Monsom Nyankopͻn na monhwε na moanfa biribi ammata Neho; na monyε ayεmyε ma awofoͻ ne abusua ne nyanka ne ahiafoͻ ne abusuafoͻ a mone wͻn bͻ afipam, ne afipamfoͻ a wͻ’nnyε abusuafoͻ, ne akwantuo mu yͻnkoͻ (anaa y’ahokafoͻ) ne ͻkwantuni ne nkoa ne mfenaa a wͻ’hyε monsa. Nokorε sε, Nyankopͻn mpε obi a ͻyε ahomasoͻ na otu neho no asεm.