ශුද්ධවූ අල් කුර්ආන් අර්ථ කථනය - අකාන් පරිවර්තනය - අශාන්ති - හාරූන් ඉස්මාඊල්

external-link copy
146 : 6

وَعَلَى ٱلَّذِينَ هَادُواْ حَرَّمۡنَا كُلَّ ذِي ظُفُرٖۖ وَمِنَ ٱلۡبَقَرِ وَٱلۡغَنَمِ حَرَّمۡنَا عَلَيۡهِمۡ شُحُومَهُمَآ إِلَّا مَا حَمَلَتۡ ظُهُورُهُمَآ أَوِ ٱلۡحَوَايَآ أَوۡ مَا ٱخۡتَلَطَ بِعَظۡمٖۚ ذَٰلِكَ جَزَيۡنَٰهُم بِبَغۡيِهِمۡۖ وَإِنَّا لَصَٰدِقُونَ

Wͻn a wͻ’yε Yudafoͻ no, yεbraa wͻn (aboa biara a) ͻwͻ tͻte a emu mpaeε, εna nantwie ne nnwan mu nso yεbraa wͻn (saa mmoa no) mmienu sradeε, gyesε deε εwͻ wͻn mmienu akyi ne deε εwͻ wͻn nsono mu anaa deε εne nnompe no adi afra. Saa ara na Y’etuaa wͻn asoͻden no so ka. Na ampa sε, Yεn na Yε’ka nokorε. info
التفاسير: