ශුද්ධවූ අල් කුර්ආන් අර්ථ කථනය - අකාන් පරිවර්තනය - අශාන්ති - හාරූන් ඉස්මාඊල්

පිටු අංක: 473:467 close

external-link copy
59 : 40

إِنَّ ٱلسَّاعَةَ لَأٓتِيَةٞ لَّا رَيۡبَ فِيهَا وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يُؤۡمِنُونَ

Nokorε sε Dͻnhwere no reba a akyinnyeε biara nni ho, nanso nnipa pii nnye nni. info
التفاسير:

external-link copy
60 : 40

وَقَالَ رَبُّكُمُ ٱدۡعُونِيٓ أَسۡتَجِبۡ لَكُمۡۚ إِنَّ ٱلَّذِينَ يَسۡتَكۡبِرُونَ عَنۡ عِبَادَتِي سَيَدۡخُلُونَ جَهَنَّمَ دَاخِرِينَ

Mo Wura Nyankopͻn kaa sε: ”Monsu mfrε Me na Mεgye mo so“. Nokorε sε wͻn a wͻyε ahomasoͻ wͻ Mesom ho no deε wͻbɛwura bonsam gyem wͻ animguaseε mu. info
التفاسير:

external-link copy
61 : 40

ٱللَّهُ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلَّيۡلَ لِتَسۡكُنُواْ فِيهِ وَٱلنَّهَارَ مُبۡصِرًاۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَذُو فَضۡلٍ عَلَى ٱلنَّاسِ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَشۡكُرُونَ

Nyankopͻn na Wayε anadwo ama mo sεdeε mobεgye moahome wͻ mu, εna (Wayε) adekyeε nso (ama mo sεdeε mode) bɛhunu adeε. Nokorε sε Onyankopͻn adom a εwͻ nnipa soͻ no so paa nanso nnipa pii nnyi (Nyankopͻn) ayε. info
التفاسير:

external-link copy
62 : 40

ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمۡ خَٰلِقُ كُلِّ شَيۡءٖ لَّآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَۖ فَأَنَّىٰ تُؤۡفَكُونَ

Wei ne mo Wura Nyankopͻn no, Adeε nyinaa Bͻfo no, awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara. Na εhen na moredane moho korͻ yi? info
التفاسير:

external-link copy
63 : 40

كَذَٰلِكَ يُؤۡفَكُ ٱلَّذِينَ كَانُواْ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ يَجۡحَدُونَ

Saa ara na wͻn a wͻko tia Nyankopͻn nsεnkyerεnee no dane wͻn ho (firi Nyankopͻn Nsεm no ho). info
التفاسير:

external-link copy
64 : 40

ٱللَّهُ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلۡأَرۡضَ قَرَارٗا وَٱلسَّمَآءَ بِنَآءٗ وَصَوَّرَكُمۡ فَأَحۡسَنَ صُوَرَكُمۡ وَرَزَقَكُم مِّنَ ٱلطَّيِّبَٰتِۚ ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُ رَبُّكُمۡۖ فَتَبَارَكَ ٱللَّهُ رَبُّ ٱلۡعَٰلَمِينَ

Nyankopͻn na Wayε asaase so asetena ama mo, εna (Wayε) ͻsoro no nso (tesε εdan) nkurusoͻ, εna Ɔnwenee mo, na Ɔnwenee mo fεfεεfε (anaasε ͻnwenee mo yie), εna Ɔde nnepa bͻ mo akͻnhoma. Wei ne mo Wura Nyankopͻn no. Enti nhyira Wura ne Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no. info
التفاسير:

external-link copy
65 : 40

هُوَ ٱلۡحَيُّ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ فَٱدۡعُوهُ مُخۡلِصِينَ لَهُ ٱلدِّينَۗ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ

Ɔne Ɔteasefoͻ no, awurade biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara. Enti monfa nokorε ne ahobraseε nsu mfrε no mfa ͻsom ma no. Aseda nyinaa wͻ Nyankopͻn Abͻdeε nyinaa Wura no. info
التفاسير:

external-link copy
66 : 40

۞ قُلۡ إِنِّي نُهِيتُ أَنۡ أَعۡبُدَ ٱلَّذِينَ تَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ لَمَّا جَآءَنِيَ ٱلۡبَيِّنَٰتُ مِن رَّبِّي وَأُمِرۡتُ أَنۡ أُسۡلِمَ لِرَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ

(Nkͻmhyεni) ka sε: ”Medeε yɛabra me sε mεsom adeε a mofiri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no wͻ abrε a nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee firi me Wura Nyankopͻn hͻ aba me hͻ; na yɛahyε me sε memmrε me ho ase mma Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn. info
التفاسير: