அல்குர்ஆன் மொழிபெயர்ப்பு - அகான் மொழிபெயர்ப்பு - அசாந்தி - ஹாரூன் இஸ்மாயில்

பக்க எண்:close

external-link copy
164 : 2

إِنَّ فِي خَلۡقِ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَٱخۡتِلَٰفِ ٱلَّيۡلِ وَٱلنَّهَارِ وَٱلۡفُلۡكِ ٱلَّتِي تَجۡرِي فِي ٱلۡبَحۡرِ بِمَا يَنفَعُ ٱلنَّاسَ وَمَآ أَنزَلَ ٱللَّهُ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مِن مَّآءٖ فَأَحۡيَا بِهِ ٱلۡأَرۡضَ بَعۡدَ مَوۡتِهَا وَبَثَّ فِيهَا مِن كُلِّ دَآبَّةٖ وَتَصۡرِيفِ ٱلرِّيَٰحِ وَٱلسَّحَابِ ٱلۡمُسَخَّرِ بَيۡنَ ٱلسَّمَآءِ وَٱلۡأَرۡضِ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَعۡقِلُونَ

Nokorε sε, ͻsoro ne asaase mmͻeε, ne adesaeε ne adekyeε a εbͻ abira, (adeεsa na adeε akye), ne nsuomu-hyεn a εde nneεma a nnipa nya ho mfasoͻ nam ͻpo soͻ, ne nsuo a Nyankopͻn siane firi soro de nyane asaase wͻ (asaase) wuo akyi, ne mmoadoma ahodoͻ a w’apete wͻ asaase soͻ, ne mframa a, edi adane-adane, ne mununkum a εberε neho ase wͻ ewiem ne asaase no ntεm no (nyinaa) yε nsεnkyerεnee dema nnipa a wͻ’dwen. info
التفاسير:

external-link copy
165 : 2

وَمِنَ ٱلنَّاسِ مَن يَتَّخِذُ مِن دُونِ ٱللَّهِ أَندَادٗا يُحِبُّونَهُمۡ كَحُبِّ ٱللَّهِۖ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ أَشَدُّ حُبّٗا لِّلَّهِۗ وَلَوۡ يَرَى ٱلَّذِينَ ظَلَمُوٓاْ إِذۡ يَرَوۡنَ ٱلۡعَذَابَ أَنَّ ٱلۡقُوَّةَ لِلَّهِ جَمِيعٗا وَأَنَّ ٱللَّهَ شَدِيدُ ٱلۡعَذَابِ

Nnipa no mu bi wᴐ hᴐ a w’afiri Nyankopͻn akyi afa nneεma bi detoto Nyame ho (som wͻn). Wͻ’de ᴐdͻ a εsεsε wͻ’de dͻ Nyankopͻn no dͻ wͻn. Wͻn a wͻ’agye adie no nso wͻ Nyankopͻn ho dͻ papaapa (kyεn biribiara). Sε abͻneεfoͻ no rehunu (sεdeε) εberε a wͻ’behunu asotwee no (besi ayε) a, anka (wͻ’behunu sε) tumi nyinaa wͻ Nyankopͻn; nokorε nso sε, Nyankopͻn asotwee ano yε den paa. info
التفاسير:

external-link copy
166 : 2

إِذۡ تَبَرَّأَ ٱلَّذِينَ ٱتُّبِعُواْ مِنَ ٱلَّذِينَ ٱتَّبَعُواْ وَرَأَوُاْ ٱلۡعَذَابَ وَتَقَطَّعَتۡ بِهِمُ ٱلۡأَسۡبَابُ

Ɛberε a wͻ’behunu asotwe no (mpanimfoͻ bi a, nnipa bi) dii wͻn akyi (na wͻ’yera wͻn) no beyi wͻn a wͻ’dii wͻn akyi no ama (anaasε wͻ’bεtwe wͻn ho afri wͻn ho saa berε no) wͻn abusua bͻ (anaasε twaka a εda wͻn ntεm) no nyinaa to betwa. info
التفاسير:

external-link copy
167 : 2

وَقَالَ ٱلَّذِينَ ٱتَّبَعُواْ لَوۡ أَنَّ لَنَا كَرَّةٗ فَنَتَبَرَّأَ مِنۡهُمۡ كَمَا تَبَرَّءُواْ مِنَّاۗ كَذَٰلِكَ يُرِيهِمُ ٱللَّهُ أَعۡمَٰلَهُمۡ حَسَرَٰتٍ عَلَيۡهِمۡۖ وَمَا هُم بِخَٰرِجِينَ مِنَ ٱلنَّارِ

Wͻn a wͻ’dii (mpanimfoͻ no) akyi no bεka sε: ‘’Sε yenya kwan bio asan (akͻ wiase a) anka yebeyi wͻn ama sεdeε wͻn ayi yεn ama (wͻ nnε da yi). Saa ara na Nyankopͻn beyi wͻn dwumadie ho berεguo akyerε wͻn, na wͻnnya kwan mfiri wͻ Ogya no mu. info
التفاسير:

external-link copy
168 : 2

يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ كُلُواْ مِمَّا فِي ٱلۡأَرۡضِ حَلَٰلٗا طَيِّبٗا وَلَا تَتَّبِعُواْ خُطُوَٰتِ ٱلشَّيۡطَٰنِۚ إِنَّهُۥ لَكُمۡ عَدُوّٞ مُّبِينٌ

Adasamma, moni deε εwͻ asaase so a εkwan wͻ ho, na εyε (anaasε εho teε); na monhwε yie na moanni ͻbonsam anamͻn akyi, nokorε sε ͻyε motamfo a ͻda adi pefee. info
التفاسير:

external-link copy
169 : 2

إِنَّمَا يَأۡمُرُكُم بِٱلسُّوٓءِ وَٱلۡفَحۡشَآءِ وَأَن تَقُولُواْ عَلَى ٱللَّهِ مَا لَا تَعۡلَمُونَ

Deε ͻrehyε mo (sε monyε) ne bͻne, ne (sɛ mobebu) ahohwi bra, ne sε mobεka (nsεm) a monnim ato Nyankopͻn soͻ. info
التفاسير: