Deε moyerenom bewu agya no nso, sε wͻ’nni ba a, εfa yε modea; nasε wͻn wͻ ba nso a, εneε mokyεfa yε deε wͻn awu agya no mu nkyεmu nnan mu baako, wͻ akyire yi a y’ayi nsamanseε a ͻyͻeε, anaasε (y’atua) εka (biara) awie. Deε monso (mobewu) gya no sε monni ba a, wͻn kyεfa a εwͻ mu yε nkyεmu nnan mu baako; nasε mowͻ ba nso a wͻn kyεfa wͻ deε moagya no mu yε nkyεmu nwͻtwe mu baako, wͻ akyire yi a y’ayi nsamanseε afiri mu anaasε y’atua εka biara awie. Sε ͻbarima anaa ͻbaa a yɛredi n’adeɛ no nni awofoͻ anaa ͻba, na sε ͻwͻ nua-barima anaasε nua-baa a, εneε wͻn mu baako biara kyεfa yε nkyεmuu nsia mu baako; na sε wͻn dodoͻ boro saa a, εneε wͻ’mͻmu nkyε nkyεmu mmiεnsa mu baako, wͻ akyire yi a yayi nsamanseε afiri mu, anaasε yatua εka biara awie, aberε a monnha obi. Woi yε ahyεdeε a efiri Nyankopͻn hͻ. Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Ntoboaseε Hene.