আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল

পৃষ্ঠা নং:close

external-link copy
43 : 16

وَمَآ أَرۡسَلۡنَا مِن قَبۡلِكَ إِلَّا رِجَالٗا نُّوحِيٓ إِلَيۡهِمۡۖ فَسۡـَٔلُوٓاْ أَهۡلَ ٱلذِّكۡرِ إِن كُنتُمۡ لَا تَعۡلَمُونَ

(Nkͻmhyεni), asomafoͻ a Yεsomaa wͻn dii w’anim kan no nyinaa na wͻyε nnipa na Yɛyii Adiyisεm no maa wͻn. Enti (Quraishfoͻ), sε monnim a mommisa wͻn a wͻkaekae (amanfoͻ no). info
التفاسير:

external-link copy
44 : 16

بِٱلۡبَيِّنَٰتِ وَٱلزُّبُرِۗ وَأَنزَلۡنَآ إِلَيۡكَ ٱلذِّكۡرَ لِتُبَيِّنَ لِلنَّاسِ مَا نُزِّلَ إِلَيۡهِمۡ وَلَعَلَّهُمۡ يَتَفَكَّرُونَ

Nsεnkyerεnee pefee ne Nwoma (na Yεde somaa asomafoͻ no), εna Yɛasane Afutusεm no de ama woͻ, sεdeε wobεkyerεkyerε deε yɛasane ama wͻn no mu pefee akyerε wͻn sεdeε wͻbɛnya adwen. info
التفاسير:

external-link copy
45 : 16

أَفَأَمِنَ ٱلَّذِينَ مَكَرُواْ ٱلسَّيِّـَٔاتِ أَن يَخۡسِفَ ٱللَّهُ بِهِمُ ٱلۡأَرۡضَ أَوۡ يَأۡتِيَهُمُ ٱلۡعَذَابُ مِنۡ حَيۡثُ لَا يَشۡعُرُونَ

Enti wͻn a wͻdwen adwen bͻne no ho atᴐ wᴐn sε Nyankopͻn mma asaase mmene wͻn, anaasε Ɔmma asotwee a wͻnnim deε efire nto wͻn anaa? info
التفاسير:

external-link copy
46 : 16

أَوۡ يَأۡخُذَهُمۡ فِي تَقَلُّبِهِمۡ فَمَا هُم بِمُعۡجِزِينَ

Anaasε (wͻnnim sε Nyankopͻn) bεtumi asͻ wͻn mu wͻ εberε a wͻredi akͻneaba (wͻ wͻn nnwuma mu) a wͻntumi nsi ho kwan? info
التفاسير:

external-link copy
47 : 16

أَوۡ يَأۡخُذَهُمۡ عَلَىٰ تَخَوُّفٖ فَإِنَّ رَبَّكُمۡ لَرَءُوفٞ رَّحِيمٌ

Anaasε Ɔbɛtumi ama wͻn so ate anaa wͻn asa nkakrankakra? Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Ayεmyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene. info
التفاسير:

external-link copy
48 : 16

أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ إِلَىٰ مَا خَلَقَ ٱللَّهُ مِن شَيۡءٖ يَتَفَيَّؤُاْ ظِلَٰلُهُۥ عَنِ ٱلۡيَمِينِ وَٱلشَّمَآئِلِ سُجَّدٗا لِّلَّهِ وَهُمۡ دَٰخِرُونَ

Anaasε wͻnhunuu nneεma a Nyankopͻn abͻ; sεdeε ne sunsum dane kͻ nifa so ne benkum so, brε ne ho ase ma Nyankopͻn wͻ ahobraseε paa mu? info
التفاسير:

external-link copy
49 : 16

وَلِلَّهِۤ يَسۡجُدُۤ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِ مِن دَآبَّةٖ وَٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ وَهُمۡ لَا يَسۡتَكۡبِرُونَ

Abͻdeε a εwͻ nkwa a εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa de wͻn anim butu fͻm ma Nyankopͻn anaasε wͻberε wͻn ho ase ma no; Soro abͻfoͻ nso, wͻnnyε ahomasoͻ (wͻ N’ahyԑdeԑ ho). info
التفاسير:

external-link copy
50 : 16

يَخَافُونَ رَبَّهُم مِّن فَوۡقِهِمۡ وَيَفۡعَلُونَ مَا يُؤۡمَرُونَ۩

Wͻsuro wͻn Wura Nyankopͻn a Ɔwͻ wͻn soro anaasε Ɔso bro wͻn soͻ no, na deε yɛahyε wͻn sε wͻnyε no εno ara na wͻyε. info
التفاسير:

external-link copy
51 : 16

۞ وَقَالَ ٱللَّهُ لَا تَتَّخِذُوٓاْ إِلَٰهَيۡنِ ٱثۡنَيۡنِۖ إِنَّمَا هُوَ إِلَٰهٞ وَٰحِدٞ فَإِيَّٰيَ فَٱرۡهَبُونِ

Onyankopͻn kaa sε: ”Monhwε na moamfa anyame mmienu, efirisԑ Nyankopᴐn no deԑ Ͻyԑ baako. Enti Me nko ara na monsuro Me.” info
التفاسير:

external-link copy
52 : 16

وَلَهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَلَهُ ٱلدِّينُ وَاصِبًاۚ أَفَغَيۡرَ ٱللَّهِ تَتَّقُونَ

Deε εwͻ soro ne asaase so nyinaa Ɔno na εyε Ne dea. Ɔno na ͻsom ne anidie nyinaa yε Ne dea aberε biara. Enti mofiri Nyankopͻn akyi suro obi foforͻ anaa? info
التفاسير:

external-link copy
53 : 16

وَمَا بِكُم مِّن نِّعۡمَةٖ فَمِنَ ٱللَّهِۖ ثُمَّ إِذَا مَسَّكُمُ ٱلضُّرُّ فَإِلَيۡهِ تَجۡـَٔرُونَ

Adom akyεdeε a mowͻ biara no Nyankopͻn hͻ na efire; afei sε ͻhaw bi to mo a, Ɔno na mosu frε no. info
التفاسير:

external-link copy
54 : 16

ثُمَّ إِذَا كَشَفَ ٱلضُّرَّ عَنكُمۡ إِذَا فَرِيقٞ مِّنكُم بِرَبِّهِمۡ يُشۡرِكُونَ

Afei sε Ɔyi ͻhaw no fri mo so a, hwε, Mo mu fekuo bi de biribi bata wͻn Wura Nyankopͻn ho,- info
التفاسير: