വിശുദ്ധ ഖുർആൻ പരിഭാഷ - അകാൻ പരിഭാഷ - അഷന്തി - ഹാരൂൻ ഇസ്മാഈൽ

Faatir

external-link copy
1 : 35

ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ فَاطِرِ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ جَاعِلِ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةِ رُسُلًا أُوْلِيٓ أَجۡنِحَةٖ مَّثۡنَىٰ وَثُلَٰثَ وَرُبَٰعَۚ يَزِيدُ فِي ٱلۡخَلۡقِ مَا يَشَآءُۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ

Aseda no wͻ Onyankopͻn, ͻsoro ne asaase Bͻfo no a Wayε Soro abͻfoᴐ asomafoͻ a (ebi) wͻ ntaban mmienu ne mmiεnsa ne nnan. Ɔde deε Ɔpε ka N’abͻdeε no ho. Nokorε sε, Nyankopͻn wͻ biribiara so tumi. info
التفاسير:

external-link copy
2 : 35

مَّا يَفۡتَحِ ٱللَّهُ لِلنَّاسِ مِن رَّحۡمَةٖ فَلَا مُمۡسِكَ لَهَاۖ وَمَا يُمۡسِكۡ فَلَا مُرۡسِلَ لَهُۥ مِنۢ بَعۡدِهِۦۚ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ

Adeε a Onyankopͻn bebue ama onipa afiri N’ahummͻborͻ mu no obiara nni hͻ a ɔbɛtumi asi ho kwan. Na deε Wasi ho kwan no nso obiara nni hͻ a ɔbɛtumi afiri N’akyi de ama. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
3 : 35

يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ ٱذۡكُرُواْ نِعۡمَتَ ٱللَّهِ عَلَيۡكُمۡۚ هَلۡ مِنۡ خَٰلِقٍ غَيۡرُ ٱللَّهِ يَرۡزُقُكُم مِّنَ ٱلسَّمَآءِ وَٱلۡأَرۡضِۚ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ فَأَنَّىٰ تُؤۡفَكُونَ

Adasamma, monkae Onyankopͻn adom a εwͻ mosoͻ. Enti Onyankopͻn akyiri no ͻbͻͻ adeε foforͻ bi wͻ hͻ a ͻbͻ mo akͻnhoma firi soro ne asaase soͻ? Awurade (foforͻ) biara nni hͻ gyesε Ɔno (nko ara). Afei adεn na moredane mo ho firi ( Ne ho)? info
التفاسير: