د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اکاني ژباړه - اشانتي - هارون اسماعیل

د مخ نمبر:close

external-link copy
46 : 3

وَيُكَلِّمُ ٱلنَّاسَ فِي ٱلۡمَهۡدِ وَكَهۡلٗا وَمِنَ ٱلصَّٰلِحِينَ

Ͻbεkasa akyerε nnipa wͻ εberε a ͻda tanaa mu, (anaasε ͻyε abͻfra), ne εberε a ͻbεyε panin, na ͻbεka apapafoͻ no ho. info
التفاسير:

external-link copy
47 : 3

قَالَتۡ رَبِّ أَنَّىٰ يَكُونُ لِي وَلَدٞ وَلَمۡ يَمۡسَسۡنِي بَشَرٞۖ قَالَ كَذَٰلِكِ ٱللَّهُ يَخۡلُقُ مَا يَشَآءُۚ إِذَا قَضَىٰٓ أَمۡرٗا فَإِنَّمَا يَقُولُ لَهُۥ كُن فَيَكُونُ

(Mar’yam) kaa sε: “Awurade, εbεyε dεn na manya ba wͻ aberε a ͻbarima mfaa neho nkaa me? ” Ɔkaa sε: “Saa ara na Nyankopͻn bͻ deε Ɔpε. Sε Ɔreyε biribi a deε Ɔka kyerε (adekodeε) no ara ne sε: “Yε!” Na ayε. info
التفاسير:

external-link copy
48 : 3

وَيُعَلِّمُهُ ٱلۡكِتَٰبَ وَٱلۡحِكۡمَةَ وَٱلتَّوۡرَىٰةَ وَٱلۡإِنجِيلَ

(Onyankopͻn) bεkyerε no Nwoma no ne Adwen no, ne Tora ne Injeel. info
التفاسير:

external-link copy
49 : 3

وَرَسُولًا إِلَىٰ بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ أَنِّي قَدۡ جِئۡتُكُم بِـَٔايَةٖ مِّن رَّبِّكُمۡ أَنِّيٓ أَخۡلُقُ لَكُم مِّنَ ٱلطِّينِ كَهَيۡـَٔةِ ٱلطَّيۡرِ فَأَنفُخُ فِيهِ فَيَكُونُ طَيۡرَۢا بِإِذۡنِ ٱللَّهِۖ وَأُبۡرِئُ ٱلۡأَكۡمَهَ وَٱلۡأَبۡرَصَ وَأُحۡيِ ٱلۡمَوۡتَىٰ بِإِذۡنِ ٱللَّهِۖ وَأُنَبِّئُكُم بِمَا تَأۡكُلُونَ وَمَا تَدَّخِرُونَ فِي بُيُوتِكُمۡۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗ لَّكُمۡ إِن كُنتُم مُّؤۡمِنِينَ

Na (Ɔbɛyε no) Ɔsomafoͻ akͻ Israel mma no nkyεn sε: “Nokorε, mede nsεnkyerεnee firi mo Wura Nyankopͻn hͻ abrε mo; mede nεteε bεyε (biribi) tesε anomaa sεso na mahome agu ne mu ama no ayε anomaa wͻ Nyankopͻn akwamma mu ama mo, na masa anifirafoͻ ne akwatafoͻ yadeε, na manyane owufoͻ wͻ Onyankopͻn akwamma mu, na maka deε modie ne deε mode sie wͻ moafie mu akyerε mo. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema mo, sε moyε agyidiefoͻ ampa a. info
التفاسير:

external-link copy
50 : 3

وَمُصَدِّقٗا لِّمَا بَيۡنَ يَدَيَّ مِنَ ٱلتَّوۡرَىٰةِ وَلِأُحِلَّ لَكُم بَعۡضَ ٱلَّذِي حُرِّمَ عَلَيۡكُمۡۚ وَجِئۡتُكُم بِـَٔايَةٖ مِّن رَّبِّكُمۡ فَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ وَأَطِيعُونِ

Na merebεhyε Tora a edii m’anim kan no mma, na (nneεma bi a) yabra mo (na εnyε nokorε) no nso m’ama mo ho kwan. Mede nsεnkyerεnee nso fri mo Wura Nyankopͻn hͻ abrε mo; enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie ma me. info
التفاسير:

external-link copy
51 : 3

إِنَّ ٱللَّهَ رَبِّي وَرَبُّكُمۡ فَٱعۡبُدُوهُۚ هَٰذَا صِرَٰطٞ مُّسۡتَقِيمٞ

Nokorε sε, me Wura ne Nyankopͻn, εna monso mo Wura ne no, enti monsom no; woi ne ͻkwantenenee no”. info
التفاسير:

external-link copy
52 : 3

۞ فَلَمَّآ أَحَسَّ عِيسَىٰ مِنۡهُمُ ٱلۡكُفۡرَ قَالَ مَنۡ أَنصَارِيٓ إِلَى ٱللَّهِۖ قَالَ ٱلۡحَوَارِيُّونَ نَحۡنُ أَنصَارُ ٱللَّهِ ءَامَنَّا بِٱللَّهِ وَٱشۡهَدۡ بِأَنَّا مُسۡلِمُونَ

Ɛberε a Yesu nyaa atenka bi wͻ (Yudafoͻ no mu) sε wͻ’nnye nnie no, ͻkaa sε: “Hwan na ͻbεyε me boafoͻ wͻ Nyankopͻn (kwan no soͻ)?” Asuafoͻ no kaa sε: “Yεne Nyankopͻn aboafoͻ, y’agye Nyankopͻn adi, enti di ho adanseε (ma yεn) sε nokorε, yε’yε Muslimifoͻ.” info
التفاسير: