የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል

የገፅ ቁጥር:close

external-link copy
7 : 58

أَلَمۡ تَرَ أَنَّ ٱللَّهَ يَعۡلَمُ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۖ مَا يَكُونُ مِن نَّجۡوَىٰ ثَلَٰثَةٍ إِلَّا هُوَ رَابِعُهُمۡ وَلَا خَمۡسَةٍ إِلَّا هُوَ سَادِسُهُمۡ وَلَآ أَدۡنَىٰ مِن ذَٰلِكَ وَلَآ أَكۡثَرَ إِلَّا هُوَ مَعَهُمۡ أَيۡنَ مَا كَانُواْۖ ثُمَّ يُنَبِّئُهُم بِمَا عَمِلُواْ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۚ إِنَّ ٱللَّهَ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٌ

Enti wonhunuu sε Nyankopͻn Nim deε εwͻ soro ne asaase soᴐ? Agyina biara a (nnipa) mmiεnsa bɛtuo no Ɔno na Ɔka wͻn ho nnan, anaasε (deε nnipa) nnum (bɛtuo no) na Ɔka wͻn ho nsia, anaasε (nnipa no) dodoͻ nnuru saa anaasε εboro saa a (ne nyinaa) Ɔka wͻn ho wͻ baabi a wͻn wͻ biara; afei Wusͻreε da no Ɔbεbͻ wͻn dwuma a wͻdiiε no (nyinaa) ho amaneε. Nokorε sε Nyankopͻn ne Biribiara ho Nimdefoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
8 : 58

أَلَمۡ تَرَ إِلَى ٱلَّذِينَ نُهُواْ عَنِ ٱلنَّجۡوَىٰ ثُمَّ يَعُودُونَ لِمَا نُهُواْ عَنۡهُ وَيَتَنَٰجَوۡنَ بِٱلۡإِثۡمِ وَٱلۡعُدۡوَٰنِ وَمَعۡصِيَتِ ٱلرَّسُولِۖ وَإِذَا جَآءُوكَ حَيَّوۡكَ بِمَا لَمۡ يُحَيِّكَ بِهِ ٱللَّهُ وَيَقُولُونَ فِيٓ أَنفُسِهِمۡ لَوۡلَا يُعَذِّبُنَا ٱللَّهُ بِمَا نَقُولُۚ حَسۡبُهُمۡ جَهَنَّمُ يَصۡلَوۡنَهَاۖ فَبِئۡسَ ٱلۡمَصِيرُ

Wonhunuu wͻn a yεbraa wͻn agyinatuo na afei wͻsan kͻͻ deε yabra wͻn no mu no? Wͻtu bͻne ne ͻtan ne Ɔsomafoͻ no so atuateε ho agyina. Sε (saa nkorͻfoͻ no) ba wo hͻ a, wͻde nkyea a Nyankopͻn mfa nkyeaa woͻ no na εkyea woͻ, na wͻka no wͻ wͻn akoma mu sε: “Adεn na Nyankopͻn ntwe y’aso wͻ deε yεka no ho?“ Amanehunu gya no ara som bo ma wͻn; wͻbεhye wͻ mu; na εhͻ yε nkyi bͻne paa. info
التفاسير:

external-link copy
9 : 58

يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِذَا تَنَٰجَيۡتُمۡ فَلَا تَتَنَٰجَوۡاْ بِٱلۡإِثۡمِ وَٱلۡعُدۡوَٰنِ وَمَعۡصِيَتِ ٱلرَّسُولِ وَتَنَٰجَوۡاْ بِٱلۡبِرِّ وَٱلتَّقۡوَىٰۖ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ ٱلَّذِيٓ إِلَيۡهِ تُحۡشَرُونَ

Mo a moagye adie, sε motu agyina a monhwε na moantu bͻne ne ͻtan ne Ɔsomafoͻ no so atuateε ho agyina, na montu papayε ne Nyamesuro ho agyina; na monsuro Nyankopͻn a yεbεboa mo nyinaa ano wͻ Ne hͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
10 : 58

إِنَّمَا ٱلنَّجۡوَىٰ مِنَ ٱلشَّيۡطَٰنِ لِيَحۡزُنَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَلَيۡسَ بِضَآرِّهِمۡ شَيۡـًٔا إِلَّا بِإِذۡنِ ٱللَّهِۚ وَعَلَى ٱللَّهِ فَلۡيَتَوَكَّلِ ٱلۡمُؤۡمِنُونَ

Agyinatuo a efri ͻbonsam hͻ no ne deε ͻde bεma wͻn a wͻagye adie no werε ahoͻ, nanso ɔntumi nha wͻn wͻ hwee ho, gyesε Nyankopͻn ma kwan. Onyankopͻn na εsεsε agyidiefoͻ no de wͻn ho to Ne soͻ. info
التفاسير:

external-link copy
11 : 58

يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِذَا قِيلَ لَكُمۡ تَفَسَّحُواْ فِي ٱلۡمَجَٰلِسِ فَٱفۡسَحُواْ يَفۡسَحِ ٱللَّهُ لَكُمۡۖ وَإِذَا قِيلَ ٱنشُزُواْ فَٱنشُزُواْ يَرۡفَعِ ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مِنكُمۡ وَٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡعِلۡمَ دَرَجَٰتٖۚ وَٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ خَبِيرٞ

Mo a moagye adie, sε yεka kyerε mo sε, momae mu wͻ asetena no mu a, momae mu. Nyankopͻn bεbae mu ama mo. Na sε yεka sε, monsͻre nso a, monsͻre. Nyankopͻn bεpagya wͻn a wͻagye adie wͻ mo mu no, ne wͻn a yɛama wͻn nimdeε no agyina gyinaberε a εkorͻn. Onyankopͻn deε Ɔne dwuma a modie no ho amanebͻ Wura. info
التفاسير: