ශුද්ධවූ අල් කුර්ආන් අර්ථ කථනය - අකාන් පරිවර්තනය - අශාන්ති - හාරූන් ඉස්මාඊල්

පිටු අංක:close

external-link copy
34 : 8

وَمَا لَهُمۡ أَلَّا يُعَذِّبَهُمُ ٱللَّهُ وَهُمۡ يَصُدُّونَ عَنِ ٱلۡمَسۡجِدِ ٱلۡحَرَامِ وَمَا كَانُوٓاْ أَوۡلِيَآءَهُۥٓۚ إِنۡ أَوۡلِيَآؤُهُۥٓ إِلَّا ٱلۡمُتَّقُونَ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ

Anoyie bεn na wͻwͻ a enti Nyankopͻn ntwe wͻn aso, aberε a wͻresi (amanfoͻ) kwan firi Nyamedan kronkron no ho, aberε nso a εnyε wͻn ne εso hwεfoͻ? Ɛso hwεfoͻ no mmom deε wͻne Nyamesurofoͻ no, nanso wͻn mu dodoͻ no ara nnim. info
التفاسير:

external-link copy
35 : 8

وَمَا كَانَ صَلَاتُهُمۡ عِندَ ٱلۡبَيۡتِ إِلَّا مُكَآءٗ وَتَصۡدِيَةٗۚ فَذُوقُواْ ٱلۡعَذَابَ بِمَا كُنتُمۡ تَكۡفُرُونَ

(Abosomsomfoͻ no) asͻreyε wͻ (Ka’aba) Efie no ho ara ne hwerεma bͻ ne nsammͻ. Enti monka (asotwee no) nhwε εnam mo boniayε no ho nti. info
التفاسير:

external-link copy
36 : 8

إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ يُنفِقُونَ أَمۡوَٰلَهُمۡ لِيَصُدُّواْ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِۚ فَسَيُنفِقُونَهَا ثُمَّ تَكُونُ عَلَيۡهِمۡ حَسۡرَةٗ ثُمَّ يُغۡلَبُونَۗ وَٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ إِلَىٰ جَهَنَّمَ يُحۡشَرُونَ

Nokorε sε, boniayεfoͻ no sεe wͻn sika sεdeε wͻbɛsi (amanfoͻ kwan) afiri Nyankopͻn kwan no soᴐ. Wͻbεkͻ so asεe no, ama ayε brεguo ama wͻn, na yɛadi wͻn so nkonim. Wͻn a wͻyi boniayε no, yεbεboa wͻn ano akͻ Amanehunu gyem. info
التفاسير:

external-link copy
37 : 8

لِيَمِيزَ ٱللَّهُ ٱلۡخَبِيثَ مِنَ ٱلطَّيِّبِ وَيَجۡعَلَ ٱلۡخَبِيثَ بَعۡضَهُۥ عَلَىٰ بَعۡضٖ فَيَرۡكُمَهُۥ جَمِيعٗا فَيَجۡعَلَهُۥ فِي جَهَنَّمَۚ أُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡخَٰسِرُونَ

Sεdeε Nyankopͻn bɛyiyi abͻneεfoͻ no afiri apapafoͻ no mu; na Ɔbεma (yɛahyehyε) abͻneεfoͻ no ama ebinom adeda ebinom so, aboa wͻn ano de wͻn akͻ Amanehunu gyem. Saa nkorͻfoͻ no ne brεguofoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
38 : 8

قُل لِّلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ إِن يَنتَهُواْ يُغۡفَرۡ لَهُم مَّا قَدۡ سَلَفَ وَإِن يَعُودُواْ فَقَدۡ مَضَتۡ سُنَّتُ ٱلۡأَوَّلِينَ

Ka kyerε boniayεfoͻ no sε: “Sε wͻgyae (wͻn ko tia no) a, Ɔde deε atwamu no bεkyε wͻn, sε wͻsan wͻn akyi nso a, nokorε sε tetefoͻ no a (wͻde bͻne sii wͻn ani soͻ no) kwan no atwam kͻ (a εyε adesua ma wͻn). info
التفاسير:

external-link copy
39 : 8

وَقَٰتِلُوهُمۡ حَتَّىٰ لَا تَكُونَ فِتۡنَةٞ وَيَكُونَ ٱلدِّينُ كُلُّهُۥ لِلَّهِۚ فَإِنِ ٱنتَهَوۡاْ فَإِنَّ ٱللَّهَ بِمَا يَعۡمَلُونَ بَصِيرٞ

Enti (agyidiefoͻ) mone wͻn nko nkosi sε aniεyadeε biara to bɛtwa, na ͻsom no nyinaa bεyε Nyankopͻn dea. Na sε wͻgyae a, nokorε sε Nyankopͻn ani tua dwuma a wͻdie nyinaa. info
التفاسير:

external-link copy
40 : 8

وَإِن تَوَلَّوۡاْ فَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّ ٱللَّهَ مَوۡلَىٰكُمۡۚ نِعۡمَ ٱلۡمَوۡلَىٰ وَنِعۡمَ ٱلنَّصِيرُ

Sε wͻdane wͻn akyi nso a, εneε monhunu sε, Onyankopͻn ne mo Kyitaafoͻ; Okyitaafoͻ papa ne no, na Ɔne Ɔboafoͻ papa no. info
التفاسير: