Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il

Lambar shafi:close

external-link copy
41 : 39

إِنَّآ أَنزَلۡنَا عَلَيۡكَ ٱلۡكِتَٰبَ لِلنَّاسِ بِٱلۡحَقِّۖ فَمَنِ ٱهۡتَدَىٰ فَلِنَفۡسِهِۦۖ وَمَن ضَلَّ فَإِنَّمَا يَضِلُّ عَلَيۡهَاۖ وَمَآ أَنتَ عَلَيۡهِم بِوَكِيلٍ

(Nkͻmhyεni) Yԑde nokorε no na asiane Nwoma no ama woͻ ama adasamma (yie die). Enti obi a ͻbεfa tenenee (kwan) no, εwͻ ͻno ara ne kraa, na obi a ͻbεfa ͻyera (kwan no nso) etia ͻno ara ne kraa; na wonyε wͻn so hwεfoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
42 : 39

ٱللَّهُ يَتَوَفَّى ٱلۡأَنفُسَ حِينَ مَوۡتِهَا وَٱلَّتِي لَمۡ تَمُتۡ فِي مَنَامِهَاۖ فَيُمۡسِكُ ٱلَّتِي قَضَىٰ عَلَيۡهَا ٱلۡمَوۡتَ وَيُرۡسِلُ ٱلۡأُخۡرَىٰٓ إِلَىٰٓ أَجَلٖ مُّسَمًّىۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَتَفَكَّرُونَ

Nyankopͻn yi (onipa) nkwa wͻ berε a wͻn awuo, ԑna wͻn a wͻnya nnwuiε no nso εberε a wͻn ada. Afei na Wayi wͻn a yɛahyehyε owuo ama wͻn no (nkwa ama wͻn awu), na wͻn a aka no (a wͻn berε nsoeε a wͻn ada no) Ɔma wͻsan (ba nkwa mu bio) kͻpem εberε a yɛahyehyε (ama wͻn sε wͻbεwuo). Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma wͻn a wͻdwen. info
التفاسير:

external-link copy
43 : 39

أَمِ ٱتَّخَذُواْ مِن دُونِ ٱللَّهِ شُفَعَآءَۚ قُلۡ أَوَلَوۡ كَانُواْ لَا يَمۡلِكُونَ شَيۡـٔٗا وَلَا يَعۡقِلُونَ

Anaasε wͻn afri Nyankopͻn akyi afa ntwitwagyefoͻ bi? (Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε (wͻn ntwitwagyefoͻ no) nni hwee ho tumi, na wͻnni adwene mpo a?” info
التفاسير:

external-link copy
44 : 39

قُل لِّلَّهِ ٱلشَّفَٰعَةُ جَمِيعٗاۖ لَّهُۥ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ ثُمَّ إِلَيۡهِ تُرۡجَعُونَ

Kasε: Ntwitwagyeε nyinaa wͻ Nyankopͻn. Ɔno na ͻsoro ne asaase so ahennie (nyinaa) yε Ne dea. Ne hͻ na mobεsan akͻ. info
التفاسير:

external-link copy
45 : 39

وَإِذَا ذُكِرَ ٱللَّهُ وَحۡدَهُ ٱشۡمَأَزَّتۡ قُلُوبُ ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِٱلۡأٓخِرَةِۖ وَإِذَا ذُكِرَ ٱلَّذِينَ مِن دُونِهِۦٓ إِذَا هُمۡ يَسۡتَبۡشِرُونَ

Sε yεbͻ Nyankopͻn nko ara din a, wͻn a wͻnnye Daakye no nnie no akoma kyiri koraa, na sε yεbͻ wͻn a (wͻde) bata Ne ho no din a wobɛhunu sε wͻn ani agyeε. info
التفاسير:

external-link copy
46 : 39

قُلِ ٱللَّهُمَّ فَاطِرَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ عَٰلِمَ ٱلۡغَيۡبِ وَٱلشَّهَٰدَةِ أَنتَ تَحۡكُمُ بَيۡنَ عِبَادِكَ فِي مَا كَانُواْ فِيهِ يَخۡتَلِفُونَ

Kasε: “Otweduampͻn Nyankopͻn, ͻsoro ne asaase Bͻfoͻ, Ahuntasεm mu ne Badwa mu Nimdefoͻ, Wona Wobɛbu Wo nkoa ntεm atεn wͻ deε wͻnte wͻn ho ase wᴐ ho no ho“. info
التفاسير:

external-link copy
47 : 39

وَلَوۡ أَنَّ لِلَّذِينَ ظَلَمُواْ مَا فِي ٱلۡأَرۡضِ جَمِيعٗا وَمِثۡلَهُۥ مَعَهُۥ لَٱفۡتَدَوۡاْ بِهِۦ مِن سُوٓءِ ٱلۡعَذَابِ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۚ وَبَدَا لَهُم مِّنَ ٱللَّهِ مَا لَمۡ يَكُونُواْ يَحۡتَسِبُونَ

Sε abͻneεfoͻ no wͻ deε εwͻ asaase so nyinaa ne deε εte saa ka ho mpo a, anka wͻde bεyε mpata (anya wͻn ho) afiri Wusͻreε da no asotwee bͻne no mu. Deε wͻnsusuu ho no bεda adi afiri Nyankopͻn hͻ akyerε wͻn. info
التفاسير: