Tradução dos significados do Nobre Qur’an. - Tradução Akan - Ashanti - Harun Ismail

Número de página:close

external-link copy
15 : 16

وَأَلۡقَىٰ فِي ٱلۡأَرۡضِ رَوَٰسِيَ أَن تَمِيدَ بِكُمۡ وَأَنۡهَٰرٗا وَسُبُلٗا لَّعَلَّكُمۡ تَهۡتَدُونَ

Ɛna Ɔde mmepͻ asisi asaase no so pintinn sεdeε εmma no nnwoso mo, εna (Wayε) nsubͻnten ne akwan sεdeε mobɛnya kwan kyerε. info
التفاسير:

external-link copy
16 : 16

وَعَلَٰمَٰتٖۚ وَبِٱلنَّجۡمِ هُمۡ يَهۡتَدُونَ

Ɛna (Wayε) nsohyεdeε, (wͻ asaase so), εna (Wayε) nsoromma a wͻde hunu kwan. info
التفاسير:

external-link copy
17 : 16

أَفَمَن يَخۡلُقُ كَمَن لَّا يَخۡلُقُۚ أَفَلَا تَذَكَّرُونَ

Enti Nea Ɔbͻͻ adeε no, obia ͻmmͻͻ (hwee) ne no na εsε? Adεn monkaekae? info
التفاسير:

external-link copy
18 : 16

وَإِن تَعُدُّواْ نِعۡمَةَ ٱللَّهِ لَا تُحۡصُوهَآۗ إِنَّ ٱللَّهَ لَغَفُورٞ رَّحِيمٞ

Sε mokan Nyankopͻn adom a monhunu ano. Nokorε sε, Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene. info
التفاسير:

external-link copy
19 : 16

وَٱللَّهُ يَعۡلَمُ مَا تُسِرُّونَ وَمَا تُعۡلِنُونَ

Onyankopͻn Nim deε mode suma ne deε moda no adie (nyinaa). info
التفاسير:

external-link copy
20 : 16

وَٱلَّذِينَ يَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ لَا يَخۡلُقُونَ شَيۡـٔٗا وَهُمۡ يُخۡلَقُونَ

Wͻn a wͻfiri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no ntumi mmͻ hwee, na wͻn ara nso yεbͻͻ wͻn. info
التفاسير:

external-link copy
21 : 16

أَمۡوَٰتٌ غَيۡرُ أَحۡيَآءٖۖ وَمَا يَشۡعُرُونَ أَيَّانَ يُبۡعَثُونَ

(Wͻyε) awufoͻ, wͻnte ase, na wͻnnim εberε korͻ a yɛbɛnyane wͻn (afiri awufuͻ mu). info
التفاسير:

external-link copy
22 : 16

إِلَٰهُكُمۡ إِلَٰهٞ وَٰحِدٞۚ فَٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِٱلۡأٓخِرَةِ قُلُوبُهُم مُّنكِرَةٞ وَهُم مُّسۡتَكۡبِرُونَ

Mo Nyankopͻn no yε Awurade baako. Wͻn a wͻnnye Daakye no nnie no, wͻn akoma kyiri (sε wͻbεte sε Nyankopͻn yε baako), na wͻyε ahomasoͻ. info
التفاسير:

external-link copy
23 : 16

لَا جَرَمَ أَنَّ ٱللَّهَ يَعۡلَمُ مَا يُسِرُّونَ وَمَا يُعۡلِنُونَۚ إِنَّهُۥ لَا يُحِبُّ ٱلۡمُسۡتَكۡبِرِينَ

Akyinnyeε biara nni ho sε Onyankopͻn Nim deε wͻde suma ne deε wͻda no adie (nyinaa). Nokorε sε, Ɔmpε wͻn a wͻyε ahomasoͻ no asεm. info
التفاسير:

external-link copy
24 : 16

وَإِذَا قِيلَ لَهُم مَّاذَآ أَنزَلَ رَبُّكُمۡ قَالُوٓاْ أَسَٰطِيرُ ٱلۡأَوَّلِينَ

Sε yεka kyerε wͻn sε: ”Ɛdeεn na mo Wura Nyankopͻn asane (ama Nkͻmhyεni)?” Deε wͻka ne sε: “Tetefoͻ no anansesεm “. info
التفاسير:

external-link copy
25 : 16

لِيَحۡمِلُوٓاْ أَوۡزَارَهُمۡ كَامِلَةٗ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ وَمِنۡ أَوۡزَارِ ٱلَّذِينَ يُضِلُّونَهُم بِغَيۡرِ عِلۡمٍۗ أَلَا سَآءَ مَا يَزِرُونَ

Wͻbεsoa wͻn adesoa no pεpεεpε wͻ Wusͻreε Da no, na εno akyiri no wͻn asan asoa wͻn a wͻyeraa wͻn no a nimdeε biara nni mu no nso adesoa. Nokorε sε, adesoa bͻne paa na wͻbεsoa no. info
التفاسير:

external-link copy
26 : 16

قَدۡ مَكَرَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ فَأَتَى ٱللَّهُ بُنۡيَٰنَهُم مِّنَ ٱلۡقَوَاعِدِ فَخَرَّ عَلَيۡهِمُ ٱلسَّقۡفُ مِن فَوۡقِهِمۡ وَأَتَىٰهُمُ ٱلۡعَذَابُ مِنۡ حَيۡثُ لَا يَشۡعُرُونَ

Ampa sε, wͻn a wͻdii wͻn anim kan no pam (apam bͻne tiaa wͻn asomafoͻ no), nanso Onyankopͻn firi wͻn dan no fapem no ase dwiri guiɛ maa εdan no mmͻsoͻ no firi soro beguu wͻn so; asotwee no firi faako a wͻnnim baa wͻn so. info
التفاسير: