Қуръони Карим маъноларининг таржимаси - Оканийча таржима - Ашантийча - Ҳарун Исмоил

Бет рақами:close

external-link copy
41 : 36

وَءَايَةٞ لَّهُمۡ أَنَّا حَمَلۡنَا ذُرِّيَّتَهُمۡ فِي ٱلۡفُلۡكِ ٱلۡمَشۡحُونِ

Wͻn asefoͻ a Yεsoaa wͻn wͻ (Noa) hyεn a ayε mma no mu no yε nsεnkyerεnee ma wͻn. info
التفاسير:

external-link copy
42 : 36

وَخَلَقۡنَا لَهُم مِّن مِّثۡلِهِۦ مَا يَرۡكَبُونَ

Yɛabͻ (Noa nhyεmma no) nso sεso ama wͻn a wͻforo tena mu. info
التفاسير:

external-link copy
43 : 36

وَإِن نَّشَأۡ نُغۡرِقۡهُمۡ فَلَا صَرِيخَ لَهُمۡ وَلَا هُمۡ يُنقَذُونَ

Sε Yεpε a, anka Yεbεma wͻn amem na wͻnya obi a wͻbɛsu afrε no anaa obia ɔbεgye wͻn. info
التفاسير:

external-link copy
44 : 36

إِلَّا رَحۡمَةٗ مِّنَّا وَمَتَٰعًا إِلَىٰ حِينٖ

Mmom εyε ahummͻborͻ a efiri Yεn nkyεn, ne anigyedeε de kͻpem εberε ( a yɛahyε). info
التفاسير:

external-link copy
45 : 36

وَإِذَا قِيلَ لَهُمُ ٱتَّقُواْ مَا بَيۡنَ أَيۡدِيكُمۡ وَمَا خَلۡفَكُمۡ لَعَلَّكُمۡ تُرۡحَمُونَ

Sε yεka kyerε wͻn sε: “Monsuro deε εda mo anim ne deε εda mo akyi sεdeε yɛbɛhu mo mmͻbͻ a, info
التفاسير:

external-link copy
46 : 36

وَمَا تَأۡتِيهِم مِّنۡ ءَايَةٖ مِّنۡ ءَايَٰتِ رَبِّهِمۡ إِلَّا كَانُواْ عَنۡهَا مُعۡرِضِينَ

Nsεnkyerεnee mu nsεnkyerεnee biara a efri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ aba wͻn hͻ no, wͻdanee wͻn ho firii ho. info
التفاسير:

external-link copy
47 : 36

وَإِذَا قِيلَ لَهُمۡ أَنفِقُواْ مِمَّا رَزَقَكُمُ ٱللَّهُ قَالَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لِلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ أَنُطۡعِمُ مَن لَّوۡ يَشَآءُ ٱللَّهُ أَطۡعَمَهُۥٓ إِنۡ أَنتُمۡ إِلَّا فِي ضَلَٰلٖ مُّبِينٖ

Sε yεka kyerε wͻn sε: “Monyi deε Nyankopͻn de ama mo no mu bi ma a, wͻn a wͻnnye nnie no ka kyerε wͻn a wͻagye adie no sε: ”Yεmͻ wͻn a sε Nyankopͻn pε a Ɔbɛtumi abͻ wͻn akͻnhoma no akͻnhoma? (Kaafirfoͻ no ka kyerε agyidiefoͻ no sε): “Nokorε sε mowͻ ͻyera pefee paa mu “. info
التفاسير:

external-link copy
48 : 36

وَيَقُولُونَ مَتَىٰ هَٰذَا ٱلۡوَعۡدُ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ

Wͻka nso (kyerε agyidiefoͻ no) sε: “Sε mo yε nokwafoͻ ampa a, dabεn na saa bͻhyε no (bεba)?” info
التفاسير:

external-link copy
49 : 36

مَا يَنظُرُونَ إِلَّا صَيۡحَةٗ وَٰحِدَةٗ تَأۡخُذُهُمۡ وَهُمۡ يَخِصِّمُونَ

Enti deε (boniayεfoͻ no) retwεn ara ne Nteamu fua pε no?. Ɛbεsͻ wͻn mu wͻ εberε a wͻregye akyinnyeε! info
التفاسير:

external-link copy
50 : 36

فَلَا يَسۡتَطِيعُونَ تَوۡصِيَةٗ وَلَآ إِلَىٰٓ أَهۡلِهِمۡ يَرۡجِعُونَ

(Saa Da no) wͻntumi nyε nsamanseε, na wͻntumi nso nsan nkͻ wͻn abusuafoͻ hͻ bio. info
التفاسير:

external-link copy
51 : 36

وَنُفِخَ فِي ٱلصُّورِ فَإِذَا هُم مِّنَ ٱلۡأَجۡدَاثِ إِلَىٰ رَبِّهِمۡ يَنسِلُونَ

Sε yεbͻ totorobεnto no mu (deε etwa toͻ no) a, wobɛhunu sε wͻde ahoͻhare firi adaka-mena mu rekͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
52 : 36

قَالُواْ يَٰوَيۡلَنَا مَنۢ بَعَثَنَا مِن مَّرۡقَدِنَاۜۗ هَٰذَا مَا وَعَدَ ٱلرَّحۡمَٰنُ وَصَدَقَ ٱلۡمُرۡسَلُونَ

(Saa Da no boniayεfoͻ no) bεka sε: ”Adi ayε yεn! Hwan na wanyane yεn afiri faako a yεda yi? (Soro abͻfoͻ anaasε agyidiefoͻ no bɛyi wͻn ano sε): “Woi na Ahummͻborͻ Hene no hyεε ho bͻ no. Asomafoͻ no asεm no ayε nokorε”. info
التفاسير:

external-link copy
53 : 36

إِن كَانَتۡ إِلَّا صَيۡحَةٗ وَٰحِدَةٗ فَإِذَا هُمۡ جَمِيعٞ لَّدَيۡنَا مُحۡضَرُونَ

(Wusͻreε no deε) εyε nteamu fua pε, na wobɛhunu sε yεde wͻn nyinaa aba Y’anim. info
التفاسير:

external-link copy
54 : 36

فَٱلۡيَوۡمَ لَا تُظۡلَمُ نَفۡسٞ شَيۡـٔٗا وَلَا تُجۡزَوۡنَ إِلَّا مَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ

Saa Da no yɛnsisi ͻkra bi wͻ biribiara ho, na mmom dwuma a modiiε no na yɛbɛtua mo ho ka. info
التفاسير: