Vertaling van de betekenissen Edele Qur'an - De Akan vertaling - Ashanti - Haroun Ismail

Yusuf

external-link copy
1 : 12

الٓرۚ تِلۡكَ ءَايَٰتُ ٱلۡكِتَٰبِ ٱلۡمُبِينِ

Alif - Laam - Raa. Wei yε nsεm a ɛfiri Nwoma (a ԑkyerԑkyerԑ nokorԑ mu) pefee no mu. info
التفاسير:

external-link copy
2 : 12

إِنَّآ أَنزَلۡنَٰهُ قُرۡءَٰنًا عَرَبِيّٗا لَّعَلَّكُمۡ تَعۡقِلُونَ

Nokorε sε, Yɛasane Qur’aan (wͻ) Arab (kasa mu) sεdeε mobεte aseε. info
التفاسير:

external-link copy
3 : 12

نَحۡنُ نَقُصُّ عَلَيۡكَ أَحۡسَنَ ٱلۡقَصَصِ بِمَآ أَوۡحَيۡنَآ إِلَيۡكَ هَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانَ وَإِن كُنتَ مِن قَبۡلِهِۦ لَمِنَ ٱلۡغَٰفِلِينَ

(Nkͻmhyεni), Yεnam saa Qur’aan yi adiyisεm a Yɛayi ama woͻ no so reka abakͻsεm pa paa akyerε wo; na kanee no na anka woka wͻn a wͻnnim ho hwee no ho. info
التفاسير:

external-link copy
4 : 12

إِذۡ قَالَ يُوسُفُ لِأَبِيهِ يَٰٓأَبَتِ إِنِّي رَأَيۡتُ أَحَدَ عَشَرَ كَوۡكَبٗا وَٱلشَّمۡسَ وَٱلۡقَمَرَ رَأَيۡتُهُمۡ لِي سَٰجِدِينَ

Kae εberε a Yosef ka kyerεε ne papa sε: “Agya, nokorε sε, mahunu nsoromma du baako, ne awia ne bosome (wͻ daeε mu); mehunuu wͻn sε wͻrebrε wͻn ho ase ama me. info
التفاسير: