِ مُتَكَبِّرٖ جَبَّارٖ

Wͻn a wͻgye Nyankopͻn nsεnkyerεnee no ho akyinnyeε wͻ berε a wͻnni nyinasoͻ bi a yεde ama wͻn no, εyε abufusεm kεse wͻ Nyankopͻn ne wͻn a wͻagye adie no hͻ. Saa ara na Nyankopͻn tua obia ͻyε ahomasoͻ tu neho no akoma ano. info
التفاسير:

external-link copy
36 : 40

وَقَالَ فِرۡعَوۡنُ يَٰهَٰمَٰنُ ٱبۡنِ لِي صَرۡحٗا لَّعَلِّيٓ أَبۡلُغُ ٱلۡأَسۡبَٰبَ

Farao kaa sε: ”Haamaan, si aban tenten mame sεdeε mɛnya akwan, - info
التفاسير:

external-link copy
37 : 40

أَسۡبَٰبَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ فَأَطَّلِعَ إِلَىٰٓ إِلَٰهِ مُوسَىٰ وَإِنِّي لَأَظُنُّهُۥ كَٰذِبٗاۚ وَكَذَٰلِكَ زُيِّنَ لِفِرۡعَوۡنَ سُوٓءُ عَمَلِهِۦ وَصُدَّ عَنِ ٱلسَّبِيلِۚ وَمَا كَيۡدُ فِرۡعَوۡنَ إِلَّا فِي تَبَابٖ

Akwan a εkͻ soro, na menkͻhwε Mose Nyankopͻn no, medeε medwen sε ͻyε ͻtorofo“. Saa ara na yεmaa Farao dwumadi bͻne yεε n’ani so fε na yεsii no kwan (firii ͻkwan pa no ho). Farao adwen bͻne no amfa mfasoͻ biara amma sε ͻsεeε (na εbaa nesoͻ). info
التفاسير:

external-link copy
38 : 40

وَقَالَ ٱلَّذِيٓ ءَامَنَ يَٰقَوۡمِ ٱتَّبِعُونِ أَهۡدِكُمۡ سَبِيلَ ٱلرَّشَادِ

Nea wagye adie no kaa sε: “Menkorͻfoͻ, monni m’akyi na mεkyerε mo kwan akͻ kwan tenenee no so. info
التفاسير:

external-link copy
39 : 40

يَٰقَوۡمِ إِنَّمَا هَٰذِهِ ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَا مَتَٰعٞ وَإِنَّ ٱلۡأٓخِرَةَ هِيَ دَارُ ٱلۡقَرَارِ

Menkorͻfoͻ, nokorε sε, wiase asetena yi deε εyε anigyesεm bi kwa, na nokorε sε Daakye no ne asetena a εwͻ hͻ daa. info
التفاسير:

external-link copy
40 : 40

مَنۡ عَمِلَ سَيِّئَةٗ فَلَا يُجۡزَىٰٓ إِلَّا مِثۡلَهَاۖ وَمَنۡ عَمِلَ صَٰلِحٗا مِّن ذَكَرٍ أَوۡ أُنثَىٰ وَهُوَ مُؤۡمِنٞ فَأُوْلَٰٓئِكَ يَدۡخُلُونَ ٱلۡجَنَّةَ يُرۡزَقُونَ فِيهَا بِغَيۡرِ حِسَابٖ

Obia ɔbɛdi dwuma bͻne bi no, nesεso so akatua pεpεεpε na yεde bɛtua no ka; na obi a ɔbɛdi dwuma pa no nso, sε ͻyε ͻbarima anaasε ͻbaa na ͻyε gyidieni a, saa nkorͻfoͻ no na wͻbεkͻ Soro aheman no mu no, yεbεbͻ wͻn akͻnhoma a ɛnni ano. info
التفاسير: