Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il

Muhammad

external-link copy
1 : 47

ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَصَدُّواْ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ أَضَلَّ أَعۡمَٰلَهُمۡ

Wͻn a wͻpo nokorԑ no na wͻsi (amanfoͻ) kwan firi Nyankopͻn kwan no soͻ no, (Onyankopͻn) bεma wͻnwuma ayε kwa. info
التفاسير:

external-link copy
2 : 47

وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ وَءَامَنُواْ بِمَا نُزِّلَ عَلَىٰ مُحَمَّدٖ وَهُوَ ٱلۡحَقُّ مِن رَّبِّهِمۡ كَفَّرَ عَنۡهُمۡ سَيِّـَٔاتِهِمۡ وَأَصۡلَحَ بَالَهُمۡ

Wͻn nso a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa, na wͻgye deε yɛasane ama Muhammad no die sε εno ne nokorε a efiri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ no, Ɔbεpepa wͻn bͻne afiri wͻn so na Wayε wͻn abrabͻ mu yie (ama wͻn). info
التفاسير:

external-link copy
3 : 47

ذَٰلِكَ بِأَنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ ٱتَّبَعُواْ ٱلۡبَٰطِلَ وَأَنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱتَّبَعُواْ ٱلۡحَقَّ مِن رَّبِّهِمۡۚ كَذَٰلِكَ يَضۡرِبُ ٱللَّهُ لِلنَّاسِ أَمۡثَٰلَهُمۡ

Efrisε, wͻn a wͻpo nokorԑ no di nkontompo akyi, εna wͻn a wͻagye adie no nso di nokorε a efiri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ no akyi. Saa na Nyankopͻn de wͻn yε mfatoho ma adasamma. info
التفاسير:

external-link copy
4 : 47

فَإِذَا لَقِيتُمُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ فَضَرۡبَ ٱلرِّقَابِ حَتَّىٰٓ إِذَآ أَثۡخَنتُمُوهُمۡ فَشُدُّواْ ٱلۡوَثَاقَ فَإِمَّا مَنَّۢا بَعۡدُ وَإِمَّا فِدَآءً حَتَّىٰ تَضَعَ ٱلۡحَرۡبُ أَوۡزَارَهَاۚ ذَٰلِكَۖ وَلَوۡ يَشَآءُ ٱللَّهُ لَٱنتَصَرَ مِنۡهُمۡ وَلَٰكِن لِّيَبۡلُوَاْ بَعۡضَكُم بِبَعۡضٖۗ وَٱلَّذِينَ قُتِلُواْ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ فَلَن يُضِلَّ أَعۡمَٰلَهُمۡ

Enti sε mo ne aboniayεfoͻ no hyia wͻ ͻkoo mu a, montwitwa wͻn kͻn nkosi sε mobɛdi wͻn so nkonim, na monfa wͻn nnomum, na mongu wͻn mpokyerε mmia mu; na akyire yi a ͻkoo no aguo no, (mobɛtumi} adom (de wͻn ho akyε wͻn), anaasε (mobɛtumi) ama wͻn atua mpata. Saa ara na sε Nyankopͻn pε a, nka Ɔno ara bεtwe wͻn aso, na mmom sεdeε Ɔde mo ho bεyε mo ho mo ho nsͻhwε. Wͻn a yɛaku wͻn wͻ Nyankopͻn kwan soͻ no nso Ɔmma wͻn nnwuma nnyε kwa. info
التفاسير:

external-link copy
5 : 47

سَيَهۡدِيهِمۡ وَيُصۡلِحُ بَالَهُمۡ

Ɔbεtene wͻn na Wayε wͻn asetena mu yie, info
التفاسير:

external-link copy
6 : 47

وَيُدۡخِلُهُمُ ٱلۡجَنَّةَ عَرَّفَهَا لَهُمۡ

Na Ɔde wͻn awura Soro aheman no a Ɔde akyerε wͻn no mu. info
التفاسير:

external-link copy
7 : 47

يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِن تَنصُرُواْ ٱللَّهَ يَنصُرۡكُمۡ وَيُثَبِّتۡ أَقۡدَامَكُمۡ

Mo a moagye adie, sε moboa Nyankopͻn a Ɔno nso bεboa mo, na Wama moagyina moanan so pintin. info
التفاسير:

external-link copy
8 : 47

وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ فَتَعۡسٗا لَّهُمۡ وَأَضَلَّ أَعۡمَٰلَهُمۡ

Na wͻn a wͻnnye nnie no deε, ͻsεeε na εwͻ wͻn soͻ, na (Nyankopͻn) bεma wͻn nnwuma ayε kwa. info
التفاسير:

external-link copy
9 : 47

ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ كَرِهُواْ مَآ أَنزَلَ ٱللَّهُ فَأَحۡبَطَ أَعۡمَٰلَهُمۡ

Efirisε wͻmpε adeε a Nyankopͻn asane aba no, enti Wama wͻn nnwuma (nyinaa) ayε kwa. info
التفاسير:

external-link copy
10 : 47

۞ أَفَلَمۡ يَسِيرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَيَنظُرُواْ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡۖ دَمَّرَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِمۡۖ وَلِلۡكَٰفِرِينَ أَمۡثَٰلُهَا

Enti wͻntu kwan wͻ asaase no so nhwε sεdeε boniayεfoͻ no a wͻdii kan no awieeε si wieeε? Onyankopͻn sεee wͻn pasaa. Na boniayεfoͻ no wͻ ne (saa asotwee no) sε so. info
التفاسير:

external-link copy
11 : 47

ذَٰلِكَ بِأَنَّ ٱللَّهَ مَوۡلَى ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَأَنَّ ٱلۡكَٰفِرِينَ لَا مَوۡلَىٰ لَهُمۡ

Efirisε Nyankopͻn ne wͻn a wͻagye adie no Kyitaafoͻ, na boniayεfoͻ no deε wͻnni okyitaafoͻ biara. info
التفاسير: