ශුද්ධවූ අල් කුර්ආන් අර්ථ කථනය - අකාන් පරිවර්තනය - අශාන්ති - හාරූන් ඉස්මාඊල්

පිටු අංක:close

external-link copy
101 : 3

وَكَيۡفَ تَكۡفُرُونَ وَأَنتُمۡ تُتۡلَىٰ عَلَيۡكُمۡ ءَايَٰتُ ٱللَّهِ وَفِيكُمۡ رَسُولُهُۥۗ وَمَن يَعۡتَصِم بِٱللَّهِ فَقَدۡ هُدِيَ إِلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ

Na εbεyε dεn na moakͻyε (Kaafir) boniayεfoͻ wͻ aberε a mo na yεkenkan Nyankopͻn Nsεm no kyerε mo, na momu nso na Nyankopͻn Somafoͻ (Muhammad) wͻ? Obi a ͻbεsͻ Nyankopͻn mu yie no, ampa sε w’anya kwan kyerε a εkͻ (Nyankopͻn) kwan tenenee no soͻ. info
التفاسير:

external-link copy
102 : 3

يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱتَّقُواْ ٱللَّهَ حَقَّ تُقَاتِهِۦ وَلَا تَمُوتُنَّ إِلَّا وَأَنتُم مُّسۡلِمُونَ

Mo a moagye adie, monsuro Nyankopͻn sεdeε Ɔfata sε yesuro no kͻpem biara; na monhwε yie na moanwu gyesε moyε Muslimifoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
103 : 3

وَٱعۡتَصِمُواْ بِحَبۡلِ ٱللَّهِ جَمِيعٗا وَلَا تَفَرَّقُواْۚ وَٱذۡكُرُواْ نِعۡمَتَ ٱللَّهِ عَلَيۡكُمۡ إِذۡ كُنتُمۡ أَعۡدَآءٗ فَأَلَّفَ بَيۡنَ قُلُوبِكُمۡ فَأَصۡبَحۡتُم بِنِعۡمَتِهِۦٓ إِخۡوَٰنٗا وَكُنتُمۡ عَلَىٰ شَفَا حُفۡرَةٖ مِّنَ ٱلنَّارِ فَأَنقَذَكُم مِّنۡهَاۗ كَذَٰلِكَ يُبَيِّنُ ٱللَّهُ لَكُمۡ ءَايَٰتِهِۦ لَعَلَّكُمۡ تَهۡتَدُونَ

Monkuta Nyankopͻn ahoma (anaasε nesom no ne emu mmra ne ahyεdeε) no nyinaa mu yie, na monhwε na momu ampaepae; na monkae Nyankopͻn adom a Ɔde adom mo wͻ εberε a na anka moyε atamfoͻ εna Ɔkaa mo akoma bͻͻ mu wͻ ͻdͻ mu, εna n’adom mu no mobεyεε anuanom; na anka mowͻ Amanehunu gya amena no ano, εna Oyii mo firii ho. Saa ara na Nyankopͻn kyerεkyerε Nensεm no mu de kyerε mo sεdeε mobenya kwan kyerε. info
التفاسير:

external-link copy
104 : 3

وَلۡتَكُن مِّنكُمۡ أُمَّةٞ يَدۡعُونَ إِلَى ٱلۡخَيۡرِ وَيَأۡمُرُونَ بِٱلۡمَعۡرُوفِ وَيَنۡهَوۡنَ عَنِ ٱلۡمُنكَرِۚ وَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُفۡلِحُونَ

Ԑsεsε yenya fekuo bi firi momu a, wͻ'bεfrε (amanfoͻ) akͻ papa no mu na w’ahyε (wͻn) ama wͻn ayε deε εyε, na wͻ’abra (amanfoͻ) ama wͻ’atwe wͻn ho afri amumuyε ho. Saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no. info
التفاسير:

external-link copy
105 : 3

وَلَا تَكُونُواْ كَٱلَّذِينَ تَفَرَّقُواْ وَٱخۡتَلَفُواْ مِنۢ بَعۡدِ مَا جَآءَهُمُ ٱلۡبَيِّنَٰتُۚ وَأُوْلَٰٓئِكَ لَهُمۡ عَذَابٌ عَظِيمٞ

Monhwε na moankͻ yε sε wͻn a akyire yi a wͻ’nsa kaa nkyerεkyerεmu ne nyinasoͻ pefee no na wͻn ntεm paepaeε na nkyinnyeԑ baa wͻntԑm no; saa nkorͻfoͻ no wͻ asotwee kεseɛ paa. info
التفاسير:

external-link copy
106 : 3

يَوۡمَ تَبۡيَضُّ وُجُوهٞ وَتَسۡوَدُّ وُجُوهٞۚ فَأَمَّا ٱلَّذِينَ ٱسۡوَدَّتۡ وُجُوهُهُمۡ أَكَفَرۡتُم بَعۡدَ إِيمَٰنِكُمۡ فَذُوقُواْ ٱلۡعَذَابَ بِمَا كُنتُمۡ تَكۡفُرُونَ

Ɛda no a (ebinom) anim bεyε fitaa na (ebinom) nso anim bεyε tumm no; (yεbεka akyerε) wͻn a wͻn anim tumm no sε: “Mogyidie akyi no mopoo nokorε no. Enti monka asotwee no nhwε, εnam nokorε a mopoeε no ho nti.” info
التفاسير:

external-link copy
107 : 3

وَأَمَّا ٱلَّذِينَ ٱبۡيَضَّتۡ وُجُوهُهُمۡ فَفِي رَحۡمَةِ ٱللَّهِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ

Wͻn nso a wͻn anim (ahyerεn) fitaa no deɛ, wɔ’bεkͻ Nyankopͻn Ahummͻborͻ no mu. Na emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ. info
التفاسير:

external-link copy
108 : 3

تِلۡكَ ءَايَٰتُ ٱللَّهِ نَتۡلُوهَا عَلَيۡكَ بِٱلۡحَقِّۗ وَمَا ٱللَّهُ يُرِيدُ ظُلۡمٗا لِّلۡعَٰلَمِينَ

Woi yε Nyankopͻn Nsεm a Yεde nokorɛ no na ɛrekenkan kyerε woͻ. Nyankopͻn deε Ɔmpε bͻne mma abͻdeε no. info
التفاسير: