আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল

পৃষ্ঠা নং:close

external-link copy
73 : 16

وَيَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ مَا لَا يَمۡلِكُ لَهُمۡ رِزۡقٗا مِّنَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ شَيۡـٔٗا وَلَا يَسۡتَطِيعُونَ

Wͻfiri Nyankopͻn akyi som nneεma bi a ɛntumi mma wͻn ͻsoro ne asaase so adom akyεdeε biara; na wͻnni tumi nso. info
التفاسير:

external-link copy
74 : 16

فَلَا تَضۡرِبُواْ لِلَّهِ ٱلۡأَمۡثَالَۚ إِنَّ ٱللَّهَ يَعۡلَمُ وَأَنتُمۡ لَا تَعۡلَمُونَ

Enti monhwε na moamfa Nyankopͻn anyε mfatoho, (efirisε biribiara ne no nsε). Nokorε sε, Onyankopͻn na Ɔnim, na modeε monnim. info
التفاسير:

external-link copy
75 : 16

۞ ضَرَبَ ٱللَّهُ مَثَلًا عَبۡدٗا مَّمۡلُوكٗا لَّا يَقۡدِرُ عَلَىٰ شَيۡءٖ وَمَن رَّزَقۡنَٰهُ مِنَّا رِزۡقًا حَسَنٗا فَهُوَ يُنفِقُ مِنۡهُ سِرّٗا وَجَهۡرًاۖ هَلۡ يَسۡتَوُۥنَۚ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِۚ بَلۡ أَكۡثَرُهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ

Onyankopͻn reyε mfatoho bi: ”Akoa bi a ͻhyε obi aseε a ɔnni tumi biara, εna ͻbaako nso Y’adom no akyεdeε papa εna ɔyi bi dema wͻ kokoa mu ne badwa mu. Enti wͻn mmienu yε pε?” Aseda no wͻ Onyankopͻn, nanso nnipa pii nnim. info
التفاسير:

external-link copy
76 : 16

وَضَرَبَ ٱللَّهُ مَثَلٗا رَّجُلَيۡنِ أَحَدُهُمَآ أَبۡكَمُ لَا يَقۡدِرُ عَلَىٰ شَيۡءٖ وَهُوَ كَلٌّ عَلَىٰ مَوۡلَىٰهُ أَيۡنَمَا يُوَجِّههُّ لَا يَأۡتِ بِخَيۡرٍ هَلۡ يَسۡتَوِي هُوَ وَمَن يَأۡمُرُ بِٱلۡعَدۡلِ وَهُوَ عَلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ

Onyankopͻn reyε mfatoho bio: ”Mmarima mmienu (bi na εwͻ hͻ), wͻn mu baako yε mum a ɔnni hwee so tumi na wayε adesoa ama ne wura no, faako a ͻbεsoma no biara no ͻmfa papa biara mma. Enti saa nipa yi ne obia ͻhyε (amanfoͻ) ma wͻyε papa, na ͻnam kwan tenenee soͻ no na εsε?” info
التفاسير:

external-link copy
77 : 16

وَلِلَّهِ غَيۡبُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَمَآ أَمۡرُ ٱلسَّاعَةِ إِلَّا كَلَمۡحِ ٱلۡبَصَرِ أَوۡ هُوَ أَقۡرَبُۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ

Ɔsoro ne asaase so ahuntasεm nyinaa wͻ Nyankopͻn. Dͻnhwere no ho asεm no deε εtesε deε wabͻ w’ani prε, anaasε εbεn (mpo kyεn saa). Nokorε sε, Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi. info
التفاسير:

external-link copy
78 : 16

وَٱللَّهُ أَخۡرَجَكُم مِّنۢ بُطُونِ أُمَّهَٰتِكُمۡ لَا تَعۡلَمُونَ شَيۡـٔٗا وَجَعَلَ لَكُمُ ٱلسَّمۡعَ وَٱلۡأَبۡصَٰرَ وَٱلۡأَفۡـِٔدَةَ لَعَلَّكُمۡ تَشۡكُرُونَ

Onyankopͻn na Ɔyii mo firi mo maame nom yafunu mu aberε a na monnim hwee, εna Ɔma mo te asεm, san ma mo hunu adeε, san ma mo akoma sεdeε mobɛyi (no) ayε. info
التفاسير:

external-link copy
79 : 16

أَلَمۡ يَرَوۡاْ إِلَى ٱلطَّيۡرِ مُسَخَّرَٰتٖ فِي جَوِّ ٱلسَّمَآءِ مَا يُمۡسِكُهُنَّ إِلَّا ٱللَّهُۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ

Enti wͻnhunuu nnomaa a wͻtu nenam mframa mu wͻ ewiem no? Obiara nni hͻ a ɔkuta wͻn mu, na mmom Onyankopͻn. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ wei mu dema nnipa a wͻgye die no. info
التفاسير: