Adasamma, monsuro mo Wura Nyankopͻn no a Ɔbͻͻ mo firi honam baako mu, na Ɔbͻͻ ne yere nso firii (honam korͻ no ara) mu, na W’ama mmarima pii ne mmaa (ase atrε) afiri wͻn mmienu no mu; na monsuro Nyankopͻn no a mode no bisa (anaa mode no srɛ); na (monyε ahwε yie wͻ) abusua ho, efirisε Nyankopͻn deε Ɔrewεn mo.
Monfa nyanka no nso sika (anaa agyapadeε) ma wͻn. Na monhwε na moanfa deε εnyε ansesa deε εyε, na monhwε na moanfa wͻn agyapadeε anka mo agyapadeε ho ammͻ mu anni. Nokorε sε εno yε bͻne kεseε paa.
Na monfri akoma pa mu mfa mmaa no (awadeε ho) tiri aseda a εyε akyεdeε no ma wͻn. Nasε wͻn ara de wͻn pε mu ma mo emu biribi a, εneε monfa anigyeε ne ahosεpε nni.
Na Monhwε na moanfa wͻn a wͻn adwen nyinniiε no sika (anaa agyapadeε) a Nyankopͻn de abͻ mo dwetire no annhyε wͻn nsa; na emu na momͻ wͻn akͻnhoma, na monfira wͻn ntoma, na monka kasa pa (a abodweε wͻ mu) nkyerε wͻn.
Na monsͻ nyanka no nhwε nkosi sε wͻ’beduru awadeε soͻ. Nasε mohunu sε wͻn adwen anyin a εneε monfa wͻn sika (anaa agyapadeε) no nhyε wͻn nsa. Na monhwε na moanni no wͻ kwan bͻne ne ntεmtεm so (amma ankͻba sε) wͻ’benyini no (na agyapadeε no asa). Na obia nensam yε no, ͻmͻ mmͻden sε ͻbɛhyɛ ne ho so (wͻ agyanka sika die no ho), na obia ahia no no nso {sε ͻredi bi a) oni no kwan pa so. Nasε mode wͻn sika (anaa agyapadeε) no rehyε wͻn nsa a, moma adansefoͻ medi wͻn ho adanseε. Na Nyankopͻn som bo wͻ akontabuo ho.