Aseda no wͻ Onyankopͻn, ͻsoro ne asaase Bͻfo no a Wayε Soro abͻfoᴐ asomafoͻ a (ebi) wͻ ntaban mmienu ne mmiεnsa ne nnan. Ɔde deε Ɔpε ka N’abͻdeε no ho. Nokorε sε, Nyankopͻn wͻ biribiara so tumi.
Adeε a Onyankopͻn bebue ama onipa afiri N’ahummͻborͻ mu no obiara nni hͻ a ɔbɛtumi asi ho kwan. Na deε Wasi ho kwan no nso obiara nni hͻ a ɔbɛtumi afiri N’akyi de ama. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no.
Adasamma, monkae Onyankopͻn adom a εwͻ mosoͻ. Enti Onyankopͻn akyiri no ͻbͻͻ adeε foforͻ bi wͻ hͻ a ͻbͻ mo akͻnhoma firi soro ne asaase soͻ? Awurade (foforͻ) biara nni hͻ gyesε Ɔno (nko ara). Afei adεn na moredane mo ho firi ( Ne ho)?