Mmra mma ho kwan sε gyidieni bekum gyidieni, gyesε mfomsoͻ (na εmaa no baa saa). Obia εnam mfomsoͻ so bεma no akum gyidieni no ͻnfa ͻdͻnkͻ a ͻyε gyidieni ho nkyε no, na ontua mogya hwieguo ho mpata ma owufoͻ no abusuafoͻ, gyesε (abusuafoͻ no) dekyε. Sε owufoͻ no firi nnipa bi a mo ne wͻn wͻ ͻkoo mu, εna na ͻyε gyidieni a, εneε ͻdͻnkͻ gyidieni na mode neho bɛkyε no. Sε owufoͻ no fri nnipa bi a mone wͻn wͻ apam da montεm εna ͻyε gyidieni a, montua mogya hwieguo ho mpata ma na’busuafoͻ na monfa ͻdͻnkͻ a ͻyε gyidieni ho nkyε no. Na obi a onnya no, ͻnyɛ akyiriwia bosome mmienu a εtoatoa soͻ (a εkyerε) adwen sakra a efiri Nyankopͻn hͻ. Na Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, na Ɔne Onyansafoͻ.