ශුද්ධවූ අල් කුර්ආන් අර්ථ කථනය - අකාන් පරිවර්තනය - අශාන්ති - හාරූන් ඉස්මාඊල්

පිටු අංක:close

external-link copy
179 : 7

وَلَقَدۡ ذَرَأۡنَا لِجَهَنَّمَ كَثِيرٗا مِّنَ ٱلۡجِنِّ وَٱلۡإِنسِۖ لَهُمۡ قُلُوبٞ لَّا يَفۡقَهُونَ بِهَا وَلَهُمۡ أَعۡيُنٞ لَّا يُبۡصِرُونَ بِهَا وَلَهُمۡ ءَاذَانٞ لَّا يَسۡمَعُونَ بِهَآۚ أُوْلَٰٓئِكَ كَٱلۡأَنۡعَٰمِ بَلۡ هُمۡ أَضَلُّۚ أُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡغَٰفِلُونَ

Ampa sε Yɛabͻ Jinn ne nnipa no mu pii ama Amanehunu gya no, wͻwͻ akoma (nanso) wͻmfa nte asεm ase, wͻwͻ ani (nanso) wͻmfa nhu adeε, wͻwͻ aso (nanso) wͻmfa nte asεm. Wͻte sε nyεmmoa, aane, wͻayera mpo sen saa. Wei nom na wͻabu wͻn ani agu (afotuo no) soͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
180 : 7

وَلِلَّهِ ٱلۡأَسۡمَآءُ ٱلۡحُسۡنَىٰ فَٱدۡعُوهُ بِهَاۖ وَذَرُواْ ٱلَّذِينَ يُلۡحِدُونَ فِيٓ أَسۡمَٰٓئِهِۦۚ سَيُجۡزَوۡنَ مَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ

Nyankopͻn na Ɔwͻ Abodin pa, enti momfa εno nsu mfrε no, na monnyae wͻn a wamane anaa wato mmra wͻ N’abodin no ho no. Yεbɛtua wͻn deε wͻyͻeε no so ka. info
التفاسير:

external-link copy
181 : 7

وَمِمَّنۡ خَلَقۡنَآ أُمَّةٞ يَهۡدُونَ بِٱلۡحَقِّ وَبِهِۦ يَعۡدِلُونَ

Amanfoͻ a Yɛabͻ wͻn no mu bi wͻ hͻ a wͻde nokorε no kyerε (nnipa) kwan, na wͻdi εho nokorε nso. info
التفاسير:

external-link copy
182 : 7

وَٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا سَنَسۡتَدۡرِجُهُم مِّنۡ حَيۡثُ لَا يَعۡلَمُونَ

Wͻn nso a wͻfa Yεn Nsεm no sε atorͻsεm no, Yεbεgyegye wͻn taa-taa nkakrankakra ama asotwee afiri deε wͻnnim abεfro wͻn. info
التفاسير:

external-link copy
183 : 7

وَأُمۡلِي لَهُمۡۚ إِنَّ كَيۡدِي مَتِينٌ

Mama wͻn berε. Nokorε sε, Metirimu pͻ a Mabͻ no emu yε den paa. info
التفاسير:

external-link copy
184 : 7

أَوَلَمۡ يَتَفَكَّرُواْۗ مَا بِصَاحِبِهِم مِّن جِنَّةٍۚ إِنۡ هُوَ إِلَّا نَذِيرٞ مُّبِينٌ

Enti (boniayεfoᴐ) no nnwene wͻn yͻnko (Muhammad) ho sε ᴐmmͻͻ dam? Ɔyε kͻkͻbͻni pefee. info
التفاسير:

external-link copy
185 : 7

أَوَلَمۡ يَنظُرُواْ فِي مَلَكُوتِ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا خَلَقَ ٱللَّهُ مِن شَيۡءٖ وَأَنۡ عَسَىٰٓ أَن يَكُونَ قَدِ ٱقۡتَرَبَ أَجَلُهُمۡۖ فَبِأَيِّ حَدِيثِۭ بَعۡدَهُۥ يُؤۡمِنُونَ

Anaasԑ wͻnnhwε ͻsoro ne asaase so ahennie, ne biribiara a Nyankopͻn abͻ? Na (wͻn nhunuu nso) sε ampa sε ebia wͻn berε no abεn? (Nkyerεkyerεmu) wei akyi asεm bεn (bio) na wͻbεgye adie? info
التفاسير:

external-link copy
186 : 7

مَن يُضۡلِلِ ٱللَّهُ فَلَا هَادِيَ لَهُۥۚ وَيَذَرُهُمۡ فِي طُغۡيَٰنِهِمۡ يَعۡمَهُونَ

Obia Nyankopͻn bεyera no no, ɔnnya kwankyerεfoͻ; na Ogyae wͻn wͻ wͻn yera (anaa wͻn bͻne) no mu ma wͻkeka kͻ (tesε anifirafoͻ). info
التفاسير:

external-link copy
187 : 7

يَسۡـَٔلُونَكَ عَنِ ٱلسَّاعَةِ أَيَّانَ مُرۡسَىٰهَاۖ قُلۡ إِنَّمَا عِلۡمُهَا عِندَ رَبِّيۖ لَا يُجَلِّيهَا لِوَقۡتِهَآ إِلَّا هُوَۚ ثَقُلَتۡ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ لَا تَأۡتِيكُمۡ إِلَّا بَغۡتَةٗۗ يَسۡـَٔلُونَكَ كَأَنَّكَ حَفِيٌّ عَنۡهَاۖ قُلۡ إِنَّمَا عِلۡمُهَا عِندَ ٱللَّهِ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَعۡلَمُونَ

(Nkͻmhyεni), wͻrebisa wo Dͻnhwere no ho asεm sε, εberε bεn na εbεba? Ka sε: “Ɛho nimdeε no deε, εwͻ me Wura Nyankopͻn hͻ. Obiara ntumi nkyerε εberε a εbεba gyesε Ɔno nko ara. Ԑho asεm mu yε duru wͻ soro ne asase so. Mpofirem na εbεba mosoͻ”. Wͻrebisa wo sεdeε wonim ho biribi. Ka sε: “Ɛho nimdeε no deε εwͻ Nyankopͻn nko ara hͻ nanso nnipa pii nnim”. info
التفاسير: