የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል

የገፅ ቁጥር:close

external-link copy
257 : 2

ٱللَّهُ وَلِيُّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ يُخۡرِجُهُم مِّنَ ٱلظُّلُمَٰتِ إِلَى ٱلنُّورِۖ وَٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ أَوۡلِيَآؤُهُمُ ٱلطَّٰغُوتُ يُخۡرِجُونَهُم مِّنَ ٱلنُّورِ إِلَى ٱلظُّلُمَٰتِۗ أُوْلَٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ

Nyankopͻn ne wͻn a wͻ’agye adie no Kyitaafoͻ, Oyi wͻn firi (abosomsom anaa bͻnee) sum no mu de wͻn kͻ (Islam) hyεn no mu; wͻn a wͻ’po (Nokorε) no nso akyitaafoͻ ne abonsamfoͻ no; wͻ’yi wͻn firi εhyεn no mu de wͻn kͻ esum no mu. Saa nkorͻfoͻ no ne Amanehunu gya no mu foͻ no, na emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ. info
التفاسير:

external-link copy
258 : 2

أَلَمۡ تَرَ إِلَى ٱلَّذِي حَآجَّ إِبۡرَٰهِـۧمَ فِي رَبِّهِۦٓ أَنۡ ءَاتَىٰهُ ٱللَّهُ ٱلۡمُلۡكَ إِذۡ قَالَ إِبۡرَٰهِـۧمُ رَبِّيَ ٱلَّذِي يُحۡيِۦ وَيُمِيتُ قَالَ أَنَا۠ أُحۡيِۦ وَأُمِيتُۖ قَالَ إِبۡرَٰهِـۧمُ فَإِنَّ ٱللَّهَ يَأۡتِي بِٱلشَّمۡسِ مِنَ ٱلۡمَشۡرِقِ فَأۡتِ بِهَا مِنَ ٱلۡمَغۡرِبِ فَبُهِتَ ٱلَّذِي كَفَرَۗ وَٱللَّهُ لَا يَهۡدِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلظَّٰلِمِينَ

(Nkͻmhyεni), wonhunuu obi a ͻgyee Abraham akyinnyeε wͻ ne Wura Nyankopͻn ho, sε Nyankopͻn ama no ahennie nti no? Ɛberε a Abraham kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn na Ɔma nkwa εna Okum”. (Ɔhene no) kaa sε: “Mema nkwa san kum”. Abraham kaa sε: “Ɛneε nokorε sε, Nyankopͻn na Ɔma awia pue firi apueε, enti ma no mpue mfri atͻeε. Enti (ͻhene) no a ͻpo nokorε no ho dwirii no a onhu asεm a ͻnka. Onyankopͻn deε Ɔnkyerε abͻneεfoͻ no kwan. info
التفاسير:

external-link copy
259 : 2

أَوۡ كَٱلَّذِي مَرَّ عَلَىٰ قَرۡيَةٖ وَهِيَ خَاوِيَةٌ عَلَىٰ عُرُوشِهَا قَالَ أَنَّىٰ يُحۡيِۦ هَٰذِهِ ٱللَّهُ بَعۡدَ مَوۡتِهَاۖ فَأَمَاتَهُ ٱللَّهُ مِاْئَةَ عَامٖ ثُمَّ بَعَثَهُۥۖ قَالَ كَمۡ لَبِثۡتَۖ قَالَ لَبِثۡتُ يَوۡمًا أَوۡ بَعۡضَ يَوۡمٖۖ قَالَ بَل لَّبِثۡتَ مِاْئَةَ عَامٖ فَٱنظُرۡ إِلَىٰ طَعَامِكَ وَشَرَابِكَ لَمۡ يَتَسَنَّهۡۖ وَٱنظُرۡ إِلَىٰ حِمَارِكَ وَلِنَجۡعَلَكَ ءَايَةٗ لِّلنَّاسِۖ وَٱنظُرۡ إِلَى ٱلۡعِظَامِ كَيۡفَ نُنشِزُهَا ثُمَّ نَكۡسُوهَا لَحۡمٗاۚ فَلَمَّا تَبَيَّنَ لَهُۥ قَالَ أَعۡلَمُ أَنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ

Anaasε ne mfatoho tesε obi a ͻkͻtwaa mu wͻ kuro bi a na abͻ korakora no mu. Ɔkaa sε: “Ɔkwan bεn so na Nyankopͻn bεfa so asan de saa kuro-dua yi aba nkwa mu bio wͻ ne wuo yi akyi?” Enti Nyankopͻn maa no wuu mfie ͻha, εna Ɔsan nyanee no. Nyankopͻn kaa sε: “Mmerε tenten sεn na wo diiε?” Ɔkaa sε: “Dakoro, anaasε dakoro mu kyεfa bi”. Ɔka kyerεε no sε: Daabi, w’adi mfie ͻha; nanso hwε w’aduane ne wo nsuo sε mfie nyεε no hwee; na hwε wa’funumuu no. Sεdeε yεde wo bεyε nsεnkyerɛnee ama adasamma. Na hwε nnompe no sεdeε Y’esi keka sisi animu, san de nam kata ho”. Enti εberε a (nokorε yi) daa adi pefee maa no no, ͻkaa sε: “M’ahunu sε nokorε, Nyankopͻn wͻ tumi wͻ biribiara so”. info
التفاسير: