የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል

የገፅ ቁጥር:close

external-link copy
12 : 25

إِذَا رَأَتۡهُم مِّن مَّكَانِۭ بَعِيدٖ سَمِعُواْ لَهَا تَغَيُّظٗا وَزَفِيرٗا

Sε (Amane-hunu gya) no hu wͻn wͻ akyirikyiri baabi a, wͻbεte sε εde abufu-hyeε rebobͻ mu na εrepͻ soͻ. info
التفاسير:

external-link copy
13 : 25

وَإِذَآ أُلۡقُواْ مِنۡهَا مَكَانٗا ضَيِّقٗا مُّقَرَّنِينَ دَعَوۡاْ هُنَالِكَ ثُبُورٗا

Sε yεgu wͻn mpokyerε to wͻn gu bea bi a εhͻ kyere (wͻ ogya no mu a), wͻbεsu afrε owuo. info
التفاسير:

external-link copy
14 : 25

لَّا تَدۡعُواْ ٱلۡيَوۡمَ ثُبُورٗا وَٰحِدٗا وَٱدۡعُواْ ثُبُورٗا كَثِيرٗا

“Monhwε na moannsu amfrε owuo prεko pε, na mmom monsu mfrε owuo bebree” info
التفاسير:

external-link copy
15 : 25

قُلۡ أَذَٰلِكَ خَيۡرٌ أَمۡ جَنَّةُ ٱلۡخُلۡدِ ٱلَّتِي وُعِدَ ٱلۡمُتَّقُونَۚ كَانَتۡ لَهُمۡ جَزَآءٗ وَمَصِيرٗا

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Saa (Amane-hunu gya no) na εyε, anaasε Soro aheman no a yԑde ahyε Nyamesurofoͻ no bͻ no a? (Ɛhͻ) bεyε akatua ama wͻn, na (εhͻ) bεyε wͻn nnkyi. info
التفاسير:

external-link copy
16 : 25

لَّهُمۡ فِيهَا مَا يَشَآءُونَ خَٰلِدِينَۚ كَانَ عَلَىٰ رَبِّكَ وَعۡدٗا مَّسۡـُٔولٗا

Deε wͻpε biara bi wͻ hͻ ma wͻn, (εhͻ na) wͻbεtena afe bͻͻ. Woi yε bͻhyε a εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ a ɛsɛsɛ yɛbɔ ho mpaeε srε. info
التفاسير:

external-link copy
17 : 25

وَيَوۡمَ يَحۡشُرُهُمۡ وَمَا يَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ فَيَقُولُ ءَأَنتُمۡ أَضۡلَلۡتُمۡ عِبَادِي هَٰٓؤُلَآءِ أَمۡ هُمۡ ضَلُّواْ ٱلسَّبِيلَ

Ɛda no a Ɔbεboaboa wͻn nyinaa ano, ne wͻn a wͻfirii Nyankopͻn akyi som wͻn (tesε soro abͻfoͻ, akronkronfoͻ, Yesu ne deε ekeka ho no), Nyankopͻn bεka sε: “Mo na moyeraa Me nkoa woinom, anaasε wͻn ara na wͻyera firii ͻkwan (tenenee) no soͻ?” info
التفاسير:

external-link copy
18 : 25

قَالُواْ سُبۡحَٰنَكَ مَا كَانَ يَنۢبَغِي لَنَآ أَن نَّتَّخِذَ مِن دُونِكَ مِنۡ أَوۡلِيَآءَ وَلَٰكِن مَّتَّعۡتَهُمۡ وَءَابَآءَهُمۡ حَتَّىٰ نَسُواْ ٱلذِّكۡرَ وَكَانُواْ قَوۡمَۢا بُورٗا

Wͻbεka sε: “Kronkron Hene ne Wo. Na yɛnni ho kwan sε yɛfiri W’akyi fa akyitaafoͻ, nanso Womaa wͻne wͻn agyanom ahotͻ kͻpem sε wͻn werε firii Afutusεm no, na wͻkͻyεε nnipa a wͻn asopa (anaasε ayerafoͻ} “ info
التفاسير:

external-link copy
19 : 25

فَقَدۡ كَذَّبُوكُم بِمَا تَقُولُونَ فَمَا تَسۡتَطِيعُونَ صَرۡفٗا وَلَا نَصۡرٗاۚ وَمَن يَظۡلِم مِّنكُمۡ نُذِقۡهُ عَذَابٗا كَبِيرٗا

Enti (Nyankopͻn bεka sε): “Ampa sε, (wͻn a na mosom wͻn no akyerε sε) nkontomposεm na na mokeka no; na montumi nyi (asotwee no) mfri (mo ho so, na monnya) ͻboafoͻ nso. Momu biara a ͻbεyε bͻne no Yεbεma no aka asotwee a εsoo paa ahwε. info
التفاسير:

external-link copy
20 : 25

وَمَآ أَرۡسَلۡنَا قَبۡلَكَ مِنَ ٱلۡمُرۡسَلِينَ إِلَّآ إِنَّهُمۡ لَيَأۡكُلُونَ ٱلطَّعَامَ وَيَمۡشُونَ فِي ٱلۡأَسۡوَاقِۗ وَجَعَلۡنَا بَعۡضَكُمۡ لِبَعۡضٖ فِتۡنَةً أَتَصۡبِرُونَۗ وَكَانَ رَبُّكَ بَصِيرٗا

(Nkͻmhyεni), asomafoͻ a Yɛdii w’anim kan somaa wͻn no nyinaa nokorԑ sԑ na wͻdi aduane, na wͻnante wͻ dwam. Yɛayε mo mu binom nsᴐhwԑ ama mo mu bi de hwԑ sԑ mobɛsi aboterε anaa? Wo Wura Nyankopͻn deε Ohunu biribiara. info
التفاسير: