قۇرئان كەرىم مەنىلىرىنىڭ تەرجىمىسى - ئاكانيچە تەرجىمىسى - ئاشانتىيچە - ھارۇن ئىسمائىل

As-Soaafaat

external-link copy
1 : 37

وَٱلصَّٰٓفَّٰتِ صَفّٗا

Mede (Soro abͻfoͻ) a wato santen (resom Nyame), info
التفاسير:

external-link copy
2 : 37

فَٱلزَّٰجِرَٰتِ زَجۡرٗا

Ne wͻn a wͻde anibereε bͻ kͻkͻ. (Anaasε) Soro abͻfoͻ a wͻka mununkum so wͻ kwan pa soͻ, info
التفاسير:

external-link copy
3 : 37

فَٱلتَّٰلِيَٰتِ ذِكۡرًا

Ne wͻn a wͻkenkan Afutusεm no, di nse sε: info
التفاسير:

external-link copy
4 : 37

إِنَّ إِلَٰهَكُمۡ لَوَٰحِدٞ

Nokorε, mo Wura Nyankopͻn, Ɔyε baako. info
التفاسير:

external-link copy
5 : 37

رَّبُّ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا بَيۡنَهُمَا وَرَبُّ ٱلۡمَشَٰرِقِ

Ɔsoro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfimfii Wura, ne apueε ahodoᴐ no Wura . info
التفاسير:

external-link copy
6 : 37

إِنَّا زَيَّنَّا ٱلسَّمَآءَ ٱلدُّنۡيَا بِزِينَةٍ ٱلۡكَوَاكِبِ

Nokorε sε Yεde nsoromma fε asiesie ͻsoro a εwͻ wiase no. info
التفاسير:

external-link copy
7 : 37

وَحِفۡظٗا مِّن كُلِّ شَيۡطَٰنٖ مَّارِدٖ

Na εwεn ͻbonsam soͻdeni biara. info
التفاسير:

external-link copy
8 : 37

لَّا يَسَّمَّعُونَ إِلَى ٱلۡمَلَإِ ٱلۡأَعۡلَىٰ وَيُقۡذَفُونَ مِن كُلِّ جَانِبٖ

Wͻnte (ͻsoro abͻfoͻ) badwa a εkorͻn no mu nsεm, efrisε, yεto (nsoromma) fri bea biara de bͻ wͻn, info
التفاسير:

external-link copy
9 : 37

دُحُورٗاۖ وَلَهُمۡ عَذَابٞ وَاصِبٌ

depam wͻn, na wͻn wͻ daa asotwee. info
التفاسير:

external-link copy
10 : 37

إِلَّا مَنۡ خَطِفَ ٱلۡخَطۡفَةَ فَأَتۡبَعَهُۥ شِهَابٞ ثَاقِبٞ

Mmom nea ͻbɛwiawia ne ho ahwim biribi no, egya a εhyerεn bɛdi n’akyi. info
التفاسير:

external-link copy
11 : 37

فَٱسۡتَفۡتِهِمۡ أَهُمۡ أَشَدُّ خَلۡقًا أَم مَّنۡ خَلَقۡنَآۚ إِنَّا خَلَقۡنَٰهُم مِّن طِينٖ لَّازِبِۭ

Enti bisa wͻn sε, wͻn mmͻeε na εyε den anaasε (abͻdeε nkaeε) a Yɛabͻ noa? Yεbͻͻ wͻn firi dɔteε a ɛsɔ twann mu. info
التفاسير:

external-link copy
12 : 37

بَلۡ عَجِبۡتَ وَيَسۡخَرُونَ

Nokorε sε (Nkͻmhyεni), εyε wo nwanwa (sε saa nkorͻfoͻ no ani tua Nyankopͻn tumi nanso wͻnnye nnie) na wͻredi (wo ne Qur’aan ho) fεw. info
التفاسير:

external-link copy
13 : 37

وَإِذَا ذُكِّرُواْ لَا يَذۡكُرُونَ

Sε yɛtu wͻn fo a wͻntere fo, (anaa wͻnfa afutuo no nyε adwuma). info
التفاسير:

external-link copy
14 : 37

وَإِذَا رَأَوۡاْ ءَايَةٗ يَسۡتَسۡخِرُونَ

Sε wͻhunu nsεnkyerεnee bi (firi Nyankopͻn hͻ a) wͻde di fεw. info
التفاسير:

external-link copy
15 : 37

وَقَالُوٓاْ إِنۡ هَٰذَآ إِلَّا سِحۡرٞ مُّبِينٌ

Deε wͻka ara ne sε: “Woi deε εyε nkonyaa anaa naadaasεm pefee. info
التفاسير:

external-link copy
16 : 37

أَءِذَا مِتۡنَا وَكُنَّا تُرَابٗا وَعِظَٰمًا أَءِنَّا لَمَبۡعُوثُونَ

Ɛdeεn! Sε yɛwu na yεyε mfuturo ne nnompe a yεbεsan anyane (bio)? info
التفاسير:

external-link copy
17 : 37

أَوَءَابَآؤُنَا ٱلۡأَوَّلُونَ

Anaasε yεn agyanom tetefoͻ no nso?” info
التفاسير:

external-link copy
18 : 37

قُلۡ نَعَمۡ وَأَنتُمۡ دَٰخِرُونَ

(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Aane! Na yεbεbrε mo ase agu mo anim ase. info
التفاسير:

external-link copy
19 : 37

فَإِنَّمَا هِيَ زَجۡرَةٞ وَٰحِدَةٞ فَإِذَا هُمۡ يَنظُرُونَ

Ɛbεyε nteamu fua pε, na wobɛhunu sε wͻrehwε (Wusͻreε da no)’’. info
التفاسير:

external-link copy
20 : 37

وَقَالُواْ يَٰوَيۡلَنَا هَٰذَا يَوۡمُ ٱلدِّينِ

Wͻbεka sε: “Adi ayε yεn! Akatua da no nie! info
التفاسير:

external-link copy
21 : 37

هَٰذَا يَوۡمُ ٱلۡفَصۡلِ ٱلَّذِي كُنتُم بِهِۦ تُكَذِّبُونَ

Woi ne Asenida no a mofaa no nkontomposεm no. info
التفاسير:

external-link copy
22 : 37

۞ ٱحۡشُرُواْ ٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ وَأَزۡوَٰجَهُمۡ وَمَا كَانُواْ يَعۡبُدُونَ

(Yεbεka akyerε Soro abͻfoͻ no sε): “Momoaboa wͻn a wͻyεε bͻne no ne wͻn ahokafoɔ (a wɔwɔ abonsamfoɔ no mu) ne deε wͻsomeε-- info
التفاسير:

external-link copy
23 : 37

مِن دُونِ ٱللَّهِ فَٱهۡدُوهُمۡ إِلَىٰ صِرَٰطِ ٱلۡجَحِيمِ

– Wͻ Nyankopͻn akyi no ano, na monkyerε wͻn kwan nkͻ Amanehunu gya no ho. info
التفاسير:

external-link copy
24 : 37

وَقِفُوهُمۡۖ إِنَّهُم مَّسۡـُٔولُونَ

Moma wͻn nyina hͻ, nokorε sε wͻn wͻ nsεmmisa. info
التفاسير: