আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল

পৃষ্ঠা নং:close

external-link copy
80 : 16

وَٱللَّهُ جَعَلَ لَكُم مِّنۢ بُيُوتِكُمۡ سَكَنٗا وَجَعَلَ لَكُم مِّن جُلُودِ ٱلۡأَنۡعَٰمِ بُيُوتٗا تَسۡتَخِفُّونَهَا يَوۡمَ ظَعۡنِكُمۡ وَيَوۡمَ إِقَامَتِكُمۡ وَمِنۡ أَصۡوَافِهَا وَأَوۡبَارِهَا وَأَشۡعَارِهَآ أَثَٰثٗا وَمَتَٰعًا إِلَىٰ حِينٖ

Onyankopͻn ayε moafie mu tenabea (ama mo), εna Wayε mmoa nwoma nso afie (ntoma dan anaasɛ “Tent” ama mo), εna Wama emu ayε hare a motumi soa wͻ da a moretu kwan ne da a moretena (baabi). Wͻn ho nwii no nso yε efie asiesiedeε, ne anigyedeԑ de kͻpem berε bi. info
التفاسير:

external-link copy
81 : 16

وَٱللَّهُ جَعَلَ لَكُم مِّمَّا خَلَقَ ظِلَٰلٗا وَجَعَلَ لَكُم مِّنَ ٱلۡجِبَالِ أَكۡنَٰنٗا وَجَعَلَ لَكُمۡ سَرَٰبِيلَ تَقِيكُمُ ٱلۡحَرَّ وَسَرَٰبِيلَ تَقِيكُم بَأۡسَكُمۡۚ كَذَٰلِكَ يُتِمُّ نِعۡمَتَهُۥ عَلَيۡكُمۡ لَعَلَّكُمۡ تُسۡلِمُونَ

Onyankopͻn ayε nneεma a Wabͻ no mu bi (tesε nnua ne adan) enwunu (ama mo), εna Wayε mmepͻ no nso bi dwanekɔbea ama mo, εna Wayε ntaadeε a εbͻ moho ban firi ͻhyew ho, εna Wayε akotadeε a εbͻ moho ban wͻ mo koo mu ama mo. Saa ara na Ɔde N’adom no awie mo so sεdeε mobεbrε mo ho ase (ayε Islam) info
التفاسير:

external-link copy
82 : 16

فَإِن تَوَلَّوۡاْ فَإِنَّمَا عَلَيۡكَ ٱلۡبَلَٰغُ ٱلۡمُبِينُ

Sε wͻdane wͻn ho (firi nokorε no ho) a, wodeε w’adwuma ne sε wobεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu. info
التفاسير:

external-link copy
83 : 16

يَعۡرِفُونَ نِعۡمَتَ ٱللَّهِ ثُمَّ يُنكِرُونَهَا وَأَكۡثَرُهُمُ ٱلۡكَٰفِرُونَ

Wͻnim Onyankopͻn adom no nanso wͻpo; wͻn mu dodoͻ no yε boniayԑfoᴐ. info
التفاسير:

external-link copy
84 : 16

وَيَوۡمَ نَبۡعَثُ مِن كُلِّ أُمَّةٖ شَهِيدٗا ثُمَّ لَا يُؤۡذَنُ لِلَّذِينَ كَفَرُواْ وَلَا هُمۡ يُسۡتَعۡتَبُونَ

Ɛda no a Yεbɛyi ͻman biara danseni no, afei yεmma wͻn a wͻannye annie no kwan (sε wͻbεpa kyεw) anaasε wͻbεsrε bͻnefakyε. info
التفاسير:

external-link copy
85 : 16

وَإِذَا رَءَا ٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ ٱلۡعَذَابَ فَلَا يُخَفَّفُ عَنۡهُمۡ وَلَا هُمۡ يُنظَرُونَ

Sε abͻneεfoͻ no hunu asotwee no a, yεngo mu mma wͻn koraa, na yεmma wͻn ahomegye berԑ nso. info
التفاسير:

external-link copy
86 : 16

وَإِذَا رَءَا ٱلَّذِينَ أَشۡرَكُواْ شُرَكَآءَهُمۡ قَالُواْ رَبَّنَا هَٰٓؤُلَآءِ شُرَكَآؤُنَا ٱلَّذِينَ كُنَّا نَدۡعُواْ مِن دُونِكَۖ فَأَلۡقَوۡاْ إِلَيۡهِمُ ٱلۡقَوۡلَ إِنَّكُمۡ لَكَٰذِبُونَ

Sε wͻn a wͻde biribi bataa Nyankopͻn ho no hu wͻn a wͻde wͻn bataa (Nyame) ho no a, wͻbεka sε: “Yɛn Wura Nyankopͻn, weinom ne yεn mmatahoofoᴐ no a na yɛfiri W’akyi su frε wͻn no. Enti wͻnso bεto asεm no ama wͻn sε: ”Nokorε sε moyε atorofoͻ” info
التفاسير:

external-link copy
87 : 16

وَأَلۡقَوۡاْ إِلَى ٱللَّهِ يَوۡمَئِذٍ ٱلسَّلَمَۖ وَضَلَّ عَنۡهُم مَّا كَانُواْ يَفۡتَرُونَ

Saa Da no, wͻde ahobraseε no (nyinaa) bεma Onyankopͻn nko ara, na nkontompo a wͻtwaeε no nyinaa bɛtu ayera wͻn. info
التفاسير: