Tradução dos significados do Nobre Qur’an. - Tradução Akan - Ashanti - Harun Ismail

Número de página:close

external-link copy
44 : 25

أَمۡ تَحۡسَبُ أَنَّ أَكۡثَرَهُمۡ يَسۡمَعُونَ أَوۡ يَعۡقِلُونَۚ إِنۡ هُمۡ إِلَّا كَٱلۡأَنۡعَٰمِ بَلۡ هُمۡ أَضَلُّ سَبِيلًا

Anaa wodwen sε wͻn mu dodoͻ no tie, anaasε wͻte (deε woka kyerε wͻn no) ase? Wͻtesε ayεmmoa, daabi, wͻn ayera afiri kwan (tenenee) no so. info
التفاسير:

external-link copy
45 : 25

أَلَمۡ تَرَ إِلَىٰ رَبِّكَ كَيۡفَ مَدَّ ٱلظِّلَّ وَلَوۡ شَآءَ لَجَعَلَهُۥ سَاكِنٗا ثُمَّ جَعَلۡنَا ٱلشَّمۡسَ عَلَيۡهِ دَلِيلٗا

Wonhunuu sεdeε wo Wura Nyankopͻn si fa twe sunsum mu. Sε Ɔpε a anka Ɔbεma no agyina faako. Nanso Yεde awia ayε kwankyerε (anaa nyinasoͻ) ama no. info
التفاسير:

external-link copy
46 : 25

ثُمَّ قَبَضۡنَٰهُ إِلَيۡنَا قَبۡضٗا يَسِيرٗا

Afei na Yɛatwe no nkakra-nkakra de aba Yεn hͻ. info
التفاسير:

external-link copy
47 : 25

وَهُوَ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلَّيۡلَ لِبَاسٗا وَٱلنَّوۡمَ سُبَاتٗا وَجَعَلَ ٱلنَّهَارَ نُشُورٗا

Ɔno na Wayε anadwo akatasoͻ ama mo, εna (Wayε) nna nso ahomegyeε, εna Wayε adekyeε nso a (mode) sͻreε (tesε deε obi asͻre afiri owuo mu). info
التفاسير:

external-link copy
48 : 25

وَهُوَ ٱلَّذِيٓ أَرۡسَلَ ٱلرِّيَٰحَ بُشۡرَۢا بَيۡنَ يَدَيۡ رَحۡمَتِهِۦۚ وَأَنزَلۡنَا مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ طَهُورٗا

Ɔno na Ɔsoma mframa sε anigyesεm de di N’ahummͻborͻ no (a εne nsutͻ) no anim kan, εna Osiane nsuo a εho teε fri soro, - info
التفاسير:

external-link copy
49 : 25

لِّنُحۡـِۧيَ بِهِۦ بَلۡدَةٗ مَّيۡتٗا وَنُسۡقِيَهُۥ مِمَّا خَلَقۡنَآ أَنۡعَٰمٗا وَأَنَاسِيَّ كَثِيرٗا

De nyane asaase a awuo, εna Yεde ma ayεmmoa a Yɛabͻ, ne nnipa pii ma wͻnom. info
التفاسير:

external-link copy
50 : 25

وَلَقَدۡ صَرَّفۡنَٰهُ بَيۡنَهُمۡ لِيَذَّكَّرُواْ فَأَبَىٰٓ أَكۡثَرُ ٱلنَّاسِ إِلَّا كُفُورٗا

Ampa sԑ Yɛakᴐ so akyerԑkyerԑ (Nsԑm no) mu yie akyerԑ wᴐn sԑdeԑ wᴐbԑkaekaeԑ anaa wᴐde bɛtu wᴐn ho foᴐ, nanso nnipa pii mpԑ (Nokorԑ no) na mmom wᴐkᴐ so yi boniayԑ. info
التفاسير:

external-link copy
51 : 25

وَلَوۡ شِئۡنَا لَبَعَثۡنَا فِي كُلِّ قَرۡيَةٖ نَّذِيرٗا

Sε Yεpε a, anka Yεbεsoma kͻkͻbͻni wͻ kuro biara so. info
التفاسير:

external-link copy
52 : 25

فَلَا تُطِعِ ٱلۡكَٰفِرِينَ وَجَٰهِدۡهُم بِهِۦ جِهَادٗا كَبِيرٗا

Enti (Nkͻmhyεni), entie (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no, na fa (Qur’aan no) kotia wͻn nko dene mu paa. info
التفاسير:

external-link copy
53 : 25

۞ وَهُوَ ٱلَّذِي مَرَجَ ٱلۡبَحۡرَيۡنِ هَٰذَا عَذۡبٞ فُرَاتٞ وَهَٰذَا مِلۡحٌ أُجَاجٞ وَجَعَلَ بَيۡنَهُمَا بَرۡزَخٗا وَحِجۡرٗا مَّحۡجُورٗا

Ɔno na Wama ͻpo mmienu no kwan ma no tenee; woi yε dε, dεdεεdε, εna woi nso yε nkyenekyene εyε nyono, εna Wayε εhyeε ne akwansideε ato ne mmienu ntεm. info
التفاسير:

external-link copy
54 : 25

وَهُوَ ٱلَّذِي خَلَقَ مِنَ ٱلۡمَآءِ بَشَرٗا فَجَعَلَهُۥ نَسَبٗا وَصِهۡرٗاۗ وَكَانَ رَبُّكَ قَدِيرٗا

Ɔno na Ɔbͻͻ onipa fri nsuo mu, εna Wayε mogya-abusua ne awadeε-abusua ama no. Wo Wura Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε. info
التفاسير:

external-link copy
55 : 25

وَيَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ مَا لَا يَنفَعُهُمۡ وَلَا يَضُرُّهُمۡۗ وَكَانَ ٱلۡكَافِرُ عَلَىٰ رَبِّهِۦ ظَهِيرٗا

Wͻn afri Nyankopͻn akyi som deε entumi mma wͻn mfasoͻ anaa ͻhaw biara. Boniayεni no deε ͻtaa (bͻne anaa ͻbonsam) akyi kotia ne Wura Nyankopͻn. info
التفاسير: