የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል

የገፅ ቁጥር: 160:151 close

external-link copy
82 : 7

وَمَا كَانَ جَوَابَ قَوۡمِهِۦٓ إِلَّآ أَن قَالُوٓاْ أَخۡرِجُوهُم مِّن قَرۡيَتِكُمۡۖ إِنَّهُمۡ أُنَاسٞ يَتَطَهَّرُونَ

Ne nkorͻfoͻ no mmuaeε a wͻde maeε ara nesε: “Montu wͻn mfri mo kuro no mu; efirisε, wͻyε nipa a wͻpε ahoteε“. info
التفاسير:

external-link copy
83 : 7

فَأَنجَيۡنَٰهُ وَأَهۡلَهُۥٓ إِلَّا ٱمۡرَأَتَهُۥ كَانَتۡ مِنَ ٱلۡغَٰبِرِينَ

Enti Yεgyee ͻne n’abusuafoͻ nkwa, gyesε ne yere, na ͻka wͻn a wͻkaa akyire no ho. info
التفاسير:

external-link copy
84 : 7

وَأَمۡطَرۡنَا عَلَيۡهِم مَّطَرٗاۖ فَٱنظُرۡ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلۡمُجۡرِمِينَ

Na Yεtͻͻ nsuo paa gu wͻn so. Enti hwε sεdeε abͻneεfoͻ no awieeε si wieeε. info
التفاسير:

external-link copy
85 : 7

وَإِلَىٰ مَدۡيَنَ أَخَاهُمۡ شُعَيۡبٗاۚ قَالَ يَٰقَوۡمِ ٱعۡبُدُواْ ٱللَّهَ مَا لَكُم مِّنۡ إِلَٰهٍ غَيۡرُهُۥۖ قَدۡ جَآءَتۡكُم بَيِّنَةٞ مِّن رَّبِّكُمۡۖ فَأَوۡفُواْ ٱلۡكَيۡلَ وَٱلۡمِيزَانَ وَلَا تَبۡخَسُواْ ٱلنَّاسَ أَشۡيَآءَهُمۡ وَلَا تُفۡسِدُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ بَعۡدَ إِصۡلَٰحِهَاۚ ذَٰلِكُمۡ خَيۡرٞ لَّكُمۡ إِن كُنتُم مُّؤۡمِنِينَ

Ɛna Mad’yan nso wͻn nua Shua’ib kͻͻ wͻn hͻ. Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, monni nyame foforͻ biara wͻ N’akyi. Ampa, nyinasoͻ pefee firi mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ; enti (sε morehyε adeε ama obi a) monhyε ma εnyε ma, na monsusu (biribiara nso pεpεεpε) na monhwε na moamfa nyansa kwan ante amanfoͻ nneεma so, afei εmma monni nsεmͻne wͻ asaase no so wͻ akyire yi a yatoto biribiara wͻ so pεpεεpε. Saa na εyε papa ma mo sε moyε gyidiefoͻ ampa a. info
التفاسير:

external-link copy
86 : 7

وَلَا تَقۡعُدُواْ بِكُلِّ صِرَٰطٖ تُوعِدُونَ وَتَصُدُّونَ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ مَنۡ ءَامَنَ بِهِۦ وَتَبۡغُونَهَا عِوَجٗاۚ وَٱذۡكُرُوٓاْ إِذۡ كُنتُمۡ قَلِيلٗا فَكَثَّرَكُمۡۖ وَٱنظُرُواْ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلۡمُفۡسِدِينَ

Monhwε na moantenatena akwan biara so anhunahuna wͻn, ansi wͻn a wͻagye adie no kwan amfiri Nyankopͻn kwan no so anhwehwε sε (Nyame kwan no) bεkyea. Na monkae εberε a na moyε kakraabi, na Ɔmaa mo dͻͻso; na monhwε sεdeε nsεmͻnedifoͻ no awieeε si wieeε. info
التفاسير:

external-link copy
87 : 7

وَإِن كَانَ طَآئِفَةٞ مِّنكُمۡ ءَامَنُواْ بِٱلَّذِيٓ أُرۡسِلۡتُ بِهِۦ وَطَآئِفَةٞ لَّمۡ يُؤۡمِنُواْ فَٱصۡبِرُواْ حَتَّىٰ يَحۡكُمَ ٱللَّهُ بَيۡنَنَاۚ وَهُوَ خَيۡرُ ٱلۡحَٰكِمِينَ

Sε mo mu fa bi agye deε yεde somaa me no adi, ɛna εfa bi nso nnye nni a, monsi aboterε nkͻpem sε Nyankopͻn bɛbu yεn ntam atεn; na Ɔne atemmufoɔ mu Otemmufoͻ pa no”. info
التفاسير: