Vertaling van de betekenissen Edele Qur'an - De Akan vertaling - Ashanti - Haroun Ismail

Pagina nummer:close

external-link copy
33 : 30

وَإِذَا مَسَّ ٱلنَّاسَ ضُرّٞ دَعَوۡاْ رَبَّهُم مُّنِيبِينَ إِلَيۡهِ ثُمَّ إِذَآ أَذَاقَهُم مِّنۡهُ رَحۡمَةً إِذَا فَرِيقٞ مِّنۡهُم بِرَبِّهِمۡ يُشۡرِكُونَ

Sε ͻhaw bi to nnipa a, wͻsu frε wͻn Wura Nyankopͻn, brε wͻn ho ase ma no; na sε Ɔma wͻka ahummͻborͻ bi firi Ne hͻ hwε a, wobɛhunu sε wͻn mu bi de biribi abata wͻn Wura Nyankopͻn ho, info
التفاسير:

external-link copy
34 : 30

لِيَكۡفُرُواْ بِمَآ ءَاتَيۡنَٰهُمۡۚ فَتَمَتَّعُواْ فَسَوۡفَ تَعۡلَمُونَ

Sεdeε wͻbεpo deε Yεde ama wͻn no. Enti modeε monye mo ani na εnkyεre koraa mobɛhunu. info
التفاسير:

external-link copy
35 : 30

أَمۡ أَنزَلۡنَا عَلَيۡهِمۡ سُلۡطَٰنٗا فَهُوَ يَتَكَلَّمُ بِمَا كَانُواْ بِهِۦ يُشۡرِكُونَ

Anaasε Yɛasiane tumii anaasε nyinasoͻ (Nwoma) bi ama wͻn a wͻgyina so de kasa fa deε wͻde abata Nyankopͻn ho no ho? info
التفاسير:

external-link copy
36 : 30

وَإِذَآ أَذَقۡنَا ٱلنَّاسَ رَحۡمَةٗ فَرِحُواْ بِهَاۖ وَإِن تُصِبۡهُمۡ سَيِّئَةُۢ بِمَا قَدَّمَتۡ أَيۡدِيهِمۡ إِذَا هُمۡ يَقۡنَطُونَ

Sε Yεma nnipa ka ahummͻborͻ bi hwε a, na wͻn ani agye wͻ ho; na sε bͻne bi to wͻn wͻ dwuma a wͻn nsa adi ato wͻ anim no ho nti a, wobɛhunu sε wͻn aba mu abuo. info
التفاسير:

external-link copy
37 : 30

أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ أَنَّ ٱللَّهَ يَبۡسُطُ ٱلرِّزۡقَ لِمَن يَشَآءُ وَيَقۡدِرُۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ

Anaasε wͻnhunuu sε Nyankopͻn ma akyɛdeɛ no bu obi a Ɔpε so, εna obi nso Osusu de ma no? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu de ma amanfoͻ a wͻgye die. info
التفاسير:

external-link copy
38 : 30

فَـَٔاتِ ذَا ٱلۡقُرۡبَىٰ حَقَّهُۥ وَٱلۡمِسۡكِينَ وَٱبۡنَ ٱلسَّبِيلِۚ ذَٰلِكَ خَيۡرٞ لِّلَّذِينَ يُرِيدُونَ وَجۡهَ ٱللَّهِۖ وَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُفۡلِحُونَ

Enti monfa abusuafoͻ asεdeε ma wͻn, (na monfa) ahiafoͻ ne akwantufoͻ (nso asεdeε ma wͻn). Saa na εyε paa ma wͻn a wͻrepε Nyankopͻn hͻ animuonyam no. Saa nkorᴐfoᴐ no ne nkonimdifoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
39 : 30

وَمَآ ءَاتَيۡتُم مِّن رِّبٗا لِّيَرۡبُوَاْ فِيٓ أَمۡوَٰلِ ٱلنَّاسِ فَلَا يَرۡبُواْ عِندَ ٱللَّهِۖ وَمَآ ءَاتَيۡتُم مِّن زَكَوٰةٖ تُرِيدُونَ وَجۡهَ ٱللَّهِ فَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُضۡعِفُونَ

Deε mode ma sε nsiho sεdeε εbεbͻ ho (ama mo) wͻ amanfoͻ sika mu no deε, enya mmͻhoo wͻ Nyankopͻn hͻ; na deε moyi no wͻ Zaka mu de hwehwε Nyankopͻn hͻ animuonyam no, woi nom na wͻbɛnya no mmͻhoo-mmͻhoo. info
التفاسير:

external-link copy
40 : 30

ٱللَّهُ ٱلَّذِي خَلَقَكُمۡ ثُمَّ رَزَقَكُمۡ ثُمَّ يُمِيتُكُمۡ ثُمَّ يُحۡيِيكُمۡۖ هَلۡ مِن شُرَكَآئِكُم مَّن يَفۡعَلُ مِن ذَٰلِكُم مِّن شَيۡءٖۚ سُبۡحَٰنَهُۥ وَتَعَٰلَىٰ عَمَّا يُشۡرِكُونَ

Nyankopͻn na Ɔbͻͻ mo, εna Ɔbͻ mo akͻnhoma, εna Ɔbεsan ama mo awuo, na afei Wasan anyane mo aba nkwa mu (bio). Enti wͻn a mode wͻn bata (Nyame) ho no betumi ayε woi nom mu bi? Kronkron Hene ne no, Ɔkorͻn kyεn deε wͻde bata Ne ho no. info
التفاسير:

external-link copy
41 : 30

ظَهَرَ ٱلۡفَسَادُ فِي ٱلۡبَرِّ وَٱلۡبَحۡرِ بِمَا كَسَبَتۡ أَيۡدِي ٱلنَّاسِ لِيُذِيقَهُم بَعۡضَ ٱلَّذِي عَمِلُواْ لَعَلَّهُمۡ يَرۡجِعُونَ

Bͻne rekᴐso wͻ asaase so ne ͻpo so εnam deε nnipa nsa ayε nti, sεdeε Ɔbεma wͻn aka deε wͻn ayε no mu bi ahwε, sεdeε εbεyε na wͻbεsan wͻn akyi (afiri wͻn bͻne no ho). info
التفاسير: